• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Aman du a asasewosoɔ taa sisi wɔ so pa ara

Atorɛnkyɛm

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
02/22/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Aman du a asasewosoɔ taa sisi wɔ so pa ara

asasewosoɔ bi asi

0
SHARES
80
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Asasewoɔ yɛ asiane baako a ɛtumi sɛe nneɛma sane di awu wɔ asase so pa ara. Ɛtumi kunkum nnipa mpempem pii, sɛe adan, akwan, nsuo, ne agyapadeɛ bebree. Ɛsiane sɛ ɛyɛ biribi a ɛnyɛ nnipa nneyɛɛ na ɛde ba nti, ɛyɛ den pa ara sɛ nnipa bɛtumi asi ano kwan. Yei nyinaa akyi no, ɛho hia nso sɛ yɛbɔ yɛn ho ban sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ yɛkɔpue baabi a asasewosoɔ taa sisi a yɛbɛtumi anya yɛn tiri adidi mu. Ne saa nti, yɛrebɛhwɛ aman ahodoɔ bi binom a asasewosoɔ taa sisi wɔ so pa ara. Aman yinom na ɛdid soɔ yi.

Japan

Japan yɛ asase a ɛda nsuo so wɔ Asia Atɔeɛ fam. Wɔkyerɛ sɛ, ɛfiri afe 1990 bɛsi mfeɛ 2022 mu no, asasewosoɔ aduokron-nnan na asisi wɔ Japan. Ɛsiane sɛ mpanimfoɔ se, “Menya wo a mɛyɛ wo, ɛno ara ne mada me ho so” nti, ɔman no ayɛ mfidie binom a wɔtumi de hunu asasewoɔ nketewa ne akɛseɛ a ɛrebɛsi biara.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

nhwehwɛmufoɔ kyerɛ sɛ, asasewosoɔ ahodoɔ a ɛsisi wɔ ɔman no mu no nyɛ deɛ ano yɛ den biara, na ɛtɔ da mpo a nnipa a wɔtete ɔman no mu no nte. Nanso ɛtɔ da nso a, asasewosoɔ akɛseɛ binom tumi sisi, sɛeɛ nneɛma ma nnipa binom nso fa mu hwere wɔn nkwa. Japanfoɔ wɔ afidie bi a sɛ wɔhunu sɛ asasewosoɔ bi rebɛsi a, wɔde bɔ ɔmanfoɔ no nyinaa nkaeɛ ma wɔboaboa wɔn ho kɔpɛ baabi bɔ wɔn ho adwaa.

Indonesia

Animdefoɔ kyerɛ sɛ, asasewosoɔ a ɛsisi wɔ Indonesia no akɛseɛ bɛboro 6.0 magnitude. Mfeɛ 2018 mu no, asasewosoɔ ahodoɔ nkron a n’akɛseɛ bɛboro 6.0 sisii ɔman no mu kunkum nnipa sane sɛee nneɛma bebree. Ɛyɛ ɔman baabko a ogya tumi pue firi abotan mu bɛgu asase no ani sɛeɛ nneɛma, nsuyiri tumi sisi na mframa gyampanturudu nso tumi bɔ wɔ so pa ara.

China

Chinafoɔ abakɔsɛm mu no, asasewosoɔ akɛseɛ a ani yɛ nyan bebree asisi wɔ ɔman no mu akunkum nnipa asane asɛe nneɛma bebree. Mfeɛ 2008 mu no, asasewosoɔ bi a ne kɛseɛ bɛboro 7.0 magnitue sii wɔ ɔman no maa nnipa bɛboro 87,000 ho kaeɛ. Ebinom faa mu hweree wɔn nkwa ɛnna ebinom nso yeraeɛ a wɔanhunu wɔn akyiri kwan. Wɔkyerɛ sɛ, saa asasewosoɔ no ne asasewosoɔ a ani yɛ nyan a ɛtɔ so dunwɔtwe a asi wɔ wiase abakɔsɛm mu.

Philippines

Philippines yɛ ɔman a abotan ne mmepɔ atwa ho ahyia. Yei nti, ɛka aman ahodoɔ a asasewosoɔ taa sisi wɔ so pa ara no ho. Afei nso, mframa gyampanturudu a ɛseɛ nneɛma nyɛna wɔ hɔ koraa. Ɛsiane sɛ temmamufoɔ a wɔwɔ saa ɔman no so nim sɛdeɛ wɔn asetena teɛ nti, wɔsisi adan a ne ho yɛ den sɛdeɛ ɛbɛtumi agyina atorɛnkyɛm ahodoɔ no ano.

Iran

Yɛreka aman ahodoɔ a asasewosoɔ taa sisi wɔ so pa ara a, Iran yɛ ɛmu baako. Wɔn abakɔsɛm mu no, asasewosoɔ akunkum nnipa ɔpepem pii wɔ ɔman no mu. Asasewosoɔ baako a ɛbɛgyee ntrɛha wɔ ɔman no mu ne deɛ ɛsii wɔ kuro baako a wɔfrɛ no Gilan mu no. Saa asasewosoɔ yi sii afe 1990 mu, na ɛkunkum nnipa bɛboro 40,000. Ɛwom sɛ ɔman no mu asetena nna fam deɛ, nanso ɔmanfoɔ a wɔwɔ Iran no asiesie wɔn ho ama atoyerɛnkyɛm a ɛbɛtumi ato wɔn biara.

