• Twi
  • Fante
15:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Biribiara a ɛsɛ sɛ wohunu fa atiridii yadeɛ ho

(Deɛ ɛde atiridii yadeɛ ba, ɛho nsɛnkyerɛnneɛ ne kwan a yɛbɛtumi afa so asi ano.) Adesua yi firi Owura Desmond Manu nkyɛn.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/23/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Biribiara a ɛsɛ sɛ wohunu fa atiridii yadeɛ ho
0
SHARES
126
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Atiridii yɛ yadeɛ a yadeɛmmoa a yɛfrɛ no ntontom na ɛde ba. Obi bɛtumi anya yadeɛ yi bi a, gye sɛ ntontom a atiridii mmoa yi bi wɔ ne mu aka saa nipa no. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, abibiman mu ha na wɔtaa hunu ntontom a wɔde atiridii ba no pa ara.

Ɛnam sɛ ate atɛsɛ wɔ abibiman mu ha nti no, wiase apɔmuden kubaatan reyɛ nhyehyɛeɛ biara a wɔbɛtumi afa so ate atiridii yadeɛ so wɔ abibiman mu ha. Ne saa nti wɔnam dawubɔ so tu fo wɔ ho wɔ hia a ɛhia sɛ obiara da ntontom dan mu, na wɔkyɛ no kwa. Nnipa dodoɔ no ara susu sɛ yadeɛ yi yɛ adeɛ kumaa bi nanso ɛnte saa. Adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ yadeɛ yi bɛtumi agye obi kra afiri ne nsam, ne titire ne mmɔfra a wɔn mfeɛ no firi nnum reba fam. Ne saa nti obiara a ɔbɛnya atiridii yadeɛ yi biara a no, ɛsɛ sɛ ɔma n’ani ba ho na ɔkɔ ayaresabea ɛsane sɛ ɛsane ne yadeɛ binom ho nsɛnkyerɛnneɛ sesɛ.

Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ Abibiman mu na atiridii yadeɛ ate atese pa ara.

Nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ a ɛda adi wɔ atiridii yadeɛ ho

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Obiara a ntontom a yadeɛ yi bi wɔ ne mu bɛka no no tumi da nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ a ɛdidi soɔ yi no mu biara adi.

1. Nipa no ho firi aseɛ woso nkakrankakra kɔsi sɛ ɛbɛyɛ kɛse.

2. Ne ho yɛ hye boro so anaa n’ahoɔhyeɛ kɔ soro pa ara.

3. Ne ho te mfifire berɛ a ahoɔhyeɛ no aba fam no.

4. Ɔnya tipaeɛ.

5. Ɔtaa fefe.

6. Ne yam tu.

Atiridii yadeɛ yi hyɛ aseɛ firi nnawɔtwe baako rekɔ mmienu berɛ a ntontom aka obi no. Ebinom nso deɛ tumi di abosome ne akyire ansa na yadeɛ no ayi ne ho adi.

Deɛ ɛde atiridii yadeɛ ba

1.Sɛdeɛ yɛadi kan aka no, atiridii yadeɛ nam ntontom mmaa so na ɛba. Wɔn ankasa nni yadeɛ yi bi, mmom wɔka a obi a ɔwɔ bi a, wɔfa yadeɛ no firi hɔ, na berɛ a wɔbɛka nipa foforɔ a ɔnni yadeɛ no bi no, wɔde yadeɛ yi ma saa nipa no. Ɛba saa na yadeɛmmoa no nya kwan kɔ nipadua no mu a, ɛkɔtena brɛboɔ no mu mmerɛ kakra nyini wɔ hɔ. Ɛno akyi no ɛba mogya no mu de yadeɛ no bɛka mogya nkwammoa no, ɛhɔ na nsɛnkyerɛnneɛ no firi aseɛ da adi wɔ nipa no ho.

2. Maame a ɔwɔ yadeɛ yi bi no tumi de ma ne ba wɔ awoɔ mu.

Ɔpemfoɔ a ɔwɔ yadeɛ yi bi tumi de ma ne ba wɔ awoɔ mu.

