• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Amammerɛ

Tete amammerɛ ne amanneɛ binom a yɛato atwene ne sɛdeɛ aka yɛn asetena ɛnnɛ – Ɔfa 1

Bragorɔ ne Kyiribra

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
10/17/2022
wɔ Amammerɛ
1 0
0
Tete amammerɛ ne amanneɛ binom a yɛato atwene ne sɛdeɛ aka yɛn asetena ɛnnɛ – Ɔfa 1
0
SHARES
1.3k
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Tete no, akwan ahodoɔ a yɛn nananom faa so bɔɔ wɔn bra no yɛ sononko koraa firi sɛdeɛ asetena teɛ ɛnnɛ no ho. Nsonsonoeɛ baako a ɛwɔ tete asetena ne ɛnnɛ deɛ no mu ne anibue. Ɛwom sɛ na yɛn nananom fa akwan ahodoɔ so bɔ wɔn bra deɛ, nanso na anibue a ɛwɔ hɔ saa berɛ no nnuru ɛnnɛ deɛ yi. Yei kyerɛ sɛ tete asetena no nyɛ papa anaa?

Sɛdeɛ mpanimfoɔ aka no, da bi asɛm nti na yɛdɔ kɔto kwadu gyam ho. Sɛ yɛhwɛ sɛdeɛ yɛn nananom tenaa ase tete no, de Nyamesuro bɔɔ wnɔ bra, ne sɛdeɛ ɛnnɛmmafoɔ reyɛ wɔn ho ɛnnɛ a, adanseɛ pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ tete anibue no boaa yɛn nananom wɔ akwan pii so. Ɔtorofoɔ na ɔka sɛ me danseni wɔ aburokyire. Yei nti, yɛrebɛhwɛ tete amammerɛ ne amanneɛ binom a yɛayi wɔn akwa ɛnnɛ, ne mfasoɔ a na wɔnya firi so.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Tete amammerɛ baako a na yɛn nananom nni ho agorɔ koraa ne bragorɔ. Yɛka bragorɔ a, ɛyɛ amammerɛ a na Akanfoɔ nam so pagya wɔn mma mmaayewa kɔ wɔn mpanin mfeɛ so. Saa berɛ no, na ɛyɛ bragorɔ nko ara na ɛbɛdi adanseɛ sɛ ɔbaa bi aso awareɛ anaasɛ ɔbɛtumi ne ɔbarima atena wɔ amammerɛ kwan so. Mfasoɔ bɛn na na ɛwɔ saa amammerɛ yi so?

Bragorɔ so mfasoɔ dɔɔso bebree nanso wo deɛ, ma yɛnni kan nhwɛ bragorɔ mu amanneɛ no bi. Bragorɔ mu no, na wɔde nneɛma binom ka ɔsakyima, ɔbaa a wɔregoro no bra, no ano. Saa nnoɔma yinom ne mako, nkyene, kosua ne sonowedeɛ. Nnoɔma nan yi mu biara wɔ n’asekyerɛ na ɛboa ɔsakyima no wɔ akwan pii so.

Ma yɛnhwɛ nnoɔma a wɔde ka ɔsakyima no ano no mu biara ne deɛ ɛkyerɛ.

Deɛ ɛdi kan ne mako. Akanfoɔ regorɔ bra a, wɔde mako nketenkete binom a wɔfrɛ no mmesoaa bɛhyɛ ɔsakyima no anom ama no abobɔ mu aporo agu. Wɔbɛyɛ no saa ara mprɛnsa kɔpem sɛ ɔbɛbobɔ mako no mmiɛnsa mu aporo agu. Wɔde yei kyerɛ ɔsakyima no sɛ afei a wabɛyɛ ɔpanin yi, ɛsɛ sɛ ɔde hyɛ ne tirim sɛ ɔbra bɛhyehye no te sɛ mako. Ɔbɛhyia nsɛm binom a ɛbɛma no ate yea wɔ asetena mu. Yei boa pa ara, ɛfiri sɛ na ɛma mmaayewa no da wɔn ho so wɔ abrabɔ mu.

