• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Amammerɛ

Bono abakↄsɛm ne Akanman abakↄsɛm mu twaka

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
10/06/2022
wɔ Amammerɛ
0 0
0
Bono abakↄsɛm ne Akanman abakↄsɛm mu twaka
0
SHARES
233
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Bɔ nsɛm yi tie: 

https://akannews.com/storage/2022/10/akan-news-bono-ABAKWAS3M.mp3

Abonofoↄ ne hwan nom? Akanfoↄ ne hwan nom? Bono asekyerɛ ne sɛn? Bono ne Akanman abakↄsɛm wↄ twaka biara kɛkɛ? Momma yɛmmu nkↄmpↄ nkↄhwɛ yɛn akyi, na yɛnhwɛ biribi ketewaa bi mfa yɛn abakↄsɛm ho, na yɛnhunu yɛn nkyi, na daakye yɛanya bi aka akyerɛ yɛn mma ne yɛn nananom, ɛfiri sɛ mpanin se: “Sɛ woyera wo dan safoa a, woda abↄntene.”

Mpɛn pii no, yɛkan Abonofoↄ ka Akanfoↄ ho deɛ, nanso nokwasɛm ne sɛ Bonoman nyɛ Akanman biara kɛkɛ, na ɛnyɛ twaka biara kɛkɛ na Bono abakↄsɛm ne Akanman abakↄsɛm wↄ. Akanman ahyɛaseɛ ne ne nnyinasoↄ nyinaa gyina Bonoman so. Sɛ yɛhwɛ mu yie a, mmerɛ bi a abɛsene kↄ no, na Bonoman na wↄfrɛ no Akanman.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Akanman yɛ nkurↄfokuo bi a wↄn kasa no ka Kwa kasakuo no ho a ɛyɛ Niger-Congo kasakuo  no fa bi. Binom nso frɛ no Tano kasa. Na sɛ yɛka Tano kasa no a na ne fapem firi Bonoman mu. Wↄdi ɛna adeɛ, na wↄmfa wↄn amammerɛ nni agorↄ koraa. Akanman mu ha, Ghanaman mu, ne mpo aman afoforɔ so no, ɛrekame ayɛ sɛ wɔn mu biara wɔ adwene bi a ɛreyɛ akɔyɛ bɔsrɛmka taa wɔn abɔseɛ akyi. Wobisa ebinom a wɔse wɔpue firii bɔn mu, ebi se wɔfiri asase ase, ebi se wɔfiri ewiem, ebi se wɔfiri nsuo mu, ebi nso se wɔyɛ aboa bi asefo ne ade. Saa ara nso na Abonofoↄ a na wↄn nko ara na na wↄfrɛ wↄn Akanfoↄ no wɔ adwene bi sɛ wɔpue firii “Amoowi” abodan a ɛwɔ Nkoransa, a ɛhyɛ nkuro a yɛfrɛ wɔn Pinihini ne Yɛfiri ntam mu. Abakɔsɛm ne nhwehwɛmu bi nso kyerɛ sɛ Ghanafoɔ nyinaa firi tete Ghanaman a na ɛne Guinea ne Mali wɔ hɔ no mu na wↄbɛsoɛɛ nnɛ Ghanaman mu. Sɛ yɛba nnɛ Ghana a, abakɔsɛm kyerɛ sɛ Bonoman ne Akanfoɔ a wɔtumi bɔ wuraa ɔman yi mu kane. Yei nti na yɛfrɛ wɔn “Abonofoɔ” no. Sɛ yɛka sɛ “Bono” a na yɛrekyerɛ sɛ wɔyɛ Akan abakan. Yei kyerɛ sɛ wɔn ne Akanman a Onyankopɔn dii kan de wɔn baa Ghana. Bonoman ankasa hyɛɛ aseɛ 1295. Asase a Akanfoɔ nyinaa tenaa so kane ne Takyiman a ɛwↄ Bonoman mu, Boahene (2001). Yei nti nnipa pii ka sɛ Bonoman ne Akan piesie. Wɔnyaa kwan kɔtenaa Moosifoɔ kurom kakra wɔ berɛ a wɔwuraa Ghana ha yi no, na wɔtoaa so nenamm mu ara kɔsii sɛ wɔbɛpuee Amoowi abodan no mu bɔɔ wↄn ho adwaa.

