• Twi
  • Fante
01:05:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Amanneε atitire binom a εkᴐ so wᴐ Akanfoᴐ awaregyeε mu

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
07/15/2023
wɔ Adesua, Amammerɛ
0 0
0
Amanneε atitire binom a εkᴐ so wᴐ Akanfoᴐ awaregyeε mu
0
SHARES
269
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Awareε yε adε a εbata Akanfoᴐ ho, ne saa nti wᴐnsi no fam koraa. Wᴐhunu no sε εno so na wᴐnam kyekyere abusua, na wᴐn ase dᴐre, na ama ᴐman mu no nyinaa anya so mfasoᴐ. Sε ᴐbaa ne ᴐbarima bi hunu wᴐn ho na wᴐpε sε wᴐka wᴐn ho bᴐm a, wᴐde kᴐto wᴐn abusua anim ma wᴐyε nhwehwεmu a εsε, na sε biribi bᴐne biara ampue mu a, wᴐahyε awareε nhyehyεeε no ase. Ԑsiane sε mpanin; “Amammerε, yεntoto no ase” nti, nhyehyεeε no mu no, amanneε ahodoᴐ pii na εkᴐ so wᴐ mu, na ne nyinaa gyina sika ne nsa so. Amanneε ahodoᴐ no mu bi na εdidi soᴐ yi.

  • NHUNU-ANIM-NSA/KↃKↃↃKↃBↃ

Amanneε a εdi awareε nhyehyεeε no kan koraa ne kᴐkᴐᴐkᴐbᴐ a yεsane ka no sε nhunu-anim-nsa. Wei yε nsa a barima no agya anaa n’abusuafoᴐ de kᴐma ᴐbaa no papa ne n’abusuafo de kᴐhyε da a wᴐde bεkᴐ akᴐyε ᴐbaa no ho adeε. Wᴐde wei di kan kᴐkyea abusua no se wᴐn sε wᴐn ba barima no ahunu wᴐn dehyeε bi a ᴐpε sε ᴐne no bᴐ bra. Saa nsa yi boa ma ᴐbarima no tumi kᴐsra ᴐbaa no wᴐ berε a ᴐnsuro ho, na ᴐbaa no abusuafoᴐ nha no. Afei εma abusuafoᴐ no hunu bere a ᴐbarima no ani abere ne krado a wayε. Ԑma abusua afaanu no nyinaa boaboa wᴐn ho twεn awareε no, na sε asεm bi ba wᴐn baanu ntam a, abusua no tumi gyinam siesie.

  • TIRI NSA

Ԑyε sika ne nsa a ᴐbaa no abusuafoᴐ gye firi ᴐbarima no hᴐ de di adanseε sε waware wᴐn dehyeε no wᴐ amammerε kwan so. Ↄbaa no papa na ᴐgye wei. Sika, ntoma ne nsa pantu ka wei ho, na wᴐkyε nsa no ma abusuafoᴐ no nyinaa nya bi nom, na wᴐde deε aka no yi mpaeε. Papa no kyε sika no mu ma. Wᴐkyε sika yi ma abadwafoᴐ no nyinaa nya bi, di awareε yi ho adanseε. Afei ᴐbaa no papa kyε ne deε no mu ma ne ba no bi de totᴐ ne ho nneεma nketenkete binom. Wei na εma awarefoᴐ yi yε awarefoᴐ, na εhyε ᴐbaa no abusuafoᴐ animuonyam. Ԑma awareε no gyina, na wᴐnya honhom mu bammᴐ.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
  • TIRI ADEԐ

Wei yε sika a wᴐgye firi ᴐbarima no hᴐ de tua ka biara a εda abusua no mu sεdeε εbεyε a wᴐn dehyεe no bεnya asomdwoeε wᴐ awareε no mu, na ᴐnnwennwene pii. Sε ka nni hᴐ a, wᴐtumi de wei yε agyapadeε bi te sε εdan, na sε ᴐbaa no ne ne mma ba fie da bi a, wᴐanya baabi de wᴐn ti ato. Wᴐtumi de tᴐ asase nso. Saa amanneε yi ma ᴐbaa no nya agyapadeε wᴐ n’akyi, na awaregyaeε ba a, ne ho nkyere no.

  • DANTA

Ԑyε sika a ᴐbarima a ᴐreware ᴐbaa no tua de ma ᴐbaa no papa no sε ᴐmfa nte kεtε ne ntoma ka a wabᴐ no ᴐbaa no ho no so bi. Wei hyε Agya no animuonyam.

  • TAMBOBA

Ԑyε sika a ᴐbarima no tua de ma ᴐbaa no maame de kyerε sᴐ a n’ani sᴐ sε wabrε ne ba no ho atete no. Ntoma pofa ne mpaboa da so. Ↄde wei ma no kyerε sε ne ntoma a ᴐde turuu ne ba no, ᴐmfa ntᴐ bi nhyε anan, anaa, nka ho. Wei hyε oni no animuonyam.

  • AKONTA-SEKAN/AKONTA-GYE-SI-KWAN

Ԑyε sika a barima no tua de ma ᴐbaa no nua mmarima. Wei deε nkontanom no na wᴐkyerε sika a wᴐbεgye, na sε εso boro so a, ᴐsrε ntesoᴐ. Wei boa na ᴐne ne nkontanom nya ayᴐnkofa sononko, na εma wᴐhwε wᴐn nuabaa no so yie ma no. Afei εhyε wᴐn animuonyam.

Akanfoᴐ bεyε wᴐn biribi no, na εwᴐ ase. Saa amanneε yinom nyinaa som bo ma Akanfoᴐ. Ԑbi ka ho deε, nanso wei ne atitire a yεbεbobᴐ so.

Tags: AkanfoᴐAmanneεAwaregyeε
Deɛ atwam

Nneyεeε ahodoᴐ binom a εkᴐ so wᴐ nsaguo mu ne wᴐn asekyerε

Deɛ ɛdi hɔ

Deɛ asɛmfua “Zion” a Asantehene rekasa a n’Akyeame ka no kyerɛ.

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Deɛ asɛmfua “Zion” a Asantehene rekasa a n’Akyeame ka no kyerɛ.

Deɛ asɛmfua "Zion" a Asantehene rekasa a n'Akyeame ka no kyerɛ.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?