• Twi
  • Fante
01:05:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Nsusεeε ne nsunsuansoᴐ a εde brε, rebrε anaa bεbrε nnipa, ne titire ᴐman Ghana mu nnipa

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
02/22/2023
wɔ Adesua, Adwenkyerɛ
0 0
0
Nsusεeε ne nsunsuansoᴐ a εde brε, rebrε anaa bεbrε nnipa, ne titire ᴐman Ghana mu nnipa
0
SHARES
88
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Nhwehwεmu ne abᴐdeε mu nyansapε mu adesua kyerε sε, onipa nkwa no mu 70% gyina nsuo so, na wei da no adi pefee sε nsuo yε nkwa. Ɛyε adeε baako a onipa ntumi nyi mfiri n’asetena mu. Nnipa binom mpo ka sε, nsukᴐm kum sene aduanekᴐm.

Nsusεeε yε sε yεde nneεma binom, nwira ne nnuro regugu nsuo mu, εsiane yεn nnwuma anaa sikapε nti. Ɛtumi yε biribiara anaa nneyεeε biara a εsεe nsuo. Ɛpo ne asuo pii atwa ᴐman yi ho ahyia, nanso yεn nneyεeε ama nsuo yinom rewewe.

COCOBOD de bεtoo dwa wᴐ Ↄpεpᴐn 31 mu sε, wᴐhunu no sε, sεdeε galamsey ne nnuro a wᴐde gu nsuo mu tu galamsey ayε no, mfeε 20 akyiri no, asukεseε binom te sε Pra, Ankobra, ne Offin bεyerayera koraa. Nnuro bi te sε silt ne mercury a wᴐde gu nsuo yinom mu no yε adeε a εha Ghanaman nyinaa apᴐmuden εfiri sε, wᴐtᴐn asuo yi mu abᴐdeε no bi wᴐ ᴐman no nyinaa mu, mpo beaeε a wᴐntu galamsey.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Saa dwumadie korᴐ yi ara mu no, wᴐtumi tu ara kᴐto nsuo a εda asase ase a yεn nyinaa tu nsuo kᴐto no twe bi ba yεn afie mu nya nsuo nom no, na nneyεeε korᴐ no ara na εkᴐ so. Wei akyiri no, wᴐwᴐ gyedie bi sε, sε obi wu wᴐ berε a wᴐretu sika no a, sika no ba bebree. Ne saa nti sε obi wu wᴐ nsuo no ase a, wᴐgyae no wᴐ nsuo no ase ma no porᴐ, na yεatwe saa nsuo korᴐ no ara anom. Yεn nyinaa nim ᴐhaw a yεbεnya afiri wei mu.

Wei da nkyεn a, sε yεde yεn ani kyerε yε nkuropᴐn te sε Nkran ne Kumase mu a, yεn temammufoᴐ yi ara de εpo ne asuo akεseε a atwa yεn ho ahyia no adane agyananbea ne beaeε a yεgu nwira. Saa nsuo korᴐ yi ara mu nso na yεnya yεn aduane firi, na ebinom mpo nom bi de bi di wᴐn daa daa dwuma. Nkuro nketewa no mu mpo deε, yεnhunu nsonsonoeε a εda mmᴐnka ne asutene no ntam. Weinom yε me ne wo mmienu nneyεeε a εso nsunsuansoᴐ ba yεn ara so.

Wei da no adi pefee sε mfeε 50 bi mu no deε na εsε sε ᴐman yi kra nsuo firi amanᴐne ansa na εmu nnipa anya nsuo anom. Nhwehwεmu kyerε sε, sε yεde yεn ani bu a, nyarewa ahodoᴐ a aba no mu 80% yε deε yεnya firi nsuo mu.

Nsunsuansoᴐ kεseε a saa nneyεeε yi de brε yεn yε apᴐmuden mu nsunsuansoᴐ; abunu nini ne abunu ahodoᴐ a εnni aduro ate atese, na saa mu nyarewa ayε donkomi. Megye di sε εnyε nnipakuo pi pε na wᴐbεnya wei ho nsunsuansoᴐ, na mmom yεn nyinaa. Ɛno akyiri no, nsuo ho bεkᴐ atwee wᴐ mmerε bi a εdi yεn anim mu.

Yεbεtumi agyae weinom? Aane, εsiane sε εyε me ne wo mmienu nnyeyεeε. Obi bεka sε aban na εma kwan ma wᴐtu galamsey, nanso mese wo sε, sε yεsi yεn bo na yεyi no akwa a, obiara ntumi nni saa dwuma no. Ɛno pa ho a, yεn ara yεn nuanom ne yεn mma na wᴐde wᴐn ho hyε saa dwumadie no mu, enti εtwa bεwie me ne wo so. Nsesaeε yε den deε, nanso εboa nnipa asetena. Momma yεnnwene daakye ho na yεnsi gyinaeε εnnε.

Tags: AgyananbeaBeaeε a yεgu nwiraGalamseyGu nwiraNsunsuansoᴐNsusεeεNyarewa
Deɛ atwam

Akoma yadeɛ

Deɛ ɛdi hɔ

Nnuatwa, mframasεeε, mmoakum ne nnuro a yεde dua nneεma ho nsunsuansoᴐ

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nsusεeε ne nsunsuansoᴐ a εde brε, rebrε anaa bεbrε nnipa, ne titire ᴐman Ghana mu nnipa

Nnuatwa, mframasεeε, mmoakum ne nnuro a yεde dua nneεma ho nsunsuansoᴐ

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?