• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Denkyira ne ne manfoᴐ ahensεm ne wᴐn ahennie mu no, biribiara awie pεyε ama wᴐatumi asi ᴐhene foforᴐ.

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
wɔ Amammerɛ, Anigyesɛm
0 0
0
Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
0
SHARES
994
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ԑbᴐ bosome no da a εtᴐ so 11 wᴐ 2023 mu a na εyε Dwoada no, Denkyira Akuropᴐn mpanimfoᴐ n wᴐn manfoᴐ kaa wᴐn ti famm ho de Owura James Alfred Bafu sii ahennwa so sε wᴐn hene foforᴐ. Nkonnwa din a εda ne soᴐ ne Nana Kofi Wiah II, na deε ᴐdii n’adeε no ne Nana Amakye Ansa III. Akuropᴐn ase firi nsεmfua mmienu a εno ne “Kuro” εnna “Pᴐn”mu,  a asekyerε ne ᴐman/ kuro anaa atenaeε kεseε, anaa deε εdi mu. Akuropᴐn yε kuro bi a εwᴐ Dεkyira Atifido fam, Apeeε Mansini no mu. Akuropᴐn Ahennwa no hyε Kyerεmfεm anaa Nifa nkyekyεmu kuo no ase wᴐ Denkyira Ahensεm ne wᴐn Ahennie mu. Akuropᴐn Ahenwa no ho adehyeε yε Asakyirifoᴐ a wᴐfiri Asakyiri abusua no mu, na wᴐagyinaa sε akofoᴐ akokoᴐdurufo a wᴐn ho yε hu wᴐ Bankam Dwa Kεseε a εwᴐ Denkyira no ho.

Nana Kofi Wiah II suae kyerε ne manfoᴐ
Nana Kofi Wiah II suae kyerε ne manfoᴐ

Akuropᴐn hyε Asraafokuo anaa Akofokuo a wᴐwᴐ Denkyiraman mu no ase, na saa Asraafokuo yi na wᴐboa sii atamfo a anka wᴐbεto ahyε wᴐn soᴐ no nyinaa kwan wᴐ Denkyira-Adanse-Assin ahyeε so. Afe 1820 mu hᴐ no, ᴐdεεfoᴐ Kwadwo Tsibo a ᴐyε Denkyira hene a ᴐtᴐ so 15 dii Denkyirafoᴐ anim maa wᴐfirii baabi a na wᴐte dada no twaa Asuo Ↄffin sane kᴐkyekyeree Denkyiraman wᴐ hᴐ. Ↄde Asraafokuo ne Akofokuo binom tete sε, Nifa, Adᴐnten, Benkum ne deε εkeka ho sisiii Ↄffin ano sε sε aman a ᴐtan da wᴐne wᴐn ntam no bi rebεto ahyε wᴐn so a, wᴐabᴐ wᴐn man no ho ban afiri saa ntonhyεsoᴐ no ho. Ԑsiane sε Akuropᴐnfoᴐ ho yε hu wᴐ ᴐsa mu nti, adwa a wᴐde sii hᴐ sε wᴐde bεbᴐ ᴐman no ho ban afiri saa atamfo yi ntonhyεsoᴐ ho no, na Akuropᴐn adwa ka ho. Ԑyε Ahennwa a wᴐnya firii ᴐsa mu, na εyε Denkyira nkonnwa atitire no mu baako.

Ↄmanfoᴐ ma Nana tirinkwa
Ↄmanfoᴐ ma Nana tirinkwa

Nana Kofi Wiah II nyaa ne mfitiaseε sukuu nteteeε wᴐ Akuropᴐn Methodist Primary D.,  na ᴐgyee ntoasoᴐ sukuu nteteeε wᴐ Dunkwa Junior Secendary School. Ↄyεε  O ne A Level Adesua wᴐ St. John’s School mu wᴐ Sekune. Akyire yi, ᴐsane yεε Bachelor of Commerce (B.com) wᴐ Oguaa Suapᴐn (University of Cape Coast) mu, na ᴐde adesua mu gyinabea a εyε fε, na εsᴐ ani na εwieeε. Ↄyε sika so hwεfoᴐ wᴐ Chartered Acountants Ghana Adesuabea. Ↄsane nso kura abodin krataa, Diploma wᴐ Adekyerε ne adesua mu, na εma no yε ᴐkyerεkyerεni papa a ᴐwᴐ abotare de kyerε nnipa adeε ma wᴐte aseε yie.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Ↄmanfoᴐ bᴐ ose di Nana akyi

