• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Nneyεeε ahodoᴐ binom a εkᴐ so wᴐ nsaguo mu ne wᴐn asekyerε

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
07/07/2023
wɔ Adesua, Amammerɛ
0 0
0
Nneyεeε ahodoᴐ binom a εkᴐ so wᴐ nsaguo mu ne wᴐn asekyerε
0
SHARES
340
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Animdefoᴐ binom kyerε nsaguo mu sε εyε ᴐkwan a nipa anaa nnipakuo bi nam so ne wᴐn Nyame di nkitaho. Nsaguo yε kwan titire baako a Akanfoᴐ nam so kᴐ wᴐn Nyankopᴐn nkyεn, de wᴐn aseda kᴐma no, na wᴐde wᴐn abisadeε nso to n’anim. Sε yεyi ano kasa no firi mu a, nneyεeε ahodoᴐ binom kᴐ so wᴐ mpaeεyie yi mu, a ne nyinaa kasa kyerε Akanfoᴐ. Saa nneyεeε yi bi ne ne nkyerεaseε na εdidi soᴐ yi.

• Deε ᴐregu nsa no de n’akyi ma εdᴐm no.
Nneyεeε a εdi kan yε sεdeε onipa a ᴐregu nsa no gyina, na εno ne sε, ᴐdane n’akyi hwε εdᴐm no so. Wei asekyerε ne sε, ᴐregyina wᴐn a wᴐatwa ahyia hᴐ anan mu ayi mpaeε. Εda no adi sε, nnipa a atwa ahyia hᴐ no nyinaa wᴐ n’afa, na wᴐtaa n’akyi. Mpanimfoᴐ kyerε sε sε yεyi obi sε ᴐnni saa dwuma no a, ᴐdi dwuma sε ntamgyinafoᴐ ma ateasefoᴐ ne awufoᴐ ne ahonhom. Sε ᴐdane n’akyi ma wᴐn saa a, εkyerε sε wᴐn na wᴐasoma no wᴐ nananom hᴐ, na εkyerε sε sε nananom wᴐ biribi de ma wᴐn a, wᴐmfa mfa onii no so, na εnyε wᴐn a wᴐtwa ahyia hᴐ no mu biara so.
• Deε ᴐregu nsa no kwaha ne ntoma.
Sε yεka sε obi akwaha ne ntoma a, εkyerε sε wapia ntoma no afiri n’abati ato n’abasam. Ԑtᴐ da nso a ᴐyi ntoma no firi n’abasam de bᴐ ne mu anaa ne sisi mu. Saa nneyεeε yi da adi wᴐ nsaguo mu. Wei kyerε obuo ne ahobraseε a saa nipa no de rema nananom. Yεbεkyerε wei mu sε, sε yεhwε Akanman mu a, ᴐbarima bi ntoma da n’abati a, εkyerε tumi a saa nipa no wᴐ. Wei kyerε sε sε obi ntoma da n’abati na ᴐde regu nsa a, εkyerε sε ᴐwᴐ tumi, na ᴐne nananom ne ahonhom nkaeε ne Nyankopᴐn yε pε. Akanfoᴐ mfoa wei so, εfiri sε wᴐkyerε sε asotwe mpo tumi di akyire.
• Ↄworᴐ ne mpaboa tia so.
Saa nneyεeε yi nso kyerε obuo. Wᴐgye di sε εyε mpaebᴐ berε, εnna wᴐrekᴐ nnipa a wᴐsoso sene wᴐn anim akᴐsrε wᴐn nkyεn mmoa. Sε yεhwε a, yεn afie mu mpo sε yεrewura yεn adan mu a, yεworᴐ yεn nan ase mpaboa, na εnyε berε a yεrekᴐ okokuroko bi anim. Sε obi hyε mpaboa di saa dwuma no a, εnkyerε obuo, na εbεtumi aba sε wᴐn mpaebᴐ no mpo nnuru Nyankopᴐn ne ahonhom no anim.
• Wᴐhwie nsa no gu kᴐnkᴐ anaa deε wᴐde regu nsa no mu prεnsa.
Deε ᴐregu nsa no kyeame no gu kᴐnkᴐ no mu mprεnsa. Gyidie ne nkyerεaseε a εtaa wei akyi ne sε, nananom anim, wᴐkᴐ no prεnsa. Ԑma yεhunu sε, sε worepε adeε afiri obi hᴐ na εyε wo adehia a, εsε sε woma w’anan yε ntiantia, na w’ani bere. Animdefoᴐ bi nso kyerε sε deε wᴐdi kan hwie no yε abrafoᴐ dea, deε εtᴐ so mmienu no yε nkonnwa no dea, εna deε εtᴐ so mmiεnsa no yε nananom dea.
• Deε ᴐregu nsa no ka nsa no hwε
Deε ᴐregu nsa no de nsa no bi ka n’ano. Wᴐyε wei εfiri sε wᴐpε sε nanaom hunu sε aduro anaa ade bᴐne biara nni deε wᴐde rema wᴐn afa so asrε wᴐn hᴐ mmoa no mu. Akanfoᴐ gye owuo akyi abrabᴐ anaa asetena di. Deε εda wᴐne wᴐn a wᴐawuo no ntam ne sε wᴐtumiyε nneεma a ateasefoᴐ ntumi, enti sε wode biribi rema wᴐn a, εsε sε εyε deε εho te.
• Ↄma nsa no so kyerε soro ansa na ᴐde agu fam
Deε ᴐregu nsa no di kan de nsa kyerε soro ansa na ᴐde agu fam. Wei kyerε Akanfoᴐ gyidie wᴐ Nyankopᴐn mu, na εkyerε sε ne tumi so sene ahonhom nkaeε no nyinaa. Kasa a wᴐka saa berε no bi ne sε “Otwieduampᴐn Kwame, yεkyerε wo nsa na yεmma wo nsa”. Wei nso da no adi sε Onyankopᴐn yε kronkro.
• Deε ᴐregu nsa no bᴐ ne mu ase
Nsaguo yε aseda ne anidie ne abisadeε a yεde kᴐ ahonhom ne Nyankopᴐn anim. Wei kyerε obuo a ᴐwᴐ de ma nananom ne Nyankopᴐn. Sε yεba Akanman mu a, berε biara a abᴐfra bεgyina ᴐpanin anim akasa no, ᴐbᴐ ne mu ase anaa ᴐsane nsa gu n’akyi de kyerε obuo.

Saa nneyεeε yinom yε adeε a adeε a εde biribi adi fa deε Akanfoᴐ pε sε wᴐde to dwa no ho, na εda wᴐn amammerε ne wᴐn su adi.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Tags: AsekyerεNneyεeεNsaguo
Deɛ atwam

Akwan ahodoɔ a yɛnam so boaboa efi ano wɔ nipadua no mu

Deɛ ɛdi hɔ

Amanneε atitire binom a εkᴐ so wᴐ Akanfoᴐ awaregyeε mu

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Amanneε atitire binom a εkᴐ so wᴐ Akanfoᴐ awaregyeε mu

Amanneε atitire binom a εkᴐ so wᴐ Akanfoᴐ awaregyeε mu

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?