• Twi
  • Fante
01:05:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Amammerɛ

Akanfoɔ agorɔ ahodoɔ 11 binom

Agorɔ ahodoɔ a na Akanfoɔ di no tete no

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
10/29/2022
wɔ Amammerɛ
1 0
0
Akanfoɔ agorɔ ahodoɔ 11 binom
0
SHARES
3.2k
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Akanfoɔ abrabɔ, wɔn nyamesom ne wɔn amammerɛ ne amanneɛ nyinaa akyi no, adeɛ baako nso a na wɔntoto no ase koraa ne agodie. Ɛsiane sɛdeɛ na Akanfoɔ ani ku wɔn agorɔ ahodoɔ ho nti, wɔhyɛɛda hyehyɛɛ kasabɛbuo a ɛdidi soɔ faa agodie ho.

Agorɔ reyɛ dɛ no, na adeɛ resa akwantufoɔ. Ɔkwasea ani te a, na agorɔ agu. Agorɔ bɛsɔ a ɛfiri anɔpa. Agorɔ ansɔ a, ɛgu. Agorɔ, yɛgoro no atipɛn. Agorɔ a ɛyɛ dɛ, yɛnko wɔ aseɛ. Agorɔ a ɛreba wo ni ne wo se fie no, yɛmpere ntɛm nkɔhwɛ. Agohia sene hia pa. Ago pa tua ne ho ka. Agohunu nkyiri mɛsa bi. Agorɔ mfitiaseɛ nyɛ aniberɛ, ne pii a ɛkeka ho.

Kasabɛbuo yinom nyinaa di adanseɛ sɛ, Akanfoɔ ntoto wɔ agodie ase koraa. Yei nti ɛnnɛ, yɛrebɛhwɛ agorɔ ahodoɔ 11 binom a na Akanfoɔ di no tete no. Saa agorɔ yinom na ɛdidi soɔ yi:

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

1. Anansesɛm: Ɛyɛ agorɔ a na mpanimfoɔ ne mmɔfra nyinaa tumi di, na na wɔtaa di saa agorɔ yi anwummerɛ a bosome apue anaa hann adwa.

2. Ɔware: Yei nso na wɔdi no awia. Mmarima ne mmaa, mpanimfoɔ ne mmɔfra nyinaa tumi di agorɔ yi bi. Adehyeɛ titire pa ara na na wɔdi saa gorɔ yi.

3. Ampe: Saa agorɔ yi deɛ, na ɛyɛ mmaa titire pa ara na na wɔdi, na na wɔdi no anɔpa-wia anaa awia. Agodie yi mu no, agofomma no hurihuri bɔ wɔn nsam toto wɔ nan.

4. Asɔ: Agorɔ yi nso, ɛyɛ mmaa nko ara na na wɔdi. Wɔtwa konkasini a, na wɔahurihuri wɔn mu baako de ɔbarima a onipa a wɔrehurihuri no no pɛ n’asɛm pa ara din asaesae dwom ama no. Ɛtɔ a, na mmarima yi hyɛda kɔgyinagyina hɔ twɛn sɛ wɔn adɔfoɔ de wɔn din bɛsae dwom. Ɛba saa a, na ɔbarima korɔ no tiri ayɛ kotoo.

5. Antoakyire: Antoakyire yɛ Akanfoɔ agorɔ titire baako pa ara. Ɛyɛ agorɔ a mmaa ne mmarima nyinaa tumi di. Ɔkwan a wɔfa so di saa agorɔ yi ne sɛ, agofomma no nyinaa kotokoto hɔ twa konka. Afei, wɔn mu baako fa ntomago bi a wɔabɔ no pɔ tu mmirika twa konka a wɔatwa no ho hyia. Ɔretu mmirika no nyinaa, na ɔrepɛ baabi de ntomago no ato wɔ wɔn mu baako akyi. Sɛ ɔde to obi akyi na onipa no ahunu na ɔkɔbɛto no a, ɔsisi ne mu ma ɔno nso fa ntomago no twa konka no ho hyia pɛ obi foforɔ de to n’akyi saa ara. Wɔredi agorɔ nyinaa, na nnwom ne nsambɔ nam mu. Agorɔ yi mu dwom ne, “Antoakyire, yeeyeeye, obi reba o, yeeyeeye, …” Saa agorɔ yi ho mfasoɔ baako ne sɛ, ɛboa ma wɔyɛ ahwɛyie.

6. Abosie: Yei nso yɛ agorɔ a na Akanfoɔ di no tete no pa ara. Saa agorɔ yi deɛ, na ɛyɛ mmɔfra titire pa ara na na wɔdi, na na mmaa ne mmarima nyinaa tumi di bi. Agorɔ yi mu no, agofomma no nyinaa kotokoto hɔ, twa konka a wɔn mu biara kuta ɛboɔ kumaa bi wɔ ne nsam. Afei, wɔde dwom gyina mu piapia aboɔ no sɛdeɛ wɔatwa konka no ara pɛ. sɛ obi antumi amfa ne boɔ no ntɛm na wɔde foforɔ bɛka ho ma no yɛ mmienu wɔ n’anim a, na wɔayi no afiri mu. Wɔyiyi wɔn saa ara kɔpem sɛ ɛbɛka wɔn mu baanu ama wɔapere deɛ ɔbɛdi kan. Saa agorɔ yi mu dwom baako ne “Sansankorɔma, ne ni awu o, ɔkyekye nkokɔ mma …”

7. Abahyɛ: Ɛyɛ tete agorɔ a na mmaa ne mmarima nyinaa tumi di. Wɔma mmɔfra tena ase sam wɔn nan ma obi de aba hyehyɛ wɔn ntaadeɛ mu. Afei sɛ ɔwie a, na ɔfoforɔ nso abɔ ne tirim ayi mmɔfra no mu baako a ɔsusu sɛ ɔno na aba no hyɛ ne ho. Sɛ ɔtumi hunu aba no a, na ɔno nso agye ahyehyɛ no foforɔ ama baako a ɔne no repere no nso abɔ ne tirim aka. Ɛyɛ agorɔ a na ɛyɛ anika pa ara. Agorɔ yi mu dwom ne “Pempenaa, Nanaa! See, see, see, see dada koo…” Na wɔtaa di saa gorɔ yi awia.

8.  Abisaa/Agya rekɔ: Yei nso yɛ agorɔ a na wɔnwene nsɛm bi de ne mmuaeɛ suma. Ɛyɛ asɛmmisa a ne mmuaeɛ hia nnweneho pa ara. Mpanimfoɔ ne mmɔfra nyinaa tumi di saa agorɔ yi, na wɔtumi di no berɛ biara nso. Abisaa anaa Agya rekɔ ho nhwɛsoɔ baako ne; “Agya rekɔ no, ɔgyaa me adeɛ bi, saa adeɛ no, ɛno a ɛnyɛ dɛ ɛnna ɛno nso a ɛnyɛ nwono, nanso ɛka wo nsa a na woretafere. Ɛyɛ deɛn?” Sɛ ɔkasafoɔ no bisa no sei a, na atiefoɔ no adwene no ama no mmuaeɛ. Wonim asɛm yi ho mmuaeɛ anaa? Sɛ wonim a, ayikoo. Sɛ wonnim nso a, nneɛ adekorɔ no yɛ ogya.

9. Ntɛsie: Akanfoɔ agorɔ no mu baako ne ntɛsie. Ɛyɛ agorɔ a mmarima pa ara na na wɔtaa di. Wɔyɛ biribi te sɛ apa ketewa bi wɔ fam, na wɔatwane ntɛ asisi so. Sɛ w’atɛ tumi bɔ obi deɛ firi apa no so to fam a, na woafa atɛ a wo deɛ no bɔ too fam no. Wɔyɛ no saa ara kɔpem sɛ ɔbaakofoɔ bɛnya ntɛ no nyinaa.

10. Asiesie: Yei nso yɛ agorɔ a mmaa ne mmarima nyinaa tumi di, na wɔdi no anwummerɛ, berɛ a anim abiribi kakra no. Deɛ wɔyɛ ne sɛ, wɔn nyinaa kɔpɛ baabi hyɛ ma ɔbaakofoɔ bɛkyini hwehwɛ wɔn. Onipa a ɔrehwehwɛ wɔn no kuta ntomago bi wɔ ne nsam nti sɛ ɔhunu wo a, na ɔde ntomago no abɔ wo ama wo nso woafa abɛsi n’anan mu akyini ahwehwɛ wɔ nyinaa. Adeɛ baako a na ɛma mmɔfra ani gye saa agorɔ yi ho ne sɛ, ɔbaa ne ɔbarima bi tumi kɔhyɛ faako. Ɛba no saa nso deɛ a, na ɔbarima korɔ no atwa fufuo ama no atɔ nkwan mu!

11. Amuamuani: Mmaa ne mmarima nyinaa tumi di saa agorɔ yi. Wɔtumi di no awia ne anwummerɛ nyinaa. Ɔkwan a wɔfa so di agorɔ yi ne sɛ, wɔde ntoma kyekyere wɔn mu baako ani a, na wɔatwetwe no abobɔ no. Wɔretwetwe no bobɔ no nyinaa na ɔno nso repɛ wɔn mu baako asɔ ne mu. Ɔtumi bɔ mmɔden sɔ wɔn mu baako mu a, na wɔasane n’ani de ntomago no akyekyere onipa  a ɔsɔɔ ne mu no ani ama wɔatwetwe no abobɔ no saa ara kɔpem sɛ ɔno nso bɛsɔ obi foforɔ mu.

Yeinom nyinaa yɛ agorɔ binom a tete no, na ɛboa ma asetena yɛ dɛ pa ara. Anigyeɛ a na wɔnya firi agorɔ yinom mu no da nkyɛn a, na ɛboa ma wɔn adwene mu bue, na na ɛmu binom nso tumi yɛ afotuo ne kasakyerɛ ma wɔn, titire ne anansesɛm.

Yɛdi adwene dɛ akyi a, yɛbɛhwe asuo Frao nti, mede wo bɛsi ha na yɛatoa adesua no so berɛ foforɔ.

Tags: Culture of AshantisJoseph AboagyeKumasi peopleTraditional games
Deɛ atwam

Ɔmampanin Akuffo Addo de n’anodisɛm bɛto dwa Kwasiada wɔ ne man mma anim fa pamo a wɔn mu binom pɛ sɛ ɔpamo Ofori-Atta no ho.

Deɛ ɛdi hɔ

Momma yɛmma yɛn ani nye nneɛma a wɔyɛ no wɔ Ghanaman mu no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛkanyan sidi no-

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Awaregyaeε mu hyireguo mu nneyεeε nnum binom mu mu mpεnsεmpεnsεmumu asukᴐ dᴐ
Adesua

Awaregyaeε mu hyireguo mu nneyεeε nnum binom mu mu mpεnsεmpεnsεmumu asukᴐ dᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
07/26/2023
Ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛko ma Abibirem kasa ahoroɔ no – Brady ne Kaitlyn, ahɔhoɔ a wɔsene ɔmani
Adesua

Ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛko ma Abibirem kasa ahoroɔ no – Brady ne Kaitlyn, ahɔhoɔ a wɔsene ɔmani

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/19/2023
So, na awaregyaeε yε mmrε kane no sε εnnε yi?
Adesua

So, na awaregyaeε yε mmrε kane no sε εnnε yi?

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
07/18/2023
Deɛ asɛmfua “Zion” a Asantehene rekasa a n’Akyeame ka no kyerɛ.
Adesua

Deɛ asɛmfua “Zion” a Asantehene rekasa a n’Akyeame ka no kyerɛ.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/17/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Momma yɛmma yɛn ani nye nneɛma a wɔyɛ no wɔ Ghanaman mu no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛkanyan sidi no-

Momma yɛmma yɛn ani nye nneɛma a wɔyɛ no wɔ Ghanaman mu no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛkanyan sidi no-

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?