Turkey

Asasewosoɔ a ɛsisi wɔ wiase no, ɛmu dodoɔ no ara nso sisi wɔ Turkeyman no mu. Ɛsiane nnwuma ahodoɔ a atwa wɔn ho ahyia nti, ɛnyɛ den koraa sɛ asasewosoɔ bɛsi ɛman no mu. Wɔkyerɛ sɛ, anyɛ yie koraa no, asasewosoɔ si ɔman no fa bi afe biara. Awerɛhosɛm a Ghanafoɔ nyinaa werɛ remfiri da ne sɛ, saa ɔman yi mu na asasewosoɔ si maa Ghana dehyeɛ Chritian Atsu kɔhyiaa n’akwanhyia wuo wɔ mfeɛ 2023 mu no.  Yei nyinaa mu no, ɔmanfoɔ a wɔwɔ Turkey no yɛ deɛ wɔbɛtumi biara de bɔ wɔn ho ban firi atoyerɛnkyɛm a ɛtete saa ho.

Peru

Ɛwom sɛ asasewosoɔ a ɛsisi wɔ Peru no ano nyɛ den sɛ deɛ ɛsisi aman ahodoɔ a yɛadi kan abobɔ so no deɛ, nanso sɛ asasewosoɔ bi si wɔ hɔ a, ɛtumi bubu adan sɛe akwan ma nnipa ho kyere wɔn yie pa ara. Owuo deɛ, yɛnni mu kɛseɛ nni ketewa biara nti, ɔman no de nneɛma binom agugu akwan mu a wɔtumi de si ɔhaw ahodoɔ a asasewosoɔ bɛtumi de aba no ano.

USA

Ɛrekame ayɛ sɛ, USA nka aman ahodoɔ a asasewosoɔ sisi wɔ so pa ara no ho. Nanso deɛ ɛte ne sɛ, ɛsiane sɛdeɛ ɔman no asase teɛ nti, ɛtumi ma asasewosoɔ sisi wɔ so. USA yɛ ɔman a ɛmu nnipa dɔɔso pa ara. Wɔn dodoɔ bɛyɛ ɔpepem ahasa (300,000,000). Yei nti, sɛ asasewosoɔ ketewa bi si wɔ hɔ mpo a, ɛtumi ka nnipa bebree ma ebinom fa mu hwere wɔn nkwa.

Italy

Asasewosoɔ bi sii Italy wɔ afe 1908 mu a na wɔfrɛ no Messina. Saa asasewosoɔ yi kunkum nnipa bɛboro 75, 000. Baako nso sane sii afe 1980 mu a na wɔfrɛ no Irpinia. Ɛno nso, nnipa a wɔwuwuiɛ bɛboro 2,400. Atoyerɛnkyɛm ahodoɔ yi nyinaa akyi no, nnipa a wɔwɔ Italy no kɔ so ara yɛ wɔn nnwuma wɔ mmeaeɛ binom a asasewosoɔ bɛtumi asisi wɔ hɔ.

Mexico

Mexico nso ka aman ahodoɔ a asasewosoɔ taa sisi wɔ so no ho. Ɛtɔ da a, ebi tumi woso wɔn asase no ma ɔmanfoɔ no ho kyere wɔn pa ara. Yei nti, ɔman no ayhɛ da ahyɛ mmara bi a ɛkyerɛ ɔmanfoɔ sɛdeɛ ɛsɛ sɛ wɔsisi wɔn adan na atumi abɔ wɔn ho ban. Afei nso, wɔde nhyehyɛeɛ binom agugu akwan mu a sɛ atoyerɛnkyɛm bi si mpofirem a, wɔbɛtumi afa so abɔ ɔmanfoɔ no ho ban. Ne nyinaa mu no, ɛho hia pa ara sɛ ɔmanfoɔ no da wɔn ho so na wɔyɛ deɛ wɔbɛtumi biara de bɔ wɔn ho ban firi asiane ahodoɔ a ɛtete saa ho.

Sɛdeɛ yɛabɛhunu no, ɛho hia pa ara sɛ baabiara a yɛte wɔ wiase biara no, yɛbɛbɔ yɛbɔ yɛn ho ban na yɛsiesie yɛn ho na ɛkɔ ba sɛ atoyerɛnkyɛm bi to yɛn mpofirem a, yɛatumi anya yɛn tiri adidi mu.

Tags: asasewosoɔatorɛnkyɛm
Deɛ atwam

Nnuatwa, mframasεeε, mmoakum ne nnuro a yεde dua nneεma ho nsunsuansoᴐ

Deɛ ɛdi hɔ

Saa mu yadeɛ

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Saa mu yadeɛ

Saa mu yadeɛ

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?