Afei, adeɛ a ɛtɔ so mmienu a wɔde ka ɔsakyima no ano ne nkyene. Ɛno nso, na wɔma no bobɔ nkyene aboɔ mu mprɛnsa poro ne nyinaa gu. Deɛ na yei nso kyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔsakyima no hunu sɛ, sɛdeɛ frɔmfrɔm nte hɔ daa no, saa ara na ɛnyɛ daa nyinaa na nnipa bɛdi awerɛhoɔ. Ɛno nti, sɛ ɔbra hyehye no te sɛ mako mpo a, mmerɛ bɛdane ama no ate nsɛm a ɛyɛ anigyeɛ na ɛyɛ dɛ te sɛ nkyene. Ɛno nso, na ɛkyekyere ɔsakyima no werɛ wɔ abrabɔ mu.

Bio, adeɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa ne kosua a wɔanoa. Yɛka kosua wɔ bragorɔ mu a, nnipa binom adwene yɛ wɔn sɛ ɛyɛ kosua a yɛanoa ayi ne hono no nyinaa kɛkɛ nanso ɛnte saa. Mmom, bragorɔ mu kosua a wɔde ka ɔsakyima no ano no yɛ kosua a wɔanoa ayi ne hono asane ayi kosua fitaa no ama no aka adeɛ mmerɛmmerɛ a ɛhyɛ kosua no mu a wɔfrɛ no yooku no nko ara. Afei, wɔde yooku no hyɛ ɔsakyima no anom.

Ahyɛdeɛ a ɛwɔ yei ho ne sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔsakyima no de ne se bɔ kosua no mu na mmom, ɛsɛ sɛ ɔmoko na ɔmene. Ɔde ne se bɔ mu a, na Akanfoɔ gye di sɛ ɔrenwo ba ɛfiri sɛ wɔde kosua no bɔ mmadwowa gu ɔsakyima no yam na ama no atumi awo mma. Yei nso boa maa ɔbaa a wɔgoroo no bra tete no biara nyaa yafunu woo ba. Yei nti sɛ wɔgoro ɔbaa bi bra na wanwo a, na ɛkyerɛ sɛ asɛm bi wɔ hɔ.

Adeɛ a ɛtwa toɔ a Akanfoɔ de ka ɔsakyima no ano ne sonowedeɛ. Yɛka sonowedeɛ a, ɛyɛ ɔsono wedeɛ. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, ɔsono yɛ aboa ne wedeɛ yɛ den yie pa ara. Yei nti, Akanfoɔ bragorɔ mu no, na wɔnoa sonowedeɛ yi bi de ka ɔsakyima no ano mprɛnsa. Wɔma no ka sini bi wesa, na waporo agu. Wɔyɛ no saa ara mprɛnsa.

Sonowedeɛ yi nso asekyerɛ ne sɛ, sɛdeɛ ɔsakyima no ahunu sɛ sonowedeɛ yɛ den no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔma ne ho yɛ den wɔ abrabɔ mu. Awareɛ, awoɔ, abateteɛ ne abrabɔ bɛtwa no mmaa wɔ akwan pii so, na ɔremfa no ahogono so koraa. Nanso ne nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ ɔma ne ho yɛ den sɛ sonowedeɛ.

Yei nso boaa asakyima no pa ara ɛfiri sɛ, na ɛremma wɔn abam mmu ntɛm wɔ abrabɔ mu. Afei, wɔtumi gyinaa ɔhaw ne abenedie bebrebe ano wɔ asetena mu. Bio nso, na ɛyɛ den sɛ wɔbɛsi wɔn ntomago wɔ abɔntene ɛfiri sɛ, na wɔnim sɛ amaneɛ a wɔrefa mu no ka abrabɔ no ho. Ne saa nti, na wɔyere wɔn ho sɛ wɔɛtumi agyina ano. Saa amanneɛ yinom nyinaa na wɔfrɛ no anoka no. Onipa a ɔhwɛ goro mmaa bra tete no, wɔfrɛ no Brahemmaa. 

Saa berɛ yi a amanneɛ no rekɔ so no nyinaa na ɔman anaa kuro no mu nnipa nyinaa abɔ dwa kɛseɛ. Afei, mmaa mpanimfoɔ ne mmaayewa nyinaa de ahurusidie ne nwontoɔ di asa hyɛ ɔsakyima no ne n’abusuafoɔ nyinaa animuonyam.

