Akanfoɔ ka sɛ, ‘Ɔdehyeɛ anko a akoa dwane,’ nanso asɛm yi mu deɛ, ɛnte saa. Nimdeɛ a abu so ne nwomasua ama nnipa binom susu sɛ, aman foforɔ so amammerɛ a wɔsua no yɛ papa sene yɛn amammerɛ. Ɛno nti, wɔpɛ sɛ wɔde wɔn asetenam nneɛma nyinaa kyerɛ sɛ wɔn ani gyye aman foforɔ so kasa, wɔn ahosiesie ne wɔn nneyɛɛ binom ho sene yɛn amammerɛ a wɔde atwa yɛn funuma no.
Anwanwasɛm ne sɛ, Owura bi a wɔfrɛ no Brady Blackburn ne ne yere Owurayere Kaitlyn afiri wɔn man mu abɛbɔ wɔ sese wɔ Ghana ha. Wɔn atirimpɔ ne wɔn dwumadie ho yɛ biribi a ɛfata nkamfoɔ pa ara.
Awarefoɔ yi de nneɛma abɔ afɔreɛ reyɛ deɛ wɔbɛtumi biara sɛ wɔbɛko ama Ghana kasa no afa ne ntoma pa afura. Mprempren yi deɛ, wɔde Asante Twi na afiri aseɛ. Sɛdeɛ wɔde anigyeɛ reboa mmɔfra a wɔwɔ Asisiriwa ama wɔatumi asua Twi kasa no, ɛsɛ w’ani na ɛnsɛ wo ka kyerɛ.
Ɛsiane sɛ mpanimfoɔ se, kaakum yɛgye ni kwakuo anom nti, yɛde Owura Brady ne ne yere anom nsɛm bɛto dwa sɛdeɛ wɔmaa no daa adi berɛ a yɛtotoo wɔn ano no.
Atirimpɔ bɛn nti na moredi saa dwuma yi?
Me ne me yere Kaitlyn tee dwumadie a yɛtoo no din “Untold International” wɔ afe 2015 mu. Atirimpɔ mmienu binom nti na yɛfirii dwumadie yi ase. Ɛmu baako ne sɛ: ‘Anansesɛm bue nsusuiɛ pono na ama nnwuma foforɔ ada adi.’ Deɛ ɛtɔ so mmienu no ne: ‘Ghanafoɔ no ara de Ghana nhyehyɛeɛ pa yi wɔn haw ahodoɔ no firi hɔ.’
Deɛ yei kyerɛ ne sɛ, yɛn deɛ, yɛnni ɔhaw yi ho ano aduro nyinaa – mmom, ano aduro no wɔ ɔmanfoɔ no ara mu, na anansesɛm ne ɔkwan baako a yɛbɛtumi afa so anya, ɛfiri sɛ, onipa biara ka ne kurom kasa a, ɔtumi ka n’akomam nsɛm yie. Afei nso, yɛgye di sɛ, sɛ obi sua ne kurom kasa yie pa ara a, ɛboa no ma no tumi sua adeɛ yie. Ne saa nti, yɛhyɛ nkurɔfoɔ kurom kasa a wɔbɛsua na wɔaka no ho nkuran, na yɛyɛ deɛ yɛbɛtumi biara de boa ma no kɔ so.
Ɔkwan a yɛfa so yɛ yei ne sɛ, yɛasisi adan a wɔde kyerɛkyerɛ kasa ho adwinnie, a ɛwɔ nwomakorabea a nwoma ahoroɔ a ɛwɔ kasa ahoroɔ mu ahyɛ no ma, baabi a wɔyɛ ahwɛgorɔ, ne sukuu adan a wɔtenam sua akenkan ne atwerɛ, na yɛkyerɛ sɛdeɛ wɔde Twi ne Borɔfo kasa nyinaa bɛkasa wɔ badwam nso ho adeɛ. Anyɛ yie koraa no, yɛwɔ adwumayɛfoɔ mmienu a wɔfiri mpɔtam hɔ a wɔboa wɔ saa ntotoeɛ yinom nyinaa mu.
