• Twi
  • Fante
01:05:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Amanyɔsɛm

Afe a aban atu asi hɔ de ama akwan:

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
10/16/2022
wɔ Amanyɔsɛm
0 0
0
Afe a aban atu asi hɔ de ama akwan:

Bomaa kuro no mu kwan

0
SHARES
80
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Amanfoɔ a wɔte Bomaa, a ɛyɛ kuro a kuadwuma kɔ so yie wɔ hɔ a ɛwɔ Tano Atifi Mansini a ɛwɔ Ahafo Mantam mu no de adesrɛdeɛ ato ɔmampanin a ɔno ne Nana Akuffo Addo anim sɛ animu animu yi ara, ɔnkɔ wɔn mmoa na ɔmmɛyɛ wɔn akwan no mma wɔ.

Wɔkyerɛ sɛ, sɛdeɛ akwan no ayɛ no nti ɛmma kuro no ntu mpɔn, afei nso wɔahyehyɛ wɔn bɔ pii nanso ne nyinaa akɔyɛ bɔhyɛ hunu, sɛ wɔbɛka sɛ wɔbɛyɛ no yie a, wɔnhunu ho mpopoeɛ biara.

Kuro yi mu mmabunu a wɔyɛ ɔman mma pa a na wɔdi nnipa a wɔte kuro yi anim no kaa sɛ, ɔkwan a a aka a ɔmampanin bɛtumi afa so asane abɔ ne din ho ban ne sɛ ɔbɛba abɛyɛ wɔn akwan a ɛyɛ bɛyɛ nkwansini 60 no ama wɔn. Wɔsane nso de nkaebɔ too dwa sɛ, wɔbɛtu wɔn ho fo yie wɔ abatoɔ ahodoɔ a ɛbɛba no mu.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Ↄkwan a ɛda Bomaa de kɔ Duayaw Nkwanta yɛ nkwansini 14.5. Deɛ ɛda Bomaa ne Tepa ntam yɛ nkwansini 11.3. Deɛ ɛda Bomaa ne Yamfo ntam yɛ nkwansini 19.3, ɛnna deɛ ɛda Bomaa ne Dwenase ntam yɛ nkwansini 8.5, a wɔkyerɛ sɛ saa akwan yi nyinaa atete apansam koraa.

Ↄkwan a ɛda Bomaa ne Dwenase ntam
Ↄkwan a ɛda Bomaa de kɔ Duayaw Nkwanta

Sɛ yɛhwɛ na yɛtie Bomaa kuro yi ho nsɛm a, yɛtumi hunu sɛ kuro yi aboa wɔ ɔman Ghana mpuntuo mu yie a ɛnna fam koraa. Ꜫyɛ kuro a ɛmu nnipa dodoɔ bɛyɛ 7000, na wɔn adwuma a wɔyɛ no wɔ hɔ titire ne kuadwuma. Wɔn aduadeɛ no bi ne borɔdeɛ, bankye, bayerɛ, mankani, aburo ne deɛ ɛkeka ho. Afei nso wɔdua kookoo wɔ hɔ pa ara.

Sɛ yɛhwɛ ɔman yi ho nnwom bi te sɛ “Dwene Ↄman yi ho, Ghana Akuafoɔ, Osee Yiee Ghana, ne Aniha mu nni biribi sɛ ohia” a, nhwehwɛmu kyerɛ sɛ mmabunu dwontokuo a ɛwɔ Bomaa a Yaw Owusu Badu a wanya ne baabi korɔ na na ɔda ano no na wɔsaee saa nnwom yi toeɛ.

Nanso ɛrekame ayɛ sɛ kuro yi a mmerɛ bi a atwa mu, na nkuro afoforɔ ani bere wɔn no mmoa a wɔde ma ɔman Ghana no so nni mfasoɔ biara ma wɔn, a akɔduru sɛ wɔn akwan ho nsɛnsɛm ayɛ fɛreɛ mpo.

Sɛ yɛsi nsutɔberɛ mu deɛ a, na asɛm no asɛe koraa. Susuan yiri fa kuro yi mu ne wɔn akwan nyinaa so a ɛmma amanfoɔ a wɔte hɔ no ho ntɔ wɔn wɔ asetena mu.

Mmerewa ne nkɔkora, ayarefoɔ, ne apemfoɔ bi te sɛ Akua Mansa a wadi mfeɛ 90 a n’ani afira ne Akosua Serwaa kyerɛ sɛ, sɛ wɔrehwehwɛ ayarehwɛ a, wɔberɛ pa ara. Aberewa posoposo no kaa nsɛm pii, na ne tenten ne ne tiatia nyinaa ne sɛ, ɛsiane sɛ wɔn akwan nnyɛ nti, kaa biara mpɛ sɛ wɔfa so, ne saa nti ɔrekɔ ayaresabea a, agye sɛ wɔbɔ no abommo, enti ɔresrɛ aban sɛ ɔntwa n’ani mmɛhwɛ wɔn.

Saa ara nso na Akosua Serwaa kyerɛɛ sɛ adeɛ baako a ɛbɔ no hu yie ne sɛ awoɔ bɛka no wɔ ne nyinsɛn yi mu, ɛfiri sɛ, ɔnnya kaa a ɛbɛba abɛfa no de no akɔ ayaresabea ama wɔagye no awo, na ɛbɛtumi mpo aba sɛ ɔbɛwo wɔ kwan mu. Wei ne ne dadwene kɛseɛ pa ara.

