• Twi
  • Fante
01:05:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Mfasoɔ a yɛnya firi mmire a yɛdi mu

Apɔmuden ne nnuane

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
04/18/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Mfasoɔ a yɛnya firi mmire a yɛdi mu
0
SHARES
371
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Mmire yɛ atomudeɛ a wɔtumi de yɛ nnuane ahodoɔ bebree te sɛ paanoo, abomu, nkwan, esiam, ne deɛ ɛkeka ho. Tete no deɛ, na dwuma a yɛn nananom de mmire di pa ara ne sɛ wɔde bɛyɛ nkwan adi wɔn ategɔ baasuo (fufuo).

Ɛnnɛ nso, nnipa taa di mmire pa ara. Ɛsiane nimdeɛ a aba ne mifiridwuma a akɔ anim nti, wɔtumi fa abɛɛfo kwan so de mmire yɛ nnuane ahodoɔ binom ma nnipa di.

Mmire ahodoɔ a yɛtumi di wɔ Akanman mu no binom ne sibire, nkankom, asaseɛ, dommo. Ɛsono akwan  a saa mmire yinom mu biara fa so fifiri ne baabi wɔfiri nso.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Mmire binom tumi fifiri wɔ esie so, abɛ a awu mu, asase kesee so, ne dufɔkyeɛ ho nso. Ɛwom sɛ ɛnyɛ obiara na n’ani gye mmire ho, nanso yɛrebɛhwɛ mfasoɔ a yɛnya firi mmire a yɛdi no so.

1. Ɛtumi bɔ yɛn ho ban firi kokoram yareɛ ho

Nhwehwɛmu bi a animdefoɔ binom yɛ faa mmire ho firi 1996 – 2020 daa no adi sɛ, sɛ onipa tumi di mmire akɛseɛ mmienu da koro a, ɛtumi bɔ ne ho ban firi kokoram yareɛ no ho. Wɔkyerɛ sɛ, sɛ obi di mmire saa a, ahobammɔ a ɔnya firi kokram yareɛ ho no yɛ  bɛyɛ 45%.  Abemfoɔ no kyerɛ sɛ, ahoɔdennuro bi wɔ mmire mu a wɔfrɛ no ‘ergothioneine’ na ɛno na ɛbɔ onipa nkwammoa ho ban firi kokoram yareɛ no ho.

2. Ɛma Sodium a ɛwɔ nipadua no mu no so te

Animdefoɔ kyerɛ sɛ, Sodium boro so wɔ nipadua no mu a, ɛma yɛnya akomayareɛ anaa mogyaborosoɔ, ɛfiri sɛ, ɛma nsuo a ɛwɔ nipadua no mu no boro so na ɛno bɛma yɛatumi anya akomayareɛ. Wɔkyerɛ sɛ, Sodium a ɛwɔ mmire mu no nnɔɔso nti sɛ yɛdi a, ɛbɛtumu aboa yɛn pa ara. Yei nti, wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ, yɛmfa mmire nka nnuane a yɛdi no daa no ho.

3. Ɛma sradeɛ a ɛwɔ nipadua no mu nso te

Nhwehwɛmufoɔ kyerɛ sɛ, sradeɛ a ɛwɔ mmire mu no sua pa ara. Afei nso, ahoɔdennuro bi wɔ mmire mu a ɛtumi sɔne nnuane a yɛdi no so yi sradeɛ a aboro so no firi nipadua no mu sɛdeɛ ɛbɛma yɛanya sradeɛ a nipadua no hia wɔ yɛn mogya mu.

4. Ɛboa ma onipa adwene tumi yɛ adwuma yie

Wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ Singapore maa no bɛdaa adi sɛ, nnipa a wɔtaa di mmire da biara no tumi nya ahobammɔ bɛyɛ ɔha mu nkyɛmu aduonum (50%) firi adwenem yareɛ ho. Afei nso, wɔsan kyerɛ sɛ, wɔn a wɔdi nanso wɔntaa nni no daa no nso bɛtumi anya ahobammɔ kakra afiri ketewa bi a wɔdi no mu.

5. Ɛboa ma nipadua no nya Vaetamɛn D

Vaetamɛn D a ɛwɔ nipadua no mu no boa ma nipadua no tumi twe Kalsium firi nnuane a yɛdi no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a saa ahodennuro no bɛtumi aboa ama yɛn nnompe mu ayɛ den yie pa ara. Nnipa binom taa di nnuane a wɔahyɛ da ayɛ ama nnipa a wɔrepɛ Vaetamɛn D wɔ wɔn nipadua mu no, anaa wɔtaa gyina awia mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya Vaetamɛn D yi bi, nanso sɛ yɛdi mmire pii a, ɛbɛtumi aboa ama yɛanya Vaetamɛn D a nipadua no hia nyinaa.

Abemfoɔ kyerɛ sɛ, ɛsiane sɛ mmire dodoɔ no ara fifiri owia so nti, ɛboa ma wɔnya Vaetamɛn D bebree a sɛ yɛdi a ɛbɛboa yɛn nipadua no. Wopɛ sɛ wonya Vaetamɛn D pii firi mmire mu a, twitwa mmire akɛseɛ bɛyɛ mmiɛnsa na fa gu awia mu hata no bɛyɛ simma dunum ansa na wode ayɛ w’aduane adi. Wotumi yɛ yei da biara anaa mpɛn pii a, wobɛtumi anya Vaetamɛn D a nipadua no hia nyinaa.

6. Ɛboa ma yɛn yafunu mu da hɔ

Yafunu yɛ nipadua akwaa baako a nneɛma fi taa kɔ mu pa ara. Ne saa nti, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛtumi anya yafunu yareɛ nketenkete binom. Animdefoɔ kyerɛ sɛ, sɛ yɛdi mmire bebree a, ɛtumi ko tia mmoawa nketenkete binom a wɔbɛtumi ama yɛanya yafunu yareɛ no nyinaa. Ɛno nti, ɛho hia pa ara sɛ yɛtaa di mmire.

7. Ɛboa ma yɛn apɔmuden tu mpɔn

Mmire boa nipadua no pa ara ma ɛtumi yɛ adwuma yie. Mmire Nkabom kuo a ɛwɔ hɔ no kyerɛ sɛ, sɛ yɛdi mmire a nnuanennuro binom te sɛ Selenium, Vaetamɛn B6 ne Vaetamɛn D ahyɛ no ma a, ɛbɛtumi ama yɛn akwahosan adi mu.

Mmire so mfasoɔ a yɛasusu ho yi nyinaa kyerɛ sɛ, sɛ yɛde mmire ka nnuane a yɛdi no da biara no ho a, ɛbɛtumi aboa yɛn wɔ akwan ahodoɔ so pa ara.

Hyɛ no nso sɛ, mmire nyɛ aduro. Enti ɛkɔba sɛ wo ho mfa wo a, kɔ ayaresabea kɔhunu dɔkota na ɔnhwɛ wo.

Tags: dommoMmiresibire
Deɛ atwam

IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu

Deɛ ɛdi hɔ

Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ

Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?