• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Nna mu yadeɛ ahodoɔ mu nhwehwɛmu a ɛtwa sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔawura awadeɛ mu.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
01/15/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Nna mu yadeɛ ahodoɔ mu nhwehwɛmu a ɛtwa sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔawura awadeɛ mu.
0
SHARES
126
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Nna mu nkitahodie ho hia papaapa wɔ awadeɛ mu. Susu ho wɔ wo tirim sɛ wo ne wo dɔfo bi aka mo ho abɔ mu sɛ awarefoɔ awie na afei woahunu sɛ ɔwɔ nna mu yadeɛ bi, so w’ani bɛgye anaa? Megye di sɛ anka ɛbɛha wo kakra, ɛsiane sɛ saa yadeɛ no mma wo kwan sɛ wo ne no bɛhyiam wɔ nna fa mu. Wei nti na ɛho hia yie sɛ ɔbaa ne ɔbarima biara a wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔware no yɛ nna mu yadeɛ ahodoɔ mu nhwehwɛmu ansa na wɔakɔ awadeɛ akwantuo no. Momma yɛnkɔ adesua no so ɛ!

Monkɔhunu mo dɔkota ansa na moaka mo ho abɔ mu sɛ awarefoɔ.

Nna mu yadeɛ yɛ yadeɛ a obi bɛtumi anya afiri ne titire pa ara nna mu nkitahodie mu. Wei kyerɛ sɛ akwan ahodoɔ binom wɔ hɔ a obi bɛtumi afa so anya saa yadeɛ korɔ yi ara bi. Ɔkwan foforɔ a obi bɛtumi afa so anya yadeɛ yi bi ne sɛ ɔde biribi a ano yɛ nam a atwa obi a ɔwɔ saa yadeɛ yi mu bi pɛn adi dwuma ama no atwa ɔno nso. Ɛyɛ mogya asɛm, ɛba no saa a saa yadeɛ mmoa a ɛfiri saa nipa no mogya mu kaa adeɛ no soɔ no kɔ ɔno nso mogya mu bi. Mmom ɛnam sɛ yɛresua nna mu yadeɛ ho adeɛ nti, deɛ ɛfa nna mu ba no na yɛbɛhwɛ no kɛse.

Nna mu yadeɛ a yɛreka ho asɛm yi bi ne babaso, nkekaeɛ, kelaemidia, brɛboɔ mu haw a yadeɛ mmoa de ba (Hepatitis B & C), HIV/AIDS.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Ɔhaw ahodoɔ bebree na saa yadeɛ ahodoɔ yi tumi de ba ɔbaa anaa ɔbarima apɔmuden so. Sɛ ɛkɔba sɛ yadeɛ  mmoa yi bi da adi wɔ obi mu wɔ berɛ a ɔnnim, na ɛno nti wantumi ansɔ ano a, ɛbɛtumi asi n’awoɔ ho kwan, sɛ ɔyɛ ɔbaa anaa ɔbarima.

Deɛ ɛteɛ ne sɛ, ɔbarima a saa yadeɛ yi bi wɔ ne so anhunu no ntɛm ansɔ ano ano a, yadeɛ mmoa no tumi ko tia n’ahobaa nsuo nkwammoa no ma ɔrentumi nnyinsɛn ɔbaa. Saa ara na ɔbaa bi nso anhunu sɛ ɔwɔ yadeɛ yi bi ntɛm so ansɔ ano a, mmoa no tumi didi kɔ faako a ɔbaa ne ɔbarima ho nsuo hyia ma ɛdane bɛyɛ abɔfra no hɔ sɛe saa beaeɛ hɔ. Ɛba no saa ara a, ɛbɛyɛ den ama ɔbaa no sɛ ɔbɛfa afuro, mpo ɔnyinsɛn a, ɛtumi sɛe anaa ɔpɔn.

Ɔhaw foforɔ nso ne sɛ, ɔbaa bi anhunu yadeɛ yi mu biara ntɛm ansɔ ano na ɔde nyinsɛn a, ɛbɛtumi anya nsunsuansoɔ wɔ abɔfra a ɔnyem noɔ no so ma mpo ɛtumi bɔ akɔkoa no anifira berɛ wawo noɔ no.

Mobu mo ani gu saa nhwehwɛmu yi so a, ɛtumi sɛe ɔbaa no nyinsɛn.

Ɔhaw ahodoɔ a ɛbɛtumi afiri yadeɛ yinom ho nhwehwɛmu a ɔbaa ne ɔbarima bi anyɛ mu no na yɛabobɔ binom so no. Nanso anigyesɛm a ɛwɔ hɔ ne sɛ, adɔkotafoɔ hunu yadeɛ yi ntɛm a, wɔtumi boa ɔbaa ne ɔbarima korɔ no ma wɔsi ɔhaw a anka ɛbɛba akyire wɔ wɔn awadeɛ mu nyinaa no ano kwan. Wei nti na ɛho hia yie sɛ ɔbaa anaa ɔbarima bi yɛ nna mu yadeɛ nhwehwɛmu ansa na wɔaka wɔn ho abɔ mu no.

Me dɔfo, worehunu wo haw seesei asɔ ano no yɛ pii sene sɛ wobɛbu w’ani agu ɛho nhwehwɛmu so na woakɔfa ɔhaw kɛseɛ mu daakye. Pere w’apɔmuden, na pere wo nkwa ho.

Mma wo werɛ mfiri sɛ wobɛkyɛ ama wo nua ne wo yɔnko no nso anya saa nimdeɛ yi. Wobɛtumi aka ho asɛm anaa akyerɛ w’adwene nso.

Tags: Apɔmudenawadeɛawoɔ.mogya mu nhwehwɛmunyinsɛn
Deɛ atwam

Nokwasɛm dunum binom nti a ɛsɛ sɛ wonom nsuo berɛ biara

Deɛ ɛdi hɔ

Mogya nkyekyɛmu ahodoɔ ne adidie wɔ twaka soronko bi. So, wei yɛ nokorɛ anaa?

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Mogya nkyekyɛmu ahodoɔ ne adidie wɔ twaka soronko bi. So, wei yɛ nokorɛ anaa?

Mogya nkyekyɛmu ahodoɔ ne adidie wɔ twaka soronko bi. So, wei yɛ nokorɛ anaa?

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?