• Twi
  • Fante
01:05:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Atiridii nini ne efi na ɛnam: Deɛn na wonim fa yadeɛ a ɛtumi kum yi ho?

Adesua yi firi Owura Desmond Manu nkyɛn.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/23/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Atiridii nini ne efi na ɛnam: Deɛn na wonim fa yadeɛ a ɛtumi kum yi ho?
0
SHARES
222
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Atiridii nini yɛ yadeɛ a yadeɛmmoa na ɛde ba, na ɛma ne homene so pa ara wɔ abibiman mu sene aman afoforɔ so. Atiridii yadeɛ yi ne efi wɔ twaka pa ara, ɛno nti aman ahodoɔ a ahonidie nwie pɛyɛ wɔ so pa ara no na yadeɛ yi di akotene wɔ so.
Adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ, sɛ obi nya saa yadeɛ yi bi a, na ɛkyerɛ sɛ saa nipa no ahonidie ato kyema kakra.

Hwɛ sɛ wobɛdi wo fie ni, ne titire ne faako a wonua aduane.

Ɛkwan a yadeɛ yi fa so terɛ yɛ berɛ a obi adi aduane anaa anom nsuo a saa yadeɛ mmoa yi bi wɔm anaa saa nipa no ne obi a ɔwɔ yadeɛ yi bi anya nkitaho. Ebinom wɔ hɔ a yadeɛmmoa yi tumi da adi wɔ wɔn nipadua mu nanso ɛnnya wɔn so nsunsuansoɔ biara, nanso berɛ korɔ no ara wɔtumi de sane afoforɔ.

Hyɛ no nso sɛ saa yadeɛ yi tumi yɛ mpanin ne mmɔfra, mmom mmɔfra deɛ no yɛ hu pa ara.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Nsɛnkyerɛnneɛ a ɛda adi wɔ atiridii nini ho

Atiridii nini yadeɛmmoa yi bi nya kwan kɔ obi nipadua mu a, adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ ɛtumi di nnawɔtwe baako rekɔ mmiɛnsa so ansa na ada adi sɛ saa yadeɛ no wɔ nipadua no mu.

Nnawɔtwe a ɛdi kan no, nsɛnkyerɛnneɛ weinom na ɛda ne ho adi.

1. Ahoɔhyeɛ hyɛ aseɛ nkakrankakra wɔ nipa no so, na ano yɛ den.

Nipa no ho firi aseɛ sɛ ɛreyɛ hye.

2. Ɔnya tipaeɛ

3. Ahoɔmmerɛ ne ahoɔyea da ne ho adi.

4. Ɔbɔ wa a amaman biara nni akyire.

5. Saa nipa yi kɔn nnɔ aduane.

6. Ne yam taa tutu no.

7. Ne yam hwie anaa ɔnya ayamtim.

8. Honam ani nsaa nsaa gu no.

Nsɛnkyerɛnneɛ a ɛda adi wɔ nnawɔtwe a ɛtɔ so mmienu no mu.

Sɛ saa nipa yi ampɛ yadeɛ no ano pomasiberɛ wɔ nnawɔtwe a ɛdi kan no mu, na ɛdidi mu ara kɔduru nnawɔtwe a ɛtɔ so mmienu no mu a, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdidi soɔ yi na ɛda adi:

1. Ahoɔhyeɛ no ano yɛ den boro so.

2. Ayamtuo anaa ayamtim no nso ano yɛ den.

Ayamtim anaa ayamtuo no tumi yɛ kɛse.

3. Nipa no so hyɛ aseɛ sɛ ɛrete.

4. Ne yafunu hyɛ aseɛ sɛ ɛreyɛ kutuu anaa kɛse.

Nsɛnkyerɛnneɛ a ɛda adi wɔ nnawɔtwe a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu.

Saa berɛ yi deɛ na yadeɛ no aduru tebea a ɛyɛ hu mu yie, na ɛde nsɛnkyerɛnneɛ a ɛdidi soɔ yi na ɛba.

1. Nipa no firi aseɛ da adwenemuhaw adi mpofirem, bi te sɛ, n’adwene yɛ no ntantan wɔ nneɛma a ɔyɛ biara ho, ɔtumi bɛyɛ kekakeka, na ɔntumi mfa n’adwene nyinaa nsi adeɛ pɔtee bi a ɔreyɛ so.

2. Ɛtumi ka wɔn a wɔwɔ yadeɛ yi bi no to mpam a wɔntumi nyɛ wɔn ho hwee, na berɛ korɔ no ara mu nso wɔn ani fa baako tumi kata.

Nneɛma ahodoɔ a ɛtumi bɔ kwan ma yadeɛ yi ba

1. Ada adi wɔ wiase nyinaa sɛ mmɔfra pa ara na wɔtaa nya saa atiridii nini yadeɛ yi.

2. Wɔn a wɔyɛ adwuma anaa wɔatu kwan kɔ mmeaeɛ a yadeɛ yi bi wɔ no nso tumi nya bi.

3. Wɔn a wɔbɛn afoforɔ a wɔwɔ atiridii nini yi bi no nso tumi nya yadeɛ yi bi.

4. Wɔn a wɔn nkwammoa ahoɔden aba fam no nso tumi nya yadeɛ yi bi.

5. Wɔn a wɔnom anaa wɔdi nnuane a yadeɛmmoa yi bi wɔm no tumi nya yadeɛ yi bi saa ara.

Di nnuane a ɛyɛ hye, na hwɛ sɛ wobɛka so yie berɛ biara worefiri wo nnuane ho no.

Ɔhaw afoforɔ a ɛyɛ hu a yadeɛ yi bɛtumi asane akɔfa aba.

Obi nya yadeɛ yi bi na wampɛ ho asɛm ammua a, ɛtumi didi kɔ tebea a ɛyɛ hu mu wɔ nipadua no mu. Saa ɔhaw no binom na ɛdidi soɔ yi:

1. Yadeɛ mmoa yi tumi bobɔ nipa a ɔwɔ yadeɛ no nsono mu tokuro, wei nam so tumi ma mogya nwunu gu nipadua no mu. Ɛba no saa a, saa nkurɔfoɔ yi tumi hunu mogya wɔ sɛbe wɔn agyanan mu. Ɔhaw yi taa yi ne ho wɔ nnawɔtwe a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu.

2. Yadeɛ mmoa yi terɛ ba mogya no mu a, wɔtumi ha akoma no ma ɛhuhuru bɛyɛ kɛse.

3. Yadeɛ mmoa yi sane tumi terɛ kɔ dwonsɔtwaa ne saa no mu de ɔhaw ba hɔ. Wei kɔfa dwonsɔ mu haw ba.

4. Yadeɛ mmoa yi tumi sane ma adwenemuhaw sɛdeɛ yɛaka no dada no.

Ɔkwan a yɛbɛtumi afa so asi ano kwan

Hwɛ sɛ wode samina ne nsuo bɛhohoro wo nsa berɛ biara.

1. Bɔ mmɔden sɛ wode samina bɛhohoro wo nsa berɛ biara ansa na woadidi ne berɛ a wofiri sɛbe, agyanan so aba.

2. Hwɛ sɛ wonnom nsuo a wɔmfaa kwan pa so nsiesiee no yie. Ne saa nti yɛtu fo sɛ ɛbɛtumi a, anka yɛnnom nsuo a wɔde agu toa mu atua so yie. Ɛsiane sɛ ɛno na yɛgye tom sɛ wɔde afa mfidie mu a yadeɛ mmoa ntumi ntena mu.

Ɛbɛyɛ sɛ anka wobɛnom nsuo a wɔakora no yie de agu ntoa mu no.

3. Bɔ mmɔden sɛ wonni nnuaba anaa atosodeɛ wɔ berɛ a wonhohoroo ho yie.

4. Di nnuane a ɛyɛ hye ɛfiri sɛ saa mmoa yi ntaa ntumi ntena mu. Hyɛ no nso sɛ, adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ atiridii nini ho nsɛnkyerɛnneɛ ne yadeɛ ahodoɔ bebree nsɛnkyerɛnneɛ sesɛ, ne saa nti wohunu nsɛnkyerɛnneɛ ahodoɔ a yɛabobɔ so wɔ soro hɔ no mu biara wɔ wo nipadua mu a, mma no nyɛ w’adwene sɛ ɛyɛ atiridii nini yadeɛ na mfa wo pɛ nkɔtotɔ nnuro nnom, mmom kɔ ayaresabea na adɔkotafoɔ nhwɛ wo yie na wɔmma wo yadeɛ no ho aduro ankasa.

Bɔ mmɔden kyɛ ma afoforɔ nso na wɔnnya nimdeɛ mfa saa yadeɛ yi ho.

Tags: AbibimanahonidieApɔmudenAtiridii ninidɔkotaefi
Deɛ atwam

Biribiara a ɛsɛ sɛ wohunu fa atiridii yadeɛ ho

Deɛ ɛdi hɔ

Awodeԑ ano kokoram mu nnidisoᴐ ne nyinsԑn mu nsԑnsԑm a ԑfa ho

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Awodeԑ ano kokoram mu nnidisoᴐ ne nyinsԑn mu nsԑnsԑm a ԑfa ho

Awodeԑ ano kokoram mu nnidisoᴐ ne nyinsԑn mu nsԑnsԑm a ԑfa ho

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?