• Twi
  • Fante
03:05:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Nnuatwa, mframasεeε, mmoakum ne nnuro a yεde dua nneεma ho nsunsuansoᴐ

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
02/22/2023
wɔ Adesua, Adwenkyerɛ
0 0
0
Nsusεeε ne nsunsuansoᴐ a εde brε, rebrε anaa bεbrε nnipa, ne titire ᴐman Ghana mu nnipa
0
SHARES
48
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Sε yεma yεn ani so twa yεn ho hyia a, nneεma pii asesa; mframa pa ho kᴐ atwee, nnyarewa hodoᴐ pii na aba, ᴐpε si nsutᴐberε, na nsuo asosᴐ ᴐpε berε. Deε yεn mu pii ka ara ne sε Onyankopᴐn asesa ne nhyehyεeε, nanso sε yεhwε mu yie a, Onyankopᴐn nhyehyεeε akyi no, yεn suban ahodoᴐ bi a yεda no adi ne yεn nneyεeε ka ho titire na ama saa nneεma yinom resisi yi. Yεn ara yεn nneyεeε nketewa ne akεseε binom a yεde pε yεn ano aduane ne sika na εde yεn nkwa ne yεn apᴐmuden to asianeε mu. Yεtwitwa nnua basabasa, hyehye egya a εnni ani, kum mmoa basabasa, de nnuro dua nnuane a yεdi kᴐ yεn mu. Yεnim yie sε weinom nyinaa nsunsuansoᴐ da yεn so.

Nnua yε adeε a εho hia ma nnipa asetena yie. Abᴐdeε mu nyansapε adesua kyerε sε, mframa a εfiri nnua ne aduadeε mu no na nnipa home kᴐ ne mu, na nnua ne aduadeε nso ahome deε nnipa home ba abᴐntene no. Mframa yε adeε a εho hia yie εfiri sε onipa home yε mframa, na sε onipa home twa a, na ne nkwa asa. Wei kyerε sε yεdan nnua na nnua nso dan yεn.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Yεn ara yεdi yεn ho awu wᴐ berε a yεtwa nnua de hye bidie, de bi yε nneεma binom nanso yεnnua bi nkyε mu. Na mmara bi wᴐ hᴐ sε, sε wotwa dua baako a, dua mmiεnsa hyε anan, nanso sε wᴐredua dua baako koraa akᴐyε boakye bi din. Nhwehwεmu kyerε sε, anka εsε sε onipa biara nya dua baako a εbεboa ne home. Nanso εnnε yi, yεn nneyεeε ama sε yεka nnipa du bᴐ mu koraa a, yεnya dua baako mma wᴐn. Wei kyerε sε, mframa a yεhome no nso yεn. Yεatwa nnua akεseε nyinaa ama akwaeε adane mfofoo ne asase pεsεε

Nnua korᴐ yi ara nso yε abᴐdeε afoforᴐ binom fie, nanso εrekame ayε sε yεnnwene saa abᴐde no ho. Abᴐdeε korᴐ yi ara nso bi yε aduane ma nnipa. Sε εba saa a, deε wᴐyε ara ne sε wᴐdwane. Ɛsiane sε saa mmoa yi nso di nnwemmoa binom wa wᴐnom nnipa mogya ma wᴐn yareε nti, sε wᴐdwane saa a, εma saa nnwemmoa te sε ntontom ne deε εkeka ho yinom nya kwan we nnipa de nyarewa pii brε yεn. Weinom nyinaa ka ho na atiridii abu no. Nsunsuansoᴐ a nnuatwa de ba yε ahuhuro, ewiem nsakyeraeε a εnnyina, nsuyiri ne deε εkeka ho pii.

Saa ara nso na nwira binom a yεhyε da twitwa egya to mu hyehye no basabasa no bᴐ yεn ho ban firi awᴐwᴐ ne ntummoa te sε ntontom ne ade binom ho.

Yεn nyinaa nim sε anibue aba, na ama mfididwuma nso adᴐᴐso. Adeε baako nso a saa mfididwuma yi de nam yε mframasεeε. Mfamasεeε yε sε yεde nnuro ne nneεma a εha mfama regu mframa mu.  Ntutuo ahodoᴐ a εfiri saa nnwuma yi mu gu mframa kakra a aka a yεhome no nso mu. Wei ama mframa a yεhome kᴐ yεn mu no nyinaa asεe, a εtumi kum yεn nkakrankakra. Weinom ama mframa mu nyarewa ne aherawa mu nyarewa rekum nnipa wᴐ ᴐman yi mu yie pa ara. Efie nnwuma binom nso tumi sεe mframa a atwa yεn ho ahyia no.

Sε yεba mmoakum so a, tete no, na yεn mpanimfoᴐ no wᴐ nna a wᴐde kᴐ ahayᴐ, anaa  afuom ne εpo so mpo. Wᴐyε wei εsiane sε wᴐpε sε wᴐbᴐ mmoa a wᴐwᴐ εpo no ne nwiram no ho ban de ma yεn ara. Ɛnnε, yεnhunu saa nneεma yinom nyinaa bio εfiri sε yεmfa saa mmara no nyε adwuma seesei. Apofofoᴐ binom mpo de nnuro na εyi nam nnansa yi, na ne nyinaa nso ha nnipa apᴐmuden. Ɛnnε abᴐfoᴐ binom mpo de nnuro gu nnuaba so ma mmoa di ansa na wᴐanya nam abεtᴐn ama yεn.

Akuafoᴐ nso de nnuro ahodoᴐ gu nnuane so dua ma no nyini, na wᴐate aba ama nnipa atᴐ akᴐdi. Wᴐde nnuro asεe asase no awie, deε afei wᴐka ara ne sε, sε wodua na woamfa aduro anka no a, εnyε yie. Ɛnnε sε wotᴐ ntoosi na wobεtwitwa mu a, ani hoyaa sene nyaadoa; wᴐma nneεma patu bere εsiane sika a wᴐrepε nti. Ɛwᴐ sε yεhunu sε saa nneεma yinom so nsunsuansoᴐno ba yεn ara so.

Sε yεbεtumi akentene yεn ho adua nnua, agyae anidaho gyahyehyeε, na nnwumakuo yi apε kwan bi afa so ahwε ntutuo a εfiri nnwuma no mu reba no ho dwuma adi, na yεagyae mmoakum basabasa ama akuafoᴐ nso asane akᴐfa ᴐkwan a na wᴐnam so yε kua dada no a, anka mfama mu nyarewa, aherawa mu nyarewa ne yafunu mu nyarewa to antwa koraa a, εbεsusu.

Tags: Aherawa mu nyarewaMframa mu nyarewaMframasεeεMmoakumNnuatwaNsunsuansoᴐ
Deɛ atwam

Nsusεeε ne nsunsuansoᴐ a εde brε, rebrε anaa bεbrε nnipa, ne titire ᴐman Ghana mu nnipa

Deɛ ɛdi hɔ

Aman du a asasewosoɔ taa sisi wɔ so pa ara

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Aman du a asasewosoɔ taa sisi wɔ so pa ara

Aman du a asasewosoɔ taa sisi wɔ so pa ara

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?