• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Akoma yadeɛ

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
02/20/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Akoma yadeɛ
0
SHARES
77
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Akoma no yɛ nipadua akwaa a ɛdi dwuma soronko de boa nipadua akwaa no nyinaa. Dwuma titire a ɛdi ne sɛ ɛbɔ mogya kɔ nipadua no akwaa nyinaa mu ma nkwammoa a ɛwɔ mu no nya ahoɔden. Sɛ wokɔ nipadua no mu a, adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ, akoma no hyɛ benkum so wɔ yɛn koko so. Wɔsane kyerɛ sɛ, onipa biara akoma kɛseɛ bɛyɛ sɛ sɛdeɛ ɔno ankasa ne twɛdeɛ a wamoa no kɛseɛ teɛ. Nhwehwɛmu sane kyerɛ sɛ, akoma no bɔ mprɛ aduɔson mmienu wɔ simma baako biara mu. Nti sɛ wohwɛ mu a, akoma no tumi bɔ bɛyɛ sɛ mpem ɔha dabiara, ɛnna ɔpepe aduasa nson afe biara.

Akoma no te sɛ nsa a yɛamoa no.

Yɛhwɛ sɛdeɛ akoma no yɛ n’adwuma fa a, ɛkyerɛ ma yɛhunu sɛ ɛno na ɛkura nipadua no akwaa nyinaa. Ne saa nti sɛ ɛho te kyema a, ɛtumi ka akwaa ahodoɔ a aka no nyinaa. Wei nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ na yɛsua yadeɛ a ɛtumi ka akoma no, na yɛhwɛ hunu kwan a yɛbɛtumi afa so asi ano kwan no.

https://akannews.com/storage/2023/02/VID-20230220-WA0047.mp4

Ɛdeɛn ne akoma yadeɛ?

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Akoma yadeɛ yɛ yadeɛ ahodoɔ a ɛtumi ka akoma no ma ɛsi n’adwumayɛ ho kwan. Nyarewa ahodoɔ a ɛtumi ka akoma no bi ne yadeɛ a ɛwɔ ntini a mogya nam mu no, sɛ akoma no bɔ primprim, sɛ kyemateɛ aba akoma no yɔbea ho ne deɛ ɛkeka ho.

Nsɛnkyerɛnneɛ a ɛda adi wɔ akoma yadeɛ ho.

1. Obi a ɔwɔ akoma yadeɛ no tumi te yea wɔ ne koko so, ne titire ne ne benkum so, faako a akoma no hyɛ no.

2. Ne home ntaa nsisi so.

3. Ne nan anaa n’abasa tumi yɛ titiritii, ɔtumi te yea wɔ mu, afei ɛmu nso tumi yɛ no nwunu.

4. Ɔtumi te yea wɔ ne kɔn ho ma ɛtumi didi ba n’abɔdwe ase, ne mene mu ne n’akyi. Ɔte saa yea yinom nyinaa wɔ akwaa yɛabobɔ soɔ no benkum so.

5. Ne nan ase, ne yafunu ne n’ani akyi tumi pagyapagya.

6. Ebinom nso akoma tumi bɔ ntɛntɛm so pa ara.

7. Deɛ ɛtwa toɔ koraa a ɛyɛ hu ne sɛ, ɛtumi ma nipa no twa hwe.

Deɛ ɛde akoma yadeɛ ba anaa nneyɛeɛ a ɛtumi kɔfa akoma yadeɛ ba.

1. Ebinom wɔ hɔ a wɔn awofoɔ tumi de wo wɔn.

2. Sɛ obi wɔ mogyaborosoɔ na ɔmpɛ ano pomasiberɛ no tumi kɔfa ba.

3. Obi a ɔwɔ asikyire yadeɛ nso tumi nya akoma yadeɛ.

4. Nkyenedie bebree nso tumi kɔfa ba.

Nkyenedie bebree tumi de akoma yadeɛ ba.

5. Afei nnuane ahodoɔ a sradeɛ wɔ mu die bebree tumi kɔfa ba.

6. Nsanom ne tawanom bebree de akoma yadeɛ ba.

7. Adwennwene mmorosoɔ nso tumi kɔfa ba.

8. Kɛseyɛ mmorosoɔ de akoma yadeɛ ba saa ara.

Ɔkwan a yɛbɛtumi afa so asi akomayadeɛ ano.

1. Ɛtwa sɛ obi a ɔwɔ akoma yadeɛ no te ne nkyene, asikyire, sradeɛ ne anwa nnuanedie bebree so.

2. Ɛsɛ sɛ ɔte nnuane a yɛapɔ ho die bebree so na ɔdi deɛ ntɛtɛ wɔ ho pii.

3. Afei, ɛtwa sɛ ɔtenetene n’apɔm.

Apɔmtenetene tumi si akoma yadeɛ ano.

4. Ɛsɛ sɛ ɔgyae nsa ne tawanom nso.

5. Ɛsɛ sɛ ɔsane hunu kwan pa a ɔbɛtumi afa so asɔ adwennwene mmorosoɔ ano.

6. Yɛresɔ mogyaborosoɔ ne asikyire yadeɛ ano no nso bɛtumi asi akoma yadeɛ ano kwan.

7. Ɛtwa sɛ obi a ɔwɔ akoma yadeɛ no taa di nnuane a ɛma ntini no mu buebue, saa nnuane yi bi ne gyeene, akekaduro, anwo ne deɛ ɛkeka ho.

8. Ɛsɛ sɛ ɔtaa di nnuane a nnuