• Twi
  • Fante
01:05:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

Stayplain dwumadie

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/25/2023
wɔ Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
0 0
0
Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.
0
SHARES
368
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Israel abrabɔ ne n’adwene kεseε a εnam so ama watumi de Stayplain Social Media App abεtɔ dwa no yε nkuranhyεsεm ma mmabunu nyinaa, ne titire ne Ghana mmabunu.

Israel Acheampong yε Ghanani a ɔfiri Adansi Medoma a εwɔ Asante Mantam mu. Ͻfirii ne sukuu ase wɔ Meduma R/C Primary School, εno akyi no ɔtoaa so kɔɔ Meduma D/A Nteteε Sukuu. N’adesua no anso hɔ ara, ɔkɔɔ ne Ntoasoɔ sukuu wɔ “Seventh-Day Adventist Secondary School” a dodoɔ no ara nim no sε SDASS, na ɔwiee wɔ hɔ afe 2014.

Israel Acheampong a ɔyɛɛ Stayplain no

Deε na Israel awofoɔ, Owura K. Assiamah ne H. Donkor a wɔyε akuafoɔ no hwehwε afiri wɔn ba yi hɔ pa ara ne sε anka ɔbεnyini na wabεyε sika ho dwumayεni a yεka no borɔfo mu sε “accountant” anaa ɔsɔfoɔ, nanso na botaeε foforɔ koraa na εsi Isreal ani so. Na ne pε pa ara ne sε ɔbεyε abεεfo mfidie ho adwuma, mmom εnam pε a na ɔpε sε ɔyε n’awofoɔ akoma so adeε ma wɔn nti, Israel toaa n’adesua so wɔ “University for Development Studies” a dodoɔ no ara nim no sε UDS. N’adesua mu wɔ UDS hɔ no na ɔdenyaa Bachelor of Science in Accounting ho abɔdin.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Mmerε a ɔda so ara yε osuani wɔ UDS Wa campus, gyinaberε baako no na ɔnyaa Stayplain ho daeεso. Ne mfεfoɔ ne nnamfoɔ bebree dii ne daeso yi ho fεw na wɔammu no ade pa biara, nanso Israel amma n’abam ammu, ɔkɔɔ so maa ne mpaeε mu yεε den, wanhinhim, na ɔyεε ne daeso no ho adwumaden nso.

Wɔpaa Stayplain ho ntoma wɔ Ɔpɛnimaa da a ɛtɔ so du mmienu, afe 2021 mu.

Anigyesεm ne sε abammuo no nyinaa akyi Israel brε anyε kwa. Ͻpεnimaa da a εtɔ so du mmienu wɔ afe 2021 mu no, wɔpaa Stayplain App ho ntoma wɔ Kumasi maa wiase nyinaa hunuiε. Edin Stayplain a εda so no kura nteaseε kεseε bi a εsom bo yie ma Israel. Ne nkyerεaseε ara ne abrɔfo nsεmfua “Stay” ne “Plain”a yεka mmienu yi bɔm a εkyerε sε gyina pintinn. Wei yε nsεm a na Israel ka kyerε ne ho berε a na nnamfoɔ retweetwee no no, sε ɔbεbɔ ne ho mmɔden ayε adwumaden wɔ atweetwee no nyinaa mu sεdeε ne daeεso bεba mu.

STAYPLAIN

Stayplain app

Ahyεaseε no deε, na Stayplain dwuma a εdi ara ne sε εbεka nnipa a wɔwɔ wiase afanaa nyinaa abɔ mu wɔ nkitahodie kwan so, na wɔakyε adwene anaa ama kwan ama obiara tumi akyerε n’adwene. Mmom mmerε rekɔ anim no Israel de dwumadie ahodoɔ pii abεkeka ho seesei a εma no da nso firi “app” ahodoɔ ho.

1. Stayplain wɔ ne fa bi a yεtumi fa so de to nsa frε afoforɔ sε wɔmmεka yεn ho wɔ hɔ.

2. Afei εtumi hwε ma ankorεankorε bi hunu afoforɔ a wɔne ne nsusuiε anaa n’adwenekyerε bi yε pε ma wɔtumi hyε nkitahodie ase.

3. Stayplain sane wɔ fa bi a εma kwan ma obi tumi de nnwom a ɔpε anaa εyε ne dε to hɔ, bɔ ho dawuro anaa ɔtumi nso tie dwom a εyε no dε wɔ hɔ.