Osukɛseɛ bi a asasewosoɔ ne agradaa di akyire tɔeɛ maa deɛ na wɔhyia no bu guu mu. Anigyesɛm a na ɛwɔ mu ne sɛ, na nnipa nni abodan no mu saa berɛ no, enti obiara ho ante kyema. Saa nti na wɔntumi nhyia beaeɛ hɔ bio, enti wɔhyɛɛ aseɛ sisii dɔtedan ne mpatadan tutu firii abodan no mu bɛtenaa mu. Wɔnam saayɛ so bɛkyekyeree kuro a wɔfrɛ no “Yɛfiri”, a asekyerɛ nie; berɛ a ɔbodan no bu guu mu a obiara refiri abɛkyekyere n’akuraa no, sɛ obi hyia ne yɔnko a na wabisa no sɛ “Eii menua wo nso woafiri?”  na ɔno nso agye so “Aane oo onua, mafiri”. Ɛnam so maa yɛbɛnyaa edin, “Yɛfiri” de too beaeɛ a wɔhyɛɛ aseɛ kyekyeree wɔn nkuraa no.

Wɔn aduane a na wɔdi no saa berɛ no ara ne ɛnam. Enti obi kyinkyini wɔ ahayɔ mu na ɔkɔhunu asase a nsuo ne nnuaba a nnipa tumi di wɔ so, na ɔbɛnya ɛnam wɔ ha a na ɔne n’abusua akɔdua saa beaeɛ hɔ, ɛsiane sɛ, onipa ntumi ntena wɔ berɛ a nsuo ne aduane nka ne ho. Yei nti, yɛka biribi sɛ “Bonokyɛmpem Duaduakwa”, a asekyerɛ ne sɛ, wɔduaduaa wɔn abusua no ne wɔn man no wɔ asase no so kwa, berɛ a wɔfirii abodan no mu no. Wɔkyekyeree nkuro no ara bɛduruu Bonomanso, na wɔhunuu sɛ ɛhɔ yɛ a ɛbɛboa wɔn no, wɔtenaa hɔ kyɛree yie kɔsii sɛ kuro no nyiniiɛ, na wɔde ɛhɔ yɛ wɔn ahenkuro.

Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ wɔn Nana a ɔdii wɔn anim de wɔn bɛwuraa abodan no mu saa berɛ no din de Nana Asaman. Wei didi mu ara na nnipa no bi hyɛɛ aseɛ tetee wↄn ho firii ebinom ho bↄↄ aporↄ kↄↄ nsase no so kↄhunuu mmeaeɛ a wↄn nso ani bɛgyeɛ yɛɛ wↄn man wↄ hↄ.

Sɛ yɛhwɛ Mfantsefoɔ sei a, wↄyɛ Akan kasakuo ahodoɔ no mu baako, na wɔdɔɔso yie. Mfantsefoɔ ase firi kane Ghanaman a na ɛwɔ Sahara, sɛdeɛ Akanfoɔ nkaeɛ no abɔseɛ kyerɛ no. Wɔtu firii Takyiman, Kane Bonoman ne Akanman mu kɔɔ Ghana anafoɔ fam mpoano. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ, wɔn adikanfoɔ; Ɔsono, Oburumankoma ne Ɔdapagyan na wɔdii wɔn anim maa wɔtee wɔtee wɔn ho firii Akanfo nkaeɛ no ho. Wɔduruu Mankɛsim no, na wɔn a wɔte hɔ no frɛ beaeɛ hɔ “Adoakyir”. Mfantsefoɔ maa saa nnipa yinom din sɛ “Etsirfuifo” ɛsiane sɛ, wɔhunuu wɔn no, na wɔn tirinwii afufu nkuhaankuhaa. Mfantefoɔ ne Adoakyirfoɔ koeɛ maa wɔdii wɔn so nkunim, na wɔsesaa beaeɛ no din yɛɛ no Mankɛsim (Ɔman kɛseɛ mu). Mfantseman din no abↄseɛ yɛ “Fa a atsew wↄn ho,” ɛnna yɛaka ara ama no abɛyɛ Mfantsefoↄ. Saa ara na Akanman nkaeɛ no nso tetee wↄn ho ara a nnɛ, yɛanya Akanman pii no.

Afei, sɛ yɛfa Akan kasa nkorabata no mu baako a ɛyɛ Twi a, abakↄsɛm kyerɛ sɛ yɛnyaa saa “Twi” din yi firii Bono hene bi a na wↄfrɛ no Nana Twi din mu. Ne saa nti kasa a Bono foↄ ka no yɛ Bono Twi a ɛno nso yɛ Twi kasa no nkyekyɛmu no bi. Wei ma yɛnya Twi kasa ahodoↄ mmiɛnsa; Asante Twi, Akuapem Twi, Bono Twi, nanso ɛsiane sɛ wↄnnya ntwerɛɛ Bono Twi no wↄ sukuu ahodoↄ mu nti, nnipa binom nim sɛ ɛnka Twi no ho, na yɛn ankasa Akanfoↄ no bi bu kasa no abonfiaa, na ɛtↄ da mpo a wↄhyɛ wↄn a wↄka no so sɛ ɛmma wↄnka na ɛyɛ wↄn tan. Twi kasa a wↄdii kan Twerɛeɛ ne Akuapem Twi, na ɛno na wↄdii kan de twerɛɛ Twerɛ Kronkron no wↄ Twi kasa mu.

