• Twi
  • Fante
01:05:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Nokwasɛm dunum binom nti a ɛsɛ sɛ wonom nsuo berɛ biara

Mfasoɔ a onipa nom nsuo a ɔnya

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
01/03/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Nokwasɛm dunum binom nti a ɛsɛ sɛ wonom nsuo berɛ biara
0
SHARES
465
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Nsuo yɛ aduro baako a ɛbɔ onipa ho ban firi nyarewa binom te sɛ, nnompe mu yareɛ, asaaboɔ mu yareɛ, akomayareɛ ne kokoram ho. Onipa nom nsuo pii a, ɛboa ma adwene no tumi yɛ adwuma yie. Afei nso, ɛsane boa ma akwaa ahodoɔ a ɛwɔ wo mu no tumi yɛ adwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so na ɛyi ɛfi ne nkekaeɛ biara a ɛbɛtumi apira nipadua no pue.

Adesua yi mu no, yɛrebɛka nokwasɛm dunum binom nti a ɛsɛ sɛ wonom nsuo pii.

Nokwasɛm 1

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Nipadua no mu ɔha mu nkyɛmu aduosia (60%) yɛ nsuo. Nsuo a ɛwɔ mmarima mu no dɔɔso kyɛn deɛ ɛwɔ mmaa mu, na nsuo bɛyɛ ɔha mu nkyɛmu aduowɔtwe (80%) na ɛka bom yɛ abɔfra. Wo nipadua no akwaa biara hia nsuo na atumi ayɛ adwuma yie. W’ahrawa, w’asaabo, wo ntini, wo mogya, w’akoma, ne w’adwene nyinaa hia nsuo ansa na atumi ayɛ adwuma sɛdeɛ ɛsɛ.

Nokwasɛm 2

Nsuo na ɛma nkwa mframa a wɔfrɛ no ɔsegyen no tumi wurawura nipadua no mu baabiara. Yɛfa mogya a, ɛmu ɔha mu nkyɛmu aduokron (90%) yɛ nsuo, ɛnna mogya no nso na ɛde nkwa mframa no kyinkyini nipadua no mu kyekyɛ ma akwaa ahodoɔ no nyinaa.

Nokwasɛm 3

Nsuo boa ma honam no nya ahoɔden na ɛma wo honam ani yɛ fɛ nso. Sɛ ɛkɔba sɛ nsuo a ɛwɔ wo nipadua no mu sua a, ɛbɛtumi ama nyarewa binom atotɔ wo honam ani na ɛbɛtumi ama no atwintwam ntɛm te sɛ obi a wanyini abɔ aberewa anaa akwakora honam. Wonom nsuo pii a, ɛbɛbɔ wo nipadua no ho ban afiri nyarewa ahodoɔ bebree ho.

Afei nso, ɛbɛtumi aboa ama wo honam no anya ahoɔdennuro bi a wɔfrɛ no kolagyen. Saa kolagyen yi boa ma wo nipadua no yɛ fɛ, ɛma wo ntini ne wo nnompe tumi hyehyɛ yie sɛdeɛ ɛbɛboa ama wo ho ayɛ fɛ.

Bio nso, ɛma wo nkwammoa a ɛma woyɛ ɔbarima anaa ɔbaaa no nya ahoɔden na asane nso abɔ wo ho ban afiri nsunsuansoɔ bɔne a awia ano hyeɛ tumi de ba no ho.

Nokwasɛm 4

Wonom nsuo pii a, ɛbɔ w’adwene, w’akyi brɛmoo, ne nipadua akwaa afoforɔ binom a ɛho bɛtumi aka ntɛm no ho ban. Nsuo a ɛwɔ wo nipadua mu no nnɔɔso a, ɛbɛtumi aka adwene no, na ɛmma no ntumi nyɛ adwuma sɛdeɛ ɛsɛ.

Bio nso, wonom nsuo pii a, ɛboa ma nipadua no tumi yɛ nkwammoa a ɛma wonya atenka no bebree, na ɛma nkwammoa a ɛma wote sɛ biribi yɛ nwunu anaa ɛyɛ hye no nso tumi yɛ adwuma yie.

Nsuo a ɛwɔ wo nipadua no mu sua a, w’adwene no ntumi nyɛ adwuma sɛdeɛ ɛsɛ. Yei kyerɛ sɛ, sɛ wodwene a ɛnsisi so.

Nokwasɛm 5

Nsuo boa ma nipadua no mu hyeɛ anaa ɛmu nwunu no gyina yie. Nipadua no mu yɛ hye a, nsuo a nipadua no akora so wɔ wo honam no mfimfini no pue ba wo honam ani sɛ mfifire. Saa mfifire yi repue firi honam no ani nyinaa na ɛredwo ɔhyew a ɛwɔ nipadua no mu no ano.

Yei nti, ɛho hia pa ara sɛ wonom nsuo pii sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wo nipadua no mu hyeɛ ne ɛmu nwunu no bɛtumi agyina faako. Woyɛ adwumaden, wofa awia so anaa ɔhyew ka wo nipadua no pii a, nipadua no hwere nsuo wɔ mfifire a ɛte wo no mu.

Nokwasɛm 6

Nsuo na nipadua akwaa a ɛyam nnuane no de yɛ adwuma. Wo nsono hia nsuo ansa na atumi ayɛ adwuma sɛdeɛ ɛsɛ. Ne saa nsti, sɛ nsuo nnɔɔso wɔ wo nipadua no mu a, ɛbɛtumi ama wo nipadua akwaa a ɛyam nnuane no ho aba asɛm, wo yam bɛtim na ɛbɛtumi nso  ama ased a ɛwɔ wo yam no aboro so. Ɛno na ɛde akomahyehyeɛ ne kuro ba yam.