4. Ɛsane ma kwan ma obi tumi de mfoni anaa viidio bi to hɔ.

5. Stayplain ma kwan ma obiara tumi hyehyε nhyiamudie wɔ so, wei nti nkurɔfokuo bi tumi hyia wɔ hɔ dwennwene wɔn adwuma, apontoɔ, anaa adesua bi ho.

6. Ɛwɔ asεmmisa fa bi a εgye nsεmmisa ahodoɔ de ho mmuaeε to dwa. Ɛno nti osuani tumi kɔ hɔ bisa nsεm fa ne fie dwumadie bi ho ma Stayplain boa no wɔ εho anoyie mu.

7. Ɛsane wɔ nhwehwεmu fa bi a obi tumi kɔ hɔ kɔyε nhwehwεmu dwumadie bi wɔ hɔ.

8. Ɛwɔ ne fa bi a wɔfrε no ‘Yεnni dwa’ wɔ so a εma nnwumakuo ahodoɔ hunu wɔn ho ma wɔtumi di adwuma ho nkɔmmɔ, εsane ma kwan ma wɔn a wɔrepε adwuma no kyerε adwuma bi a wɔrepε, na εnam εno so nso ma wɔn a wɔrepε adwumayεfoɔ no nso tumi nya adwumayεfoɔ ma wɔn nnwuma.

Deɛ afoforɔ binom ka fa Stayplain ho.

9. Ɛsane ma kwan ma obi kasa de ne nsεm gu hɔ wɔ berε a εnhia sε ɔtwerε biribiara to hɔ.

10. Ɛnam εno nso so ma ɔmanfoɔ tumi yε nsiesie wɔ atwerε ahodoɔ a εwɔ hɔ dada mu, na εnam εno so ma wɔtumi da wɔn nimdeε adi. Saa ara nso na afoforɔ tumi de wɔn atwerε ahodoɔ to hɔ de da nimdeε bi a wɔwɔ adi.

11. Sεdeε Google tumi twa asase mfoni ma yεhunu beaeε bi a yεrekɔ kwan yie no, Stayplain nso tumi di saa dwuma no ara ma obi tumi hunu kwan bi a ɔnam so yie.

12. Deε εyε anigyesεm kεse wɔ ho ne sε, saa ‘app’ yi nhwehwε deta kεseε biara ansa na obi atumi abue adi ne dwuma bi wɔ hɔ. Deε wohia ara ne sε wobεnya deta 1 mεgabaete pε.

Seesei, Stayplain wɔ ‘Google Playstore’ anaa ‘Apple Store’ a obiara a ɔpε sε ɔnya bi wɔ ne foono so no bεtumi akɔ hɔ akɔtwe bi. Ghanafoɔ bebree ne nnipa binom a wɔwɔ aman afoforɔ so na agye Stayplain atom a εno nti wɔwowɔ bi wɔ wɔn foono so a wɔdi dwuma ahodoɔ wɔ hɔ. Ebinom da wɔn adom akyεdeε ahodoɔ adi sane yε nneεma afoforɔ wɔ hɔ.

Israel daeεso a na afoforɔ nim sε εrentumi mma mu da no, ɔnam adwumaden, mpaebɔ ne nkoden so ama no aba mu εnnε. N’abrabɔ yi yε nkuranhyε ma mmabunu nyinaa. Ɛmfa ho ne sεdeε nipa bεbu w’abam anaa wɔbεtweetwee wo afa biara no, kɔ so ara ma w’ani nsi wo daeεso anaa wo botaeε no so, na kae sε mpaebɔ, nkoden, animia ne ntɔkɔsoɔ wie nkonimdie.

Tags: abɛɛfo mfidieabɛɛfo mfidie so dwumadierobɔtoThread
Deɛ atwam

Abεεfo honin (Robᴐto) a εdi kan a εyε lᴐyani a εdi asεm???

Deɛ ɛdi hɔ

Akyiwadeɛ binom a akanfoɔ wɔ fa apemfoɔ ho

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so
Adesua

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/26/2023
Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no
Adesua

Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/28/2023
Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so
Adesua

Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/22/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.
Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
05/10/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Akyiwadeɛ binom a akanfoɔ wɔ fa apemfoɔ ho

Akyiwadeɛ binom a akanfoɔ wɔ fa apemfoɔ ho

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?