Afei, agudetuo a agye din, ne sikakↄkↄↄ a agye din yi nyinaa fapem ne Bono ahemfo a na Oburumankoma di mu akotene. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, mfeha a ɛtↄ so 12 no mu no, Abonofoↄ nhemfo hunuu sika kↄkↄↄ wↄ Asuo Twi, Pradom, ne Asuo Tain mu, na wↄhyɛɛ aseɛ yɛɛ agudetuo a mmara ma wↄn ho kwan ho adwuma. Ɛnam wei so maa Abonofoↄ bɛyɛɛ adefoↄ pa ara a na nnipa firi ↄman yi mu nyinaa ne mpo aman afoforↄ so kↄkari wↄn sika wↄ Bonoman mu.

Menam saa akwanya yi so resrɛ asoɛeɛ a ɛwↄ kasa ne amammerɛ so no sɛ, yɛnim sɛ wↄgu so redi ho dwuma sɛ wↄbɛtwerɛ Bono Twi no deɛ, nanso anka ɛyɛɛ ntɛm kakra a anka ɛyɛ, ɛfiri sɛ nhwehwɛmu ne adesua kyerɛ sɛ, sɛ yɛyi yɛn ani ma kasa bi pii a ɛwu. Bolingo nso anisoadehunu titire baako ne sɛ wↄbɛhyɛ Abibirem ha kasa no mu kena. Afei, sɛ yɛde kasa na ɛdi dwuma yi, yɛbɛsrɛ sɛ yɛyɛ nnipa deɛ, nanso mommma yɛnnhyɛ obi mma no nnyae ne kasa ka, ɛfiri sɛ, mpanin se: “Sɛ wo werɛ firi wo kurom hene mmɛntia a, woyera wↄ adwabↄ ase.”

Hyɛ no nso, memfa saa nsɛm yi nkyerɛ sɛ Akanman no bi di mu sene ebi. Ɛyɛ adeɛ na yɛresua.

Akanman wↄ adze… Akanman wↄ adze…Akanman wↄ adze a oye!!!

NWOMA NE MMEAEƐ A MENYAA MMOA.

Arhin, K. (1979). Brong Kyempim: Essay on the Society, History and Politics of the Brong

Boahene, A. (2001). Comprehensive Notes on Ghanaian Languages & Culture. Suhaw

Printing Press.

https://en.wikipedia.org/w/index.php? titli=fante_people&oldid=1035956489.

[http://www.ghanatody.com/showbiz/index2?option=com_content&task=email form&id=78 itemid=2] accessed, 2021 August 25.

Menyaa mmoa firii Nana Owusu Gyare a ↄdi Takyiman nkonnwa atitire no bi hↄ.

Tags: AbakɔsɛmAkan piesieAkanmanAmammerɛBonomanMfantsefoɔNana AsamanNana Owusu GyareNana TwiOburumankoma ne ƆdapagyanƆsono
Deɛ atwam

Wↄde ɛboↄ foforↄ a wↄde rebɛtoto kookoo so no bɛto dwa nnawↄtwe a yɛbɛsi mu no ahyɛaseɛ- Asoɛeɛ a ɛhwɛ Kuayɛ nsɛm so

Deɛ ɛdi hɔ

Apolisifoↄ akyere owura bi a na ↄreboro abↄtↄfoa bi wↄ kasamfonin bi a ɛgyee ntrɛha no mu no

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Awaregyaeε mu hyireguo mu nneyεeε nnum binom mu mu mpεnsεmpεnsεmumu asukᴐ dᴐ
Adesua

Awaregyaeε mu hyireguo mu nneyεeε nnum binom mu mu mpεnsεmpεnsεmumu asukᴐ dᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
07/26/2023
Ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛko ma Abibirem kasa ahoroɔ no – Brady ne Kaitlyn, ahɔhoɔ a wɔsene ɔmani
Adesua

Ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛko ma Abibirem kasa ahoroɔ no – Brady ne Kaitlyn, ahɔhoɔ a wɔsene ɔmani

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/19/2023
So, na awaregyaeε yε mmrε kane no sε εnnε yi?
Adesua

So, na awaregyaeε yε mmrε kane no sε εnnε yi?

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
07/18/2023
Deɛ asɛmfua “Zion” a Asantehene rekasa a n’Akyeame ka no kyerɛ.
Adesua

Deɛ asɛmfua “Zion” a Asantehene rekasa a n’Akyeame ka no kyerɛ.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/17/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Apolisifoↄ akyere owura bi a na ↄreboro abↄtↄfoa bi wↄ kasamfonin bi a ɛgyee ntrɛha no mu no

Apolisifoↄ akyere owura bi a na ↄreboro abↄtↄfoa bi wↄ kasamfonin bi a ɛgyee ntrɛha no mu no

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?