Amanneɛ ahodoɔ a yɛabobɔ so yinom da nkyɛn a, ɔsakyima no awofoɔ, n’abusuafoɔ, ne nnamfonom ne n’adɔfoɔ brɛ no akyɛdeɛ bebree. Akyɛdeɛ no bi te sɛ, ntoma, mpaboa, ntaadeɛ, kyɛnsee, bokiti, asomuadeɛ, kɔnmusadeɛ, ahwenneɛ, prɛte, nnuane, ne adeɛ biara a ɔbaa tumi de kɔ awareɛ anaasɛ ɔbɛtumi de ayɛ ne ho.

Yei nso da nkyɛn a, bragorɔ no akyi no, wɔhyɛda yi nnawɔtwe si hɔ de som ɔsakyima no, kyerɛkyerɛ no efie adeyɔ ne abrabɔ mu mpaninsɛm bebree. Saa berɛ no na wɔkyerɛ no aduanenoa, ahosiesie ne ɛdan mu asiesie, awareɛ ne ɔbaa asɛdeɛ wɔ awareɛ mu, nneɛma binom a ɛbɛtumi agu n’awareɛ ne afei abateteɛ ho nsɛm nyinaa.

Nnawɔtwe a wɔde kyerɛkyerɛ no saa nneɛma yi nyinaa na Akanfoɔ ka sɛ ɔsakyima no wɔ Mpapadan mu anaa Brafie no. Ɔwɔ mpapadan mu anaa brafie saa a, ne nnamfonom nyinaa bɛsom no te sɛ ɔhemmaa pɛpɛɛpɛ. Wɔsi ne nnoɔma, prapra ne fie, gyegye n’ani. Yei ma no yɛ anika ne ahomeka pa ara sɛ ɔbaa biara bɛhwɛ ne ho so yie ama wɔagoro no bra, na na ɛyi akwadworɔ firi mmaayewa mu ma wɔsua efie adeyɛ ne asetena pa.

Megye di sɛ woahunu sɛ mfasoɔ bebree wɔ bragorɔ so pa ara. Nanso mpanimfoɔ se, “Yɛtu wo fo na woantie a, wokɔ anteade.” Sɛ saa deɛ a, sɛ ɔbaa bi antwɛn amma wɔangoro no bra na ɔne ɔbarima kɔdi mpa mu agorɔ a, tete no, na wɔyɛ no deɛn? Yɛbɛyi asɛmmisa yi ano wɔ ɔfa 2 no mu.

Tags: bragoroBragorɔCulture and TraditionsCulture of AshantisJoseph Aboagye
Deɛ atwam

Wɔabɔ Nigeriafoɔ 16 afiri ɔman Ghana mu ɛnam kwan bɔne a wɔnam kɔmputa so redi dwuma nti.

Deɛ ɛdi hɔ

Ɔfa 2 – Tete amammerɛ ne amanneɛ binom a yɛato atwene ne sɛdeɛ aka yɛn asetena ɛnnɛ

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Awaregyaeε mu hyireguo mu nneyεeε nnum binom mu mu mpεnsεmpεnsεmumu asukᴐ dᴐ
Adesua

Awaregyaeε mu hyireguo mu nneyεeε nnum binom mu mu mpεnsεmpεnsεmumu asukᴐ dᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
07/26/2023
Ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛko ma Abibirem kasa ahoroɔ no – Brady ne Kaitlyn, ahɔhoɔ a wɔsene ɔmani
Adesua

Ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛko ma Abibirem kasa ahoroɔ no – Brady ne Kaitlyn, ahɔhoɔ a wɔsene ɔmani

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/19/2023
So, na awaregyaeε yε mmrε kane no sε εnnε yi?
Adesua

So, na awaregyaeε yε mmrε kane no sε εnnε yi?

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
07/18/2023
Deɛ asɛmfua “Zion” a Asantehene rekasa a n’Akyeame ka no kyerɛ.
Adesua

Deɛ asɛmfua “Zion” a Asantehene rekasa a n’Akyeame ka no kyerɛ.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/17/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Tete amammerɛ ne amanneɛ binom a yɛato atwene ne sɛdeɛ aka yɛn asetena ɛnnɛ – Ɔfa 1

Ɔfa 2 - Tete amammerɛ ne amanneɛ binom a yɛato atwene ne sɛdeɛ aka yɛn asetena ɛnnɛ

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?