• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Amanyɔsɛm

Wↄde Owura William Ruto asi akonnwa so sɛ Kenya mampanin nnɛ.

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/13/2022
wɔ Amanyɔsɛm
0 0
0
Wↄde Owura William Ruto asi akonnwa so sɛ Kenya mampanin nnɛ.
0
SHARES
49
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Abatoↄ huuhu a ɛsɛee kabimamenkabi wↄ Nairobi, Kenya no akyiri no, wↄde asomdwoeɛ asi wↄn mampanin nnɛ, a nnipa ahodoↄ ne akukudam a wↄfiri wiase afanan nyinaa kↄↄ bi de wↄn animuonyam kↄtaa akyire. Nanso ɛyɛ adeɛ a Owura Odinga ankↄ dwumadie no ase bi. Nnipa binom susu sɛ wankↄ bi ɛfiri sɛ, ne bo nnwo Owura Ruto nkunimdie no so.

Nnipa bɛyɛ 60,000 bↄ pee so wↄ Moi International Sport Center a ɛwↄ Kenya firi anↄpa nnↄnum himuu ↄman no frankaa a ɛnyɛ agorↄ koraa ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ da kɛseɛ pa ara wↄ Kenya foↄ abrabↄ mu. Ne nyinaa ne sɛ, wↄde William Ruto asi adwa so sɛ Kenya mampanin. Nhwehwɛmu mpo kyerɛ sɛ nnipa binom pirapiraeɛ pa ara, berɛ a wↄrepere awira beaeɛ hↄ no. Bammↄfoↄ a na wↄwↄ hↄ yeree wↄn bammↄ mu yie sɛ wↄmma nnipa nwira beaeɛ hↄ pii, nanso ankↄsi aga.

Wↄwoo Owura Ruto a wayɛ mampanin abɛdiakyire wↄ ↄman no mu mfeɛ du akyi no wↄ akuraa ketewa bi a ɛwↄ Kenya. Na ↄyɛ Owiemfoↄ ba a ↄfiri abusua aNyamesuro wↄ mu mu. Na ↄdua aburo, a mpo ɛsiane ahokyerɛ nti, na ↄde ne nan to fam akↄ sukuu, . Wei si so dua sɛ, obi nnim ↄbrempↄn ahyɛaseɛ. Ↄdaa n’anigyeɛ a ↄwↄ wↄ amanyↄsɛm ho wↄ 1990.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Nkaebↄ a ɛbɛtↄ dwa kyerɛ sɛ, Owura Ruto amma ho kwan amma nsɛntwerɛfoↄ a wↄwↄ ↄman no mu anni wↄn dwuma wↄ dwumadie yi ase, agye baako pɛ bo a wↄfrɛ no Multichoice nko ara. Sɛ wohwɛ mu a, Owura Ruto de soboↄ bↄↄ nsɛntwerɛfoↄ sɛ wↄyɛɛ nyiyimu tiaa no berɛ a na wↄrebↄ ntoa de wↄn nsɛm akↄtoto atoto ↄmanfoↄ anim no. Nnipa binom kyerɛ sɛ, wei nti na wↄamma wↄn kwan saa no.

Owura Ruto ahonya bebrebe yi nyinaa akyiri no, nhwehwɛmu kyerɛ sɛ ↄde ne ntoabↄ no kↄↄ abrɛfoↄ so. Wↄn ntoabↄ no mu no, ↄne Ↄmampanin Uhuru Kenyatta a na ↄyɛ ne panin a ↄtaa Owura Odinga  a na ↄne no repre akonnwa no akyi no bↄↄ mpu ne mpu. Owura kyenyatta amma Owura Ruto tirinkwa wↄ saa berɛ yi mu ara de bɛsi Dwoada anwummerɛ a ↄmaa no akwaaba wↄ Ↄmampanin asoɛeɛ no.

Owura Ruto dii nkunim wↄ abatoↄ no mu Ↄsanaa da a ɛtↄ so 9, nanso na kwan ketewaa bi na na ɛda ↄne Raila Odinga ntam. Owura Ruto nyaa abatoↄ no mu ↄha mu nkyekyɛmu 50.5, ɛnna Owura Odinga nyaa ↄha mu nkyekyɛmu 48.8. Owura Odinga anye abatoↄ no so nsunsuansoↄ no antom, na ↄde asɛm no kↄↄ Asɛnnibea Kɛseɛ mu. Nanso nnawↄtwe a atwa mu yi ara mu no, wↄgyaee asɛm no mu maa Owura Odinga nso gye too mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a basabasayɛ biara nsi, na asomdwoeɛ bɛba, na wↄde nkunim abotire no bↄↄ Ruto.

Owura yi agye adesoa ne amaneɛ a ↄman yi rekↄ mu no ato ne ho so. Sikasɛm mu haw, ↄman no sikasɛm a atↄ nsuom, ɛka, nneɛma boↄ a ɛrekↄ soro, aduane ne fangoo boↄ a ɛregye nsamu ɛsiane Ukraine ntↄkwasɛm yi, ne ɛka ne ɛkↄm a aba ↄman no mu nyinaa da Owura William aba mu. Ↄman no mu nnipa pii wↄ gyidie wↄ ne mu sɛ ↄbɛtumi ayɛ ama no aboro so.

Yɛma Owura William Ruto tirinkwa, na yɛrehwɛ n’anim sɛ ↄmma ne manfoↄ gyidie a wↄwↄ wↄ ne mu no nyɛ gyan, na wↄn nsa nsi fam.

Tags: KenyaKenyattaOdingaRuto
Deɛ atwam

ASANTE KOTOKO ADI RC KADIOGO SO NKUNIM

Deɛ ɛdi hɔ

LƆRE AKWANHYIA AKUM NNIPA MMIƐNSA WƆ SUNYANI NE TECHIMAN KWANTEMPƆN NO SO

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm
Adesua

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/09/2023
Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro
Adesua

Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/05/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ
Amanyɔsɛm

Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
04/18/2023
IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu
Amanyɔsɛm

IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
04/16/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
LƆRE AKWANHYIA AKUM NNIPA MMIƐNSA WƆ SUNYANI NE TECHIMAN KWANTEMPƆN NO SO

LƆRE AKWANHYIA AKUM NNIPA MMIƐNSA WƆ SUNYANI NE TECHIMAN KWANTEMPƆN NO SO

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?