• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Amammerɛ

ODIKE ATO NTASUO ATO FAM ASANE DE N’ANO AFA

Daanodini ma United Progressive Party amanyɔkuo no atwe ne nsɛm asan

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/12/2022
wɔ Amammerɛ, Amanyɔsɛm
1 0
0
ODIKE ATO NTASUO ATO FAM ASANE DE N’ANO AFA
0
SHARES
118
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ɛnkyɛeɛ biara na ɛbɛtɔɔ dwa sɛ Ɔpanin a wɔfrɛ no Akwasi Addai Odike a ɔyɛ Daanodini ma United Progressive Party amanyɔkuo no akɔtena radio dwumadibea a wɔfrɛ no Oyere Pa FM a ɛwɔ Kumase so aka nsɛm bi a ɛnkyerɛ obuo atia Asanteman ne Asantehene.

Yei nam so maa Nananom Atenankonnwa a wɔwɔ Asanteman mu kyerɛeɛ sɛ, sɛ kokoram amfɛre sɛ ɛbɛtɔ wo hwene so a, wo nso womfɛre sɛ wode asaawa bɛtare so. Ne saa nti, wɔde kradoo kɔtoo radio adwumayɛbea no mu sane twaree Ɔpanin Odike asu firii Asanteman mu.

Asɛm yi bɛtɔɔ dwa no, mpanimfoɔ a wɔwɔ ɔman yi mu a wɔka bi a ɛyɛ yie nyinaa de wɔn ano too mu bi, srɛ maa adwumayɛfoɔ a na wɔn nnwuma ahwere wɔn saa berɛ no.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Ɛsiane abadaeɛ a Nananom wɔ nti, wɔkaa asɛm no duruu baabi no, wɔpenee so buee radio adwumayɛbea no maa adwumayɛfoɔ no firii aseɛ yɛɛ adwuma bio. Nanso, onipa a ɛnam ne so maa saa oyene yi kɔɔ so no deɛ, na wɔgu so ara ne no redi no sɛdeɛ amammerɛ teɛ.

Ɛnnɛ Dwoada, Ɛbɔ 12, 2022, berɛ a Odike kɔtenaa Onua TV dwumadie a wɔato no din Morning Show soɔ no, ɔkaa nsɛm bi de twee n’ano wɔɔ fam wɔ deɛ ɔkaa no Oyere Pa FM no ho. Afei, ɔpaa Asantehene, Otumfoɔ Osei Tutu II akyɛw.

Sɛdeɛ ɔkaa no nie, “Otumfoɔ, sɛ mekaa biribi tiaa wo wɔ nsɛm a mekaeɛ no mu a, metwe m’ano wɔ fam ɛnnɛ. Nanso, yei yɛ ɔko a yɛreko atia ɛfam agudeɛ a wɔntu no mmara kwan so no ho mpopoeɛ bi kɛkɛ. Mmom, nnipa a wɔse wɔbɛkum me no deɛ, mebu wɔn sɛ ahufoɔ biara kwa.”

Ɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Captain Smart a na ɔyɛ otitenani ma dwumadie no.

Ɛwom sɛ Owura yi atwe ne nsɛm a ɔkaeɛ no asan deɛ, nanso ɔmanfoɔ dodoɔ no ara se, ɛsiane sɛ deɛ ɔnim amammerɛ no, ɔnsɛe amammerɛ nti, wɔsusu sɛ ne papa mu a, anka ɛsɛ sɛ Odike tutu ne nan kɔ Asantehene, Otumfoɔ Osei Tutu II nan ase kɔpa no kyɛw sɛdeɛ Asante amammerɛ kyerɛ no.

Tags: Akan newsAsantehenecaptain smartOdikeOnua TV/FMOyere pa FM
Deɛ atwam

ABƆFRA KUMAA BI AHWERE NE NKWA

Deɛ ɛdi hɔ

ASANTE KOTOKO ADI RC KADIOGO SO NKUNIM

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm
Adesua

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/09/2023
Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro
Adesua

Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/05/2023
Awaregyaeε mu hyireguo mu nneyεeε nnum binom mu mu mpεnsεmpεnsεmumu asukᴐ dᴐ
Adesua

Awaregyaeε mu hyireguo mu nneyεeε nnum binom mu mu mpεnsεmpεnsεmumu asukᴐ dᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
07/26/2023
Ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛko ma Abibirem kasa ahoroɔ no – Brady ne Kaitlyn, ahɔhoɔ a wɔsene ɔmani
Adesua

Ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛko ma Abibirem kasa ahoroɔ no – Brady ne Kaitlyn, ahɔhoɔ a wɔsene ɔmani

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/19/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
ASANTE KOTOKO ADI RC KADIOGO SO NKUNIM

ASANTE KOTOKO ADI RC KADIOGO SO NKUNIM

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?