Nana Kofi II yε nnipa a ᴐwa anisoadehunu, na ᴐne nnwumakuo a atwa ahyia Ghanaman mu ha no mu pii ayε adwuma. Mprempren yi, ᴐno ne Sika so Difoᴐ wᴐ Opportunity International Savings and Loans. Wadi dwuma sε Panin a ᴐhwε toto Sikasεm wᴐ Toyota Ghana Ltd, εnna wasane adi dwuma sε Sika Korafoᴐ wᴐ Mobile Ghana Ltd, na wasane ayε Sika mu Nhwehwεmuyεfoᴐ ne Samufoᴐ wᴐ Coopers and Lybrand.

Nana Kofi II yε ᴐhene a Akuropᴐnfoᴐ, ne titire ne mmabunu wᴐ gyidie wᴐ ne mu sε ᴐbεtumi de mpuntuo ne nseaseε kεseε aba kuro no mu, εsiane suahunu a ᴐwᴐ wᴐ adwumayε ne mpaninnie mu no nti. Dwumadie no ase no, Akuropᴐn mma de aseda kεseε maa Abusuapanin ne Ↄhemmaa no sε wᴐama wᴐn nnipa a ᴐte sεε sε ᴐnyε wᴐ kannifoᴐ. Animdefoᴐ atitire binom tete sε Denkyira Atifido fam Apueeε Mansini no mu nnipa bi te sε Onimuonyamfoᴐ Festus Awuah Kofi, a ᴐyε Mansini no Ananmusini wᴐ Mmarahyεbadwam, Onimuonyamfoᴐ Nana Amoako, Mansini no ananmusini wᴐ Mmarahyεbadwan a watwa mu, Denkyira Development Association ne Denkyira Heritage Foundation mu nnipa atitire. Yεsrε Nyankopᴐn ne Nananom sε wᴐmma n’ahennie no nyε prᴐmprᴐm, na ᴐnni ne nkwa nna mmee, na n’ahennie no nyε asomdwoeε, na εnam so ama Denkyira Akuropᴐn ne Denkyiraman nyinaa ayε kεse bio, afa ne ntoma pa afira.

Tags: 11 wᴐ 2023 muDenkyira AkuropᴐnNana Kofi Wiah IIOwura James Alfred Bafuᴐhene foforᴐԐbᴐ bosome
Deɛ atwam

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nkuranhyɛ a yɛnya firi Owura Akwasi Boadi Akrobeto abrabɔm nsɛm mu
Adesua

Nkuranhyɛ a yɛnya firi Owura Akwasi Boadi Akrobeto abrabɔm nsɛm mu

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/27/2023
Awaregyaeε mu hyireguo mu nneyεeε nnum binom mu mu mpεnsεmpεnsεmumu asukᴐ dᴐ
Adesua

Awaregyaeε mu hyireguo mu nneyεeε nnum binom mu mu mpεnsεmpεnsεmumu asukᴐ dᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
07/26/2023
Azuma Nelson ho nsɛm
Adesua

Azuma Nelson ho nsɛm

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/22/2023
Ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛko ma Abibirem kasa ahoroɔ no – Brady ne Kaitlyn, ahɔhoɔ a wɔsene ɔmani
Adesua

Ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛko ma Abibirem kasa ahoroɔ no – Brady ne Kaitlyn, ahɔhoɔ a wɔsene ɔmani

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/19/2023
So, na awaregyaeε yε mmrε kane no sε εnnε yi?
Adesua

So, na awaregyaeε yε mmrε kane no sε εnnε yi?

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
07/18/2023
Bue bi ka ho

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?