• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Azuma Nelson ho nsɛm

Abakɔsɛm

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/22/2023
wɔ Adesua, Anigyesɛm
0 0
0
Azuma Nelson ho nsɛm
0
SHARES
275
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Azuma Nelson yɛ akuturukubɔni a wiase nyinaa nim no yie pa ara. N’akuturukubɔ ho abakɔsɛm nyinaa kyerɛ sɛ, berɛ a na ɔgyina ne nanso sɛ aberanteɛ no, na ɔnyɛ bayerɛ a aberewa dwo koraa.

Azuma yɛ Ghanani a wɔwoo no Kitawonsa 19, 1958 mu wɔ Nkran. N’awofoɔ mma nwɔtwe no mu no, Azuma ne kaakyire, na na biribi nhyɛ da nni n’awofoɔ nsam saa. Na ne papa yɛ drɔbani ɛnna ne maame nso yɛ odwadini.

Azuma firii n’adwuma ase sɛ akuturukubɔni berɛ a na wadi mfeɛ 15 pɛ. Ɔfirii akuturukubɔ adwuma yi ase no, afe 1976 mu na ɔgyee abodin fɛdaweit wɔ Ghana. Afe 1978 mu no, ɔkɔsii akan wɔ Abibiman Nyinaa agokansie ne Kɔmɔnwɛlt agokansie no mu. Akansie mmienu yinom nyinaa mu no, Azuma nyaa sika kɔkɔɔ abasobɔdeɛ. Yei akyi no, Ghana Agokansie Atwerɛfoɔ Kuo no bɔɔ n’abaso sɛ Akuturukubɔni a waba foforɔ a n’adwuma sɔɔ ani pa ara wɔ saa afe korɔ no ara mu.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Azuma sii akuturukubɔ akansie ahodoɔ 13 dii nkunim wɔ ne nyinaa mu berɛ a ɔfirii akuturukubɔ ase no. Nanso, ne mmɔdemmɔ nyinaa akyi no, na wiase nyinaa nhunuu no ɛfiri sɛ, na ɔsi akan no wɔ Abibirem nko ara.

Ɛsiane sɛ wote faako a na wote w’adeɛ so nti, afe 1979 mu no, Azuma Nelson firii Abibirem kɔɔtoaa n’akuturukubɔ adwuma no so wɔ London, Ɛngresi. Afe 1980 mu no, ɔne Ɛngresi akuturukubɔni Jeff Thomas sii akan maa Azuma dii ne so nkunim bɛgyee abodin a wɔfrɛ no British Kɔmɔnwɛlt Fɛdaweit. Saa nkunimdie yi buee kwan maa wiase nyinaa hunuu ne mmɔdemmɔ nti, wɔfirii aseɛ buu no sɛ okunini wɔ akuturukubɔfoɔ a wɔsi akan wɔ Fɛdaweit mu no  nyinaa mu wɔ wiase baabiara.

1981 mu no, Azuma buu ne kɛtɛ mu kɔpuee Amerika ne ɔpanin bi a wɔfrɛ no Don King kɔyɛɛ adwuma.

1982 mu no, Azuma ne akuturukubɔni Salvador Sanchez de bɔɔ ani maa Azuma boroo no pasaa. Yei nti, ɔbɛgyee abodin foforɔ a wɔfrɛ no WBC Fɛdaweit. Ɔbɛgyee saa abodin yi akyi no, ɔsii akan mpɛn nwɔtwe dii nkunim wɔ ne nyinaa mu bɔɔ n’abodin yi ho ban ansa na akyire yi, akuturukubɔni Wilfredo Gomez  rebɛgye afiri ne nsam wɔ 1984 mu.

Azuma Nelson kɔɔ so ara yeree ne ho sii akan ko kɔɔ n’anim kɔsii sɛ ɔsane bɛgyee abodin kɛseɛ foforɔ bi a wɔfrɛ no WBC Supa Fɛdaweit wɔ 1985 mu. Ɔbɛgyee saa abodin yi no, ɔsii akan mpɛn nnan dii nkunim wɔ ne nyinaa mu de bɔɔ n’abodin no ho ban kɔsii sɛ akuturukubɔni bi a wɔfrɛ no Genaro Hernandez  bɛgye firii ne nsam wɔ 1988 mu.

