Okunini Eric Osei Assibey a ɔyɛ ɔpabene wɔ nhwehwɛmu a wɔyɛ fa ɔman bi nnepa ne deɛ ɛbɛtumi afiri mu aba a Borɔfo kasa ka no “Economist” no de adesrɛdeɛ ato Ghanafoɔ nyinaa anim sɛ yɛmma yɛn kɔn nnɔ sɛ yɛde nneɛma a wɔyɛ no wɔ Ghanaman yi ankasa mu bɛdi dwuma sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛboa ama yɛatumi asi sidi no ahoɔden a ɛrete kɔ fam no ano kwan.
Yɛtie ne nsɛm a, ɔkyerɛ mu sɛ, sɛ yɛantwe yɛn ho amfiri nneɛma a yɛkra firi amanɔne no ho a, ɔman no bɛkɔ so ara asɛe sika wɔ berɛ a yɛhia saa sika no pa ara. Na wei bɛma dɔlla no ho apereapereɛ adɔɔso, na ama sidi no akɔ so ara ate ahwe fam.
Ↄrekasa wɔ Joy News PM Express Business dwumadie no so no, ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ, berɛ a aban nso de nneɛma ne mmara regu akwan mu ama no ayɛ adwuma mmerɛ tenten mu no, saa kwan yi na yɛbɛtumi afa so ama sidi no agyina ne nan so mmerɛ kakra yi mu.
Ↄkyerɛɛ sɛ ɔdwene sɛ berɛ aso sɛ Ghanafoɔ nyinaa hunu sɛ ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho firi nneɛma a yɛkra firi aman afoforɔ soɔ no ho. Ↄkaa sɛ, seesei ara, sɛ yɛto yɛn ani a, yɛmma no nsi fie, na yɛmma apɛdeɛ ne yɛn akɔnnɔdeɛ nkɔ mma nneɛma a wɔayɛ no wɔ Ghana. Ↄse sɛ yɛyɛ saa a na ɛkyerɛ sɛ ka a aban bɔ no wɔ nneɛma a wɔkra ho no so bɛte, na wei bɛtumi ama yɛadi sidi no ho nkɔmmɔ asomdwoeɛ mu.
Ↄde kaa ho sɛ, ɛho hia nso sɛ aban no boa wɔn a wɔyɛ nneɛma no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi ayɛ nneɛma a ɛsom bo pa ara a yɛbɛtumi de amane aman afoforɔ ama mfasoɔ aba so ama ɔman no na ɔman no agye din wɔ wiase aman nyinaa dwa so. Ↄkyerɛɛ sɛ wei yɛ adeɛ a ɛyɛ pa ara, ɛfiri sɛ ɛbɛboa ama ɔman no sika no agyina brane mmerɛ tenten.
Ne nsɛm no ne Ↄmampanin dada John Dramani Mahama anoyie nsɛm a ɔde too dwa wɔ sikasɛm ho ahohiahia berɛ yi mu wɔ ne nkasaeɛ no mu Yawoada anwummerɛ wɔ UPSA dan kɛseɛ a wɔyɛ nhyiamu wɔ mu no di asawɔsoɔ. Atifi asɛm a ɔkasa faa ho no ne: Sɛ yɛreyɛ Ghana sɛdeɛ yɛpɛ no.
Ↄmampanin dada yi de kaa ne mmuaeɛ no ho sɛ, ɛsɛ sɛ aban de mmara a ɛmu yɛ den gu akwan mu, a ɛbɛhyɛ yɛn wɔ nneɛma bi te sɛ nnuane ne kuayɛ ho. Ↄkyerɛɛ sɛ ɛwɔ sɛ aban ani ku wɔn a wɔma yɛn saa nneɛma yi akuo no ho na ɔde sika hyɛ mu na ɔde nhyɛ to nneɛma bi te sɛ wei a yɛkra firi aburokyire no so. Na ne saa mu no ɛbɛtumi aboa yɛn ama yɛade yɛn ho wɔ nnuanesɛm ho.