Nokwasɛm 7

Nsuo hohoro nipadua no mu fi. Ɛfi a ɛpue firi nipadua no mu wɔ mfifire, dwonsɔ ne agyanan mu no nyinaa hia nsuo ansa na atumi apue wɔ ɔkwan a ɛfata so.

Nokwasɛm 8

Ɛboa ma wo mogya no yɛ adwuma yie. Nsuo nni wo nipadua no mu a, ɛbɛtumi ama wo mogya ada, na yei bɛtumi de mogyammorosoɔ aba.

Nokwasɛm 9

Ɛboa bɔ w’asaabo ho ban na ansɛe. W’asaabo no na ɛsɔne biribiara a ɛyɛ nsuo a ɛwura nipadua no mu no so. Yei nti, sɛ nsuo nnɔɔso wɔ wo nipadua no mu a, ɛbɛtumi ama aboɔ aba w’asaabo no mu na wobɛtumi nso anya asaaboɔ mu haw afoforɔ nso. W’asaabo bɛtumi ayɛ adwuma yie a, nsuo ho hia pa ara.

Nokwasɛm 10

Nsuo na ɛma ntasuo ne ahorɔ ba nipadua no mu. Ntasuo boa ma nnuane a yɛwesa tumi yam yie. Ɛsane nso boa ma nsuo ba yɛn anom,  yɛn hwenem, ne yɛn ani so. Yei boa pa ara na saa akwaa yinom atwintwam ansɛe. Wonom nsuo pii nso a, ɛma w’anom da hɔ yie na ɛhohoro ɛfi biara firi w’anom. Wote adɔkɔdɔkɔdeɛ bebree a wodi anaa wonom no so na wonom nsuo a, ɛbɛtumi abɔ wo ho ban na woannya kaka.

Nokwasɛm 11

Ɛbɔ nkwammoa nketenkete a ɛwɔ wo nipadua mu no ho ban, na ɛsane bɔ w’akyi berɛmoo ne w’apɔ so nso ho ban. Wonom nsuo pii a, ɛma wo nnompe tumi twan ne ho wɔ w’apɔ so, na w’akyi berɛmoo nso tumi kyinkyim yie. Yei bɛboa ama wo ho atumi abae wo berɛ biara a wobɛyɛ adwumaden binom na ɛbɛsan nso abɔ nipadua no ho ban afiri nyarewa binom te sɛ sasaborɔ ho.

Nokwasɛm 12

Nsuo boa ma wotumi yɛ adwuma a wonte brɛ. Woreyɛ adwumaden biara a, ɛho hia pa ara sɛ wonom nsuo pii. Nnipa a wɔtu mmirika ne wɔn a wɔbɔ bɔɔlo tumi hwere wɔn mu duro bɛyɛ ɔha mu nkyɛmu nsia kɔpem du (6-10%). Yei nti, sɛ wɔnom nsuo pii a, ɛboa pa ara.

Nokwasɛm 13

Ɛboa ma wo so tumi te. Nhwehwɛmu ada no adi sɛ, sɛ mmaayewa ne mmaa mpanimfoɔ a wɔayɛ kɛse aboro so no nom nsuo pii a, ɛtumi boa ma sradeɛ a ada wɔn nipadua mu no nane ntɛm. Ne nsaa nti, sɛ obi tenetene n’apɔ mu, ɔdidi yie na ɔnom nsuo pii a, ɛbɛtumi aboa ama ne so ate koraa.

Nokwasɛm 14

Ɛboa ma wotumi susu nneɛma ho yie, wotumi dwene yie, na wotumi nso de w’adwene si biribi so a biribia ntwetwe w’adwene. Nhwehwɛmu ada no adi sɛ, sɛ obi annom nsuo pii a, ɛbɛyɛ den sɛ ɔbɛtumi asusu nneɛma ho akɔ akyiri, ɔbɛtumi adwene yie anaa ɔbɛtumi de n’adwene asi biribi so a biribiara ntwetwe n’adwene. Wonom nsuo pii nso a, ɛma wotumi kae nneɛma ntɛm.

Nokwasɛm 15

Ɛboa ma w’ani gye. Nsuo a ɛwɔ wo nipadua no mu sua a, ɛbɛtumi aka w’anigyeɛ nso ɛfiri sɛ, ɛma wote brɛ wɔ wo nipadua mu, w’adwene tu fra na wodwennnwene bebree.

Nsɛm yi nyɛ aduroyɛ ho akwankyerɛ biara. Mmom, ɛyɛ nsɛm a wɔatwerɛ sɛ adesua nsɛm. Yei nti, sɛ wowɔ aduroyɛ ho nsɛm a ɛkye w’adwene biara a, bɔ mmɔden sɛ wobɛhunu wo dɔkota ama no abo wo.

Tags: health benefits of waterhealth risks of dehydrationimportance of drinking enough waterimportance of hydrationimportance of water in the bodynsuo ho mfasoɔuses of water in the bodywhy it is necessary to stay hydrated
Deɛ atwam

Akanfoɔ gyidie wɔ nkwa ne owuo ho: Ɔfa I

Deɛ ɛdi hɔ

Nna mu yadeɛ ahodoɔ mu nhwehwɛmu a ɛtwa sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔawura awadeɛ mu.

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nna mu yadeɛ ahodoɔ mu nhwehwɛmu a ɛtwa sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔawura awadeɛ mu.

Nna mu yadeɛ ahodoɔ mu nhwehwɛmu a ɛtwa sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔawura awadeɛ mu.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?