3. Mogya a yɛtwe ma obi no nso tumi ma saa nipa no nya bi berɛ a yadeɛ mmoa no wɔ deɛ ɔretwe ne mogya no mogya mu no, wei si ɛnam sɛ mmoa no tena mogya mu nti.

Nneɛma ahodoɔ a ɛtumi bɔ kwan ma obi nya atiridii yadeɛ.

1. Sɛ obi yɛ abɔfra anaa tɔtɔfeewa no nko ara tumi bɔ kwan sɛ ɔnya yadeɛ yi bi.

2. Akwantufoɔ a wɔfiri beaeɛ a ntontom nni hɔ aba faako a ntontom wɔ no tumi nya yadeɛ yi bi.

3. Apemfoɔ ne mmɔfra a wɔnnya nwoo wɔn.

4. Ohia, atiridii yadeɛ ho nimdeɛ a nipa binom nni ne apɔmuden pa a ɛho ayɛ den ama binom no nso tumi bɔ kwan ma obi nya yadeɛ yi bi.

Hyɛ no nso sɛ nneɛma ne mmeaeɛ ahodoɔ a yɛma nsuo taa mu kyɛ no tumi dɔre ntontom.

Ɔhaw afoforɔ a atiridii yadeɛ tumi kɔfa ba

1. Atiridii mmoa no nya kwan kɔ mogya no mu a, wɔtumi si ntini a mogya nam mu kɔ adwene mu no ho kwan. Ɛba saa a adwene no tumi hono anaa ɛho te kyema wɔ ne dwumadie mu. Ɛnam so ma ebinom nso tumi twa hwe.

2. Ɛtumi ma nsuo kɔgyina nipa no ahrawa mu. Ɛba saa a ɛma home ho yɛ den ma no.

3. Ɛbɛtumi ama nipa no saa anaa brɛboɔ no adwumayɛ aba fam koraa. Saa adeɛ yi mu biara si a, ɛbɛtumi de nipa no akɔ owuo mu.

4. Ɛbɛtumi asɛe mogya nkwammoa no ama nipa no mogya so ate koraa.

Kwan a yɛbɛtumi afa so asi ano

1. Ɛsɛ sɛ yɛtɔ ntontom nnuro de kum wɔn.

2. Bɔ mmɔden sɛ wobɛda ntontom dan mu. Titire ne mmaa a wɔafa afuro ne mmɔfra nketewa.

Hwɛ sɛ wone wo mma bɛda ntontom dan mu de abɔ mo ho ban.

3. Hyɛ ntadeɛ a ɛkata wo ho nyinaa titire wo nan ne wo nsa ho wɔ beaeɛ a ntontom wɔ no.

4. Hwɛ sɛ woremma nsuo ntaa mmɔnka mu.

Mmu yadeɛ bi kumaa nsene bi. Yadeɛ biara bɛtumi de wo akɔ ɔsɛeɛ anaa owuo mu. Bɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ wo ho so yie na woakɔhunu wo dɔkota ntɛm pa ara berɛ a nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ a yɛabobɔ so no mu biara bɛfiri aseɛ sɛ ɛreda ne ho adi no. Kyɛ ma afoforɔ nso nhunu kwan a wɔbɛtumi afa so abɔ wɔn ho ban afiri atiridii yadeɛ ho.

Tags: dɔkotammɔfrantontomntontom danƆpemfoɔYadeɛmmoa
Deɛ atwam

Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

Deɛ ɛdi hɔ

Atiridii nini ne efi na ɛnam: Deɛn na wonim fa yadeɛ a ɛtumi kum yi ho?

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Atiridii nini ne efi na ɛnam: Deɛn na wonim fa yadeɛ a ɛtumi kum yi ho?

Atiridii nini ne efi na ɛnam: Deɛn na wonim fa yadeɛ a ɛtumi kum yi ho?

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?