Azuma kɔɔ so ara sii akan sɛ akuturukubɔni kɔsii sɛ ɔkoo ne ntɔkwa a ɛtwa toɔ wɔ 1998 mu.

Ɔde n’akuturukubɔ akansie nyinaa baa awieeɛ no, na wako ntɔkwa ahoroɔ 47, adi nkunim 39 wɔ mu, ɛnna na wadi ntwo 6. Ɛmu mmienu deɛ, ɛpaee pɛpɛɛpɛ wɔ afaanu no nyinaa ntam. Nkunim 39 a ɔdiiɛ no, ɛmu 28 yɛ deɛ ɔbɔɔ onipa a ɔne no reko no hwee fam.

Mpanimfoɔ se, ‘Kuntunu hwan a, n’akyi ara na ɛkɔ’ nti, berɛ a Azuma de n’adwuma sɛ akuturukubɔni baa awieeɛ no, ɔsane baa Ghana bɛbuee beaeɛ bi a wɔde tete akuturukubɔfoɔ wɔ ɔman yi mu. Bio nso, ɔdi dwuma sɛ ofutufoɔ ma Ghana aban no wɔ akuturukubɔ ho nsɛm nyinaa mu.

Afe 2019 mu no, Ekuo a Ɛbɔ Akuturukubɔfoɔ a Wagye Din Wɔ Wiase Nyinaa Aba so no bɔɔ n’aba so. Ɛde bɛsi ɛnnɛ nyinaa, ɛsiane akokoɔduro, adwumaden ne nsi a Azuma Nelson daa no adi no nti, wɔbu no sɛ akuturukubɔfoɔ a wɔn adwuma sɔɔ ani wɔ Afrika pa ara no mu baako wɔ wiase baabiara.

Nsɛm binom a ɛma Azuma Nelson da nso

  • Azuma Nelson ne onipa a wagye abodin bebree wɔ akuturukubɔ mu wɔ Afrika ha nyinaa
  • Wagye wiase nyinaa abodin binom wɔ nkyekyɛm ahoroɔ mmiɛnsa mu; ɛfiri fɛdaweit kɔsi laetweit mu.
  • Abakɔsɛm mu no, ɔno nko ara ne akuturukubɔni a watumi agye WBC ne WBA Fɛdaweit abodin no wɔ berɛ korɔ mu.
  • Ɛsiane ɔkwan a na ɔfa so to ne twedeɛ no nti, wɔde ne din Azuma Nelson no ato twedeɛ bi so wɔ akuturukubɔ mu.
  • Afe 2006 mu no, wɔbɔɔ n’aba so wɔ Ghana sɛ ɔyɛ Nsoroma a Ɔhyerɛn di ne man anim ɛsiane n’adwumasono a ɔdii no akuturukubɔ mu no nti.
  • 2008 mu no, ɔbɛyɛɛ Afrika akuturukubɔni a ɔdi kan a Wiase Nyinaa Akuturukubɔ Kuo no bɔɔ n’aba so sɛ ‘Ɔsahene a N’adwuma som bo pa ara.’ Yei yɛ abasobɔdeɛ kɛseɛ pa ara a wagye wɔ n’adwuma sɛ akuturukubɔni no mu.
Tags: AbakɔsɛmAkuturukubɔAzuma Nelson
Deɛ atwam

Ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛko ma Abibirem kasa ahoroɔ no – Brady ne Kaitlyn, ahɔhoɔ a wɔsene ɔmani

Deɛ ɛdi hɔ

Abεεfo honin (Robᴐto) a εdi kan a εyε lᴐyani a εdi asεm???

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Abεεfo honin (Robᴐto) a εdi kan a εyε lᴐyani a εdi asεm???

Abεεfo honin (Robᴐto) a εdi kan a εyε lᴐyani a εdi asεm???

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?