Akua Mansa a wadi mfeɛ 90 ne Akosua Serwaa, ɔpemfoɔ

Akwan ho haw yi nyi akuafoɔ mu. Okuani bi a wɔfrɛ no Stephen Beyuo bɔ abubuo aberɛ nyinaa sɛ, deɛ ɛsoso no adaeɛ bɔne wɔ kuayɛ mu ne sɛ ɔbɛyɛ awie ama nnɔbaeɛ no aba na ɔnnya kaa mma no nkɔfa, ɛsiane kwan no nti. Sɛ ɛkɔba no saa a agye sɛ ɔsoa nneɛma no wɔ n’apampam de kɔ dwa so anaa de kɔ fie. Ↄkyerɛ sɛ, ɛsiane kwan no nti, ne kookoo aka afuom a ɔtumi mfa mma fie, na n’adamfo a ɔreboa no ama no asoa aba fie no nso soa duru baabi a, na wagya asi hɔ, na ɔno ara asoa ne nyinaa asane de akɔ fie.

Okuani bi a wɔfrɛ no Stephen Beyuo a ɔyɛ kookoo kuani

Adrɔbafoɔ koraa na wɔrehunu amane kɛse wɔ saa asɛm yi ho. Owura kyeremeh a ɔyɛ drɔbani a ne kaa asɛe kyerɛ mu a, wadi nnansa wɔ ne kaa no kora ho. Dabiara nso, ɔtɔ ade foforɔ wɔ kaa no ho. Ↄsrɛɛ aban sɛ ɔmmɛboa Bomaaman, ɛfiri sɛ wɔgye wɔn ho baabiara a ɛnnye.

Wɔn a wɔte kuro yi mu nyinaa kyerɛ brɛ a wɔabrɛ aban no bɔhyɛ ahodoɔ no. Nana Kyei a ɔyɛ temammuni wɔ kuro no mu no kyerɛ sɛ, aban mufoɔ no ba ne Bomaa mpanimfoɔ bɛhyia a, wɔhyɛ wɔn bɔ akɛseɛ sɛ wɔbɛba abɛkora akwan no, nanso sɛ wɔfiri hɔ a wɔnkae Bomaa bio.

Bomaaman mma bi a wɔn werɛ ahohoɔ

Owura Isaac Adjei Boateng yɛ mmabunu a wɔwɔ kuro no mu no daano ni a ɔboaboa nnipa ano wɔ kuro no mu, sɛ ɛba no sɛ  wɔpɛ  sɛ  wɔyɛ nhyiamu a. Ↄde nkyerɛkyerɛmu yi rebrɛ nsɛntwerɛfoɔ no, ɔbisaa nsɛm bi te sɛ, “Bɔne bɛn na Bomaaman ayɛ? Wɔn kyɛfa wɔ ɔman no mu no wɔ hen? Ↄmampanin ne ne mpanimfoɔ nim sɛ wɔahyehyɛ wɔn bɔ sɛ wɔbɛyɛ wɔn akwan ama wɔn a wɔnnii so? Wɔn akatua wɔ nokorɛ a wadi ama NPP aban no nie?

Ↄde yea kasaeɛ ɛfiri sɛ, ɔhunu sɛ ne titire sɛ ɛduru abatoɔ berɛ a, amanyɔfoɔ no de wɔn adwene di agorɔ pa ara.

Owura Isaac Adjei Boateng, mmabunu a wɔwɔ kuro no mu no daano ni a ɔboaboa nnipa ano wɔ kuro no mu, sɛ ɛba no sɛ  wɔpɛ  sɛ  wɔyɛ nhyiamu a

Owura Isaac Adjei Boateng kaa sɛ, sɛ wɔre bɛto aba a, wɔhyɛ da de mfidie bɛsisi hɔ sɛdeɛ wɔrebɛyɛ kwan no, nanso, abatoɔ no akyiri no, wɔnhunu baabi a mfidie no yera fa. Ↄnam wei so srɛɛ aban sɛ ɔmmɛyɛ wɔn akwan no mma wɔn na ɔmmɔ ne din, kuro no din, ne n’amanyɔkuo no din ho ban, na wɔn nso nnya wɔn kyɛfa bi, ɛnnyɛ saa a, wɔbɛto aba no deɛ, nanso wɔde wɔn ani bɛkyerɛ ɔfa foforɔ so.

Tags: Afe a aban atu asi hɔ de ama akwanBomaa
Deɛ atwam

Sika Dwa Kofi ho abakɔsɛm bi

Deɛ ɛdi hɔ

Wɔabɔ Nigeriafoɔ 16 afiri ɔman Ghana mu ɛnam kwan bɔne a wɔnam kɔmputa so redi dwuma nti.

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm
Adesua

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/09/2023
Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro
Adesua

Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/05/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ
Amanyɔsɛm

Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
04/18/2023
IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu
Amanyɔsɛm

IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
04/16/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Wɔabɔ Nigeriafoɔ 16 afiri ɔman Ghana mu ɛnam kwan bɔne a wɔnam kɔmputa so redi dwuma nti.

Wɔabɔ Nigeriafoɔ 16 afiri ɔman Ghana mu ɛnam kwan bɔne a wɔnam kɔmputa so redi dwuma nti.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?