Yɛato beaeɛ a ɛdi kan a yɛasi a wɔde kyerɛkyerɛ kasa ho adwinnie no din sɛ Kasadwini Atenaeɛ, na ɛwɔ akuraa bi a wɔfrɛ no Asisiriwa so. Saa akuraa yi ka nkuraa 38 a atwa Tadeɛ Bosomtwe ho ahyia wɔ Asante Mantam no ho. Mmara kwan so no, edin a yɛde ato yɛn adwumakuo yi so wɔ Ghana ne Untold Ghana.
Deɛn nti na Ghana na mobɛyɛɛ dwumadie yi?
Nneɛma binom sisiiɛ a ɛmaa metuu kwan firii me man mu bɛsuaa adeɛ wɔ Ghana Suapɔn mu wɔ afe 2012 mu. Berɛ a mebaa ha no, ɔman no amammerɛ no wuraa me mu yie pa ara nti, mekɔeɛ no akyi mehunuu sɛ, ɛho hia pa ara sɛ mesan de nnepa a ɔmanfoɔ no de duaa me mu no bɛboa ɔman no. Mehwɛ sɛ wɔbu Abibirem kasa ahodoɔ no animtia no a, mebu no sɛ ɛyɛ atrimuɔdensɛm ne ɔtanhunu ara kwa, na ɛno ma mete nka sɛ ɛyɛ nhyɛ sɛ meyɛ deɛ mɛtumi biara ko ma Abibirem kasa ahoroɔ no.
Deɛn nti na Ghana kasa ahoroɔ no nyinaa Twi na mofaa sɛ wode bɛdi mo dwuma?
Asɛmmisa a yɛbisaa yɛ ho berɛ a yɛrebɛsi ɛdan a wɔde kyerɛkyerɛ kasa ho adwinnie no ne sɛ, ‘mpɔtam bɛn? Na mmom ɛnyɛ kasa bɛn? Deɛ yɛyɛeɛ ne sɛ, me Kaitlyn de abosome mmienu tutu akwan kyinii Ghana nyinaa. Yɛfiri Nkran kɔɔ Wli, Half Assini ne Wa. Atirimpɔ a yɛde tutu akwan yi nyinaa ne sɛ na yɛpɛ sɛ yɛte nwomasua, kasa nhyehyɛeɛ, sɛdeɛ wɔfa so hyehyɛ wɔn wɔn nneɛma, ne nneɛma a wɔhia no no ase.
Na yɛrehwehwɛ kuro a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔne yɛn nyinaa bka abom asi dan no ɛfiri sɛ, na yɛpɛ sɛ dwumadie no fa bi yɛ kuro no deɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛboa ama dwumadie no agyina, atu mpɔn na akɔyɛ efie adwuma.
Ɛmu ara na me kyerɛkyerɛni, Prɔfɛsa Kofi Agyekum a ɔwɔ Ghana Suapɔn no mu no faa yɛn kɔɔ akuraa a ɔfiri so a ɛne Asisiriwa no. Ɛhɔ na yɛhunuu sɛ yɛatwa fufuo ama no atɔ nkwan mu. Ɛyɛ akuraa ketewa bi a na wɔnhyɛ da nni nwomasua ho akadeɛ biara, wɔpɛ sɛ wɔka wɔn kurom kasa, wɔpɛ sɛ wɔsua adeɛ yie, na na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde wɔn berɛ, wɔn adom akyɛdeɛ, ne wɔn ahonnyadeɛ nyinaa hyɛ mu. Ɛsiane yei nti, ɛnyɛ me nwanwa mpo sɛ akuraa a ɛte saa mu na Onimdefoɔ kɛseɛ a wiase nyinaa nim sɛ ɔyɛ Akan kasa no ho kyeame kukudam no firi.
Ɛfiri berɛ mofirii dwumadie yi ase no, morehunu mpuntuo bi?
Dwumadie no atu mpɔn ama no ayɛ yɛn nwanwa pa ara. Yɛbuee nwomakorabea no ano wɔ Ɔbɛnem 6, 2019 mu, ɛnna yɛbuee sukuu adan no ano wɔ Ogyefuo 2020 mu. Yɛbu akontaa hwɛ mmɔfra a wɔtwerɛ BECE nsɔhwɛ no wɔ Asisiriwa D/A JHS (ɛbɛn baabi a Kasadwini Atenaeɛ wɔ no) no mmɔdemmɔ a atwam firi 2018 (ansa na yɛrefiri dwumadie no ase) kɔsi 2020 a, yɛhunuu sɛ asuafoɔ no mmɔdemmɔ wɔ Twi kasa no mu abu abɔ ho mprɛnsa, ne wɔn mmɔdemmɔ wɔ Borɔfo kasa no mu nso abu abɔ ho mpɛn num wɔ mfeɛ mmienu akyi.
Yɛn adwumayɛfoɔ mmeinu no, Kwadwo Kumi ne Mary Akayini a wɔn nyinaa firi Asisiriwa no, atu wɔn ho ama koraa reboa akyerɛ mmɔfra a wɔwɔ kuro n o mu a wɔhia mmoa pa ara wɔ adekyerɛ mu no adeɛ.
Yɛnyaa abɔdin krataa firii Ɔpanin Prince Charles Agyemang-Duah a ɔda Nwomasua ho Nsɛm ano wɔ Bosomtwe Mansini no mu hɔ a na ɔde rekyerɛ yɛn nnwuma pa no ho anisɔ. Saa Owura yi na ɔda Sukuu ne Nkyerɛkyerɛ ano seesei. Mmom, adeɛ baako a ɛma m’ani gye pa ara ne sɛdeɛ ɔmanfoɔ a wɔwɔ Asisiriwa no renya nkɔanim wɔ wɔn kasa no mu no.
Mmabunu a na wɔn ani nnye adesua ho berɛ bi a abɛsene kɔ no nyinaa de wɔn ahyɛ anwensɛm ho nkyerɛkyerɛ dwumadie no mu. Abɔfra a ɔdii nkunim wɔ JHS akenkan akansie a yɛyɛeɛ no mu no pɛ sɛ ɔkɔsua Akan kasa wɔ Suapɔn mu. Berɛ a mehunuu sɛdeɛ na mmɔfra no nyinaa de anigyeɛ ne osebɔ reto nnwom di asa berɛ a wɔbɔɔ onipa a ɔdii nkunim wɔ akansie no mu din no, na nisuo ataataa me.
Wopɛ sɛ wohunu nsɛmmisa a wɔbuaeɛ ne mma a wɔnyaeɛ a, wobɛtumi akenkan ho nsɛm wɔ https://untoldinternational.org/test-scores/
Ɔhaw ahodoɔ bɛn na morehyia?
Ɔhaw baako ne sika a yɛde bɛyɛ nneɛma akɛseɛ a ɛsisi yɛn ani so no. Seesei deɛ, yɛnni nhyehyɛeɛ pa biara a ɛbɛboa ama Ghanafoɔ atumi ayi sika kakra bi de aboa dwumadie no berɛ ano berɛ ano. Ɔhaw foforɔ nso ne sɛ, ɛtɔ da a ɛyɛ den sɛ yɛbɛtoto yɛn nneɛma waanowaano ɛfiri sɛ, nnipa mmiɛnsa binom a wɔka yɛn ho di dwumadie yi anim no nyinaa tete aman afoforɔ so.
Afei nso, yɛwɔ nnipa binom a wɔreyɛ wɔn ho osiakwan wɔ yɛn anisoadehunu a yɛpɛ sɛ yɛyɛ no mu. Deɛ ɛsii nnansa yi ne berɛ a sukuupanin bi a ɔda mfitiaseɛ sukuu bi ano amma n’asuafoɔ kwan amma wɔammɛhwɛ akenkan akansie a yɛyɛ maa wɔn mfɛfoɔ no bi no. Bio nso, wamma wɔn a wɔka anwensɛm no kwan amma wɔammɛka wɔn anwensɛm wɔ atwerɛ akansie no ase. Nsɛm a ɛtete sei bu abam pa ara.
Deɛn na moreyɛ de adi saa ɔhaw yinom ho dwuma?
Mewie me PHD adesua no pɛ a, adeɛ a ɛsi m’ani so pa ara ne sɛ mɛdi saa ɔhaw ahodoɔ yinom ho dwuma na maboa ama dwumadie no afa ne ntoma pa afura. Yɛreyɛ app bi a ɛbɛboa ama ɔmanfoɔ a wɔwɔ wiase nyinaa atumi ayi sika de aboa dwumadie no na wɔasan atumi de wɔn ho agye Untold International dwumadie nyinaa mu.
Yɛne Asisiriwafoɔ wɔ ayɔnkofa a ɛmu yɛ den pa ara, na yɛne wɔn nyinaa aboa ama yɛayi ɔhaw ahodoɔ binom a na wɔhyia wɔ wɔn mpɔtam hɔ no afiri hɔ. Sukuupanin a ɔyɛɛ saa no reboaboa ne nkuku ne nkaka ano dada.
Wode w’ani bu a, sɛn na wohunu dwumadie yi wɔ mfeɛ num kɔsi du akyi?
Yɛafiri aseɛ retoto yɛn ani ayɛ nhwehwɛmu wɔ Atifi Atɔeɛ Mantam no mu apɛ baabi a ɛfata a yɛbɛtumi asi ɛdan a yɛde bɛkyerɛkɛyerɛ kasa ho adwinnie foforɔ. M’ani agye pa ara sɛ mereboa kasa ketewa a nkurɔfoɔ nhyɛ da mma wɔn ani nku ho saa.
Deɛ ɛka ho bio ne sɛ, ɛka yɛn atrimpɔ ho sɛ yɛbɛtintim nsɛm wɔ kasa a yɛde di dwuma seesei a ɛyɛ Asante Twi no mu. Adeɛ baako nso a m’ani gye ho pa ara ne sɛ mɛtwerɛ nwoma a ɛso wɔ mfasoɔ pa ara mfonim wom a mmɔfra bɛtumi asua sɛdeɛ mmɔfra a wɔsua adeɛ wɔ yɛn nwomakorabea hɔ repɛ no ara pɛpɛɛpɛ, ne nsɛm a yɛbɛtaa atintim no berɛ ano berɛ ano a ɛfa nsɛm a ɛsisi yɛn asetenam wɔ yɛn mpɔtam ne nkratawa binom a ɛbɛka nneɛma pɔtee binom ho nsɛm.
Yɛpɛ sɛ yɛyɛ kasa ho adwinnie nkyerɛkyerɛ pii ka deɛ yɛyɛ no seesei no ho, na yɛyɛ akansie pii wɔ Kasadwini Atenaeɛ. Yei boa ma akenkan ne atwerɛ yɛ anika ne akomatɔyam pa ara.
Tɔfabɔ
Yɛhwɛ adwempa a Owura Brady ne ne yere Kaitlyn kura wɔ yɛn kasa ne yɛn amammerɛ ho no a, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ deɛ yɛbɛtumi biara de boa wɔn ma wɔtumi di wɔn dwuma no sɛdeɛ wɔn atirimpɔ no teɛ ara pɛ ɛfiri sɛ, apɛsɛ yɛ kɛse a, ɔyɛ ma dufɔkyeɛ. Momma yɛnkae sɛ, sɛ ɔdehyeɛ anko a, akoa dwane.
Onipa yɛ adeɛ a ɔsɛ ayɛyie nti, Owura Brady ne ne yere Kaitlyn, yɛma mo ayikoo ne adwuma pa.