• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Amammerɛ

Sika Dwa Kofi ho abakɔsɛm bi

Yɛnsua Asanteman abakɔsɛm

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
10/14/2022
wɔ Amammerɛ
1 0
0
Sika Dwa Kofi ho abakɔsɛm bi
0
SHARES
537
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Tweaduampɔn Kwame Basayiadɔm de Kwame Frimpɔn Anɔkye Kɔtɔbere hyiraa Asanteman no, ɛmaa Asanteman mu yɛɛ hye yie. Ɛduruu baabi no, ɛsiane sɛ ɔdɔdoɔ ani sa deɛ ɔso ntakrakyɛ nti, na Asante ho abɛyɛ ahi. Ɔpemsoɔ Ɔsɛe Tutu I na na ɔdi Asanteman so saa berɛ no.

Saa berɛ no mu ara nso, na Denkyira yɛ ɔman a wɔn ho yɛ den pa ara a na wɔn hene ne Nana Ntim Gyakari. Berɛ bi, Ntim Gyakari yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛtɔ Asanteman so werɛ.

Asɛm yi ho amaneɛ bɛtɔɔ Asanteman anim no, wɔkaa sɛ, sɛ Ntim Gyakari adwene ne sɛ ɔrepam ohufoɔ deɛ a, nneɛ wɔbɛma wato ne barima! Yei nti, wɔyɛɛ sɛ wɔne Denkyirafoɔ de bɛsi ani.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Ansa na Asanteman rebɛkɔ ɔko yi no, Ɔkɔmfo Anɔkye hwɛɛ pɛtɛtakra mu. Afei, ɔde too ne mpanimfoɔ anim sɛ, sɛ wɔbɛtumi adi nkunim wɔ ɔko no mu a, gye sɛ ahemfo binom de wɔn nkwa twa so. Ɛwom sɛ na asɛm yi ani yɛ nyan, nanso Nananom kaa sɛ, Asante bɛdi ntwo ama Denkyirafoɔ asopa Asanteman pa ara deɛ, ɛnsi da!

Wɔtuu asɛm yi ho anammɔn maa no kɔsii sɛ, fɛdeɛ ne owuo deɛ, fanyinam owuo. Yei nti, ahemfo nan binom tuu wɔn ho maa sɛ wɔde wɔn tiri bɛgye akyerɛmma ɛfiri sɛ, ɔbarima na ɔnom aduro a ɛyɛ nwono.

Ahemfo nan a wɔde wɔn nkwa twaa so no ne, Ɛdwesohene Nana Adu Kupe, Adwumakaase-Kɛse hene Nana Asɛnso Kofo, Mampɔnhene Nana Boahen Anantuo ne Nana Tweneboa Kodua.

Ɛwom sɛ ɔsa no mu yɛɛ den deɛ, nanso Otumfoɔ Ɔsɛe Tutu I ne ne dɔm tumi twi faa Denkyirafoɔ so wɔ Feyiase maa Asanteman dii nkunim.

Ɔko no akyi, Fiada bi anɔpa, na Ɔkɔmfoɔ Kwame Anɔkye Kɔtɔbere gyee Sika Dwa firii Tweaduampɔn hɔ bɛsii Otumfoɔ Ɔsɛe Tutu I serɛ so de maa Asanteman. Yei nti na Sika Dwa kradin yɛ Kofi no.

Anwanwadeɛ nso ne sɛ, Sika Dwa firi Tweaduampɔn hɔ baeɛ no, na ahemfo anan a wɔde wɔn ti gyee akyerɛmma no nyinaa bobɔ Sika Dwa Kofi ho. Ɛsiane sɛ saa ahemfo yinom de wɔn nkwa gyee Asanteman sii hɔ nti na wɔka sɛ Asanteman sunsum hyɛ Sika Dwa Kofi mu no.

Ahemfo nan a wɔbobɔ Sika Dwa ho no sane yɛ adanseɛ a ɛkyerɛ sɛ, wɔn mogya a wɔhwie guiɛ no nti, na Asanteman tumi gyinaa ne nan so twi faa Ntim Gyakari ne ne dɔm so no.

Ɛfiri saa berɛ no bɛsi ɛnnɛ, ahemfo, adehyeɛ ne Asanteman nyinaa abere wɔn mogya ani de wɔn nkwa ato wɔn nsam abɔ Sika Dwa Kofi ho ban wɔ akwannuasa so.

Tete wɔ bi ka o, tete wɔ bi kyerɛ! Obi nnim a, obi kyerɛ. Deɛ ɔnnim no, ɔsua a ɔhunu. Menim sɛ woasua biribi ɛnnɛ. Berɛ foforɔ, yɛbɛsan aka abakɔsɛm foforɔ bi ho asɛm.

Tags: AsanteheneAsantemanManhyia PalaceSika DwaSika Dwa Kofi
Deɛ atwam

Ahwɛgorɔ bi a Bolingo Akan Kaseɛbɔ asɔ asene

Deɛ ɛdi hɔ

Afe a aban atu asi hɔ de ama akwan:

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Awaregyaeε mu hyireguo mu nneyεeε nnum binom mu mu mpεnsεmpεnsεmumu asukᴐ dᴐ
Adesua

Awaregyaeε mu hyireguo mu nneyεeε nnum binom mu mu mpεnsεmpεnsεmumu asukᴐ dᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
07/26/2023
Ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛko ma Abibirem kasa ahoroɔ no – Brady ne Kaitlyn, ahɔhoɔ a wɔsene ɔmani
Adesua

Ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛko ma Abibirem kasa ahoroɔ no – Brady ne Kaitlyn, ahɔhoɔ a wɔsene ɔmani

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/19/2023
So, na awaregyaeε yε mmrε kane no sε εnnε yi?
Adesua

So, na awaregyaeε yε mmrε kane no sε εnnε yi?

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
07/18/2023
Deɛ asɛmfua “Zion” a Asantehene rekasa a n’Akyeame ka no kyerɛ.
Adesua

Deɛ asɛmfua “Zion” a Asantehene rekasa a n’Akyeame ka no kyerɛ.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/17/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Afe a aban atu asi hɔ de ama akwan:

Afe a aban atu asi hɔ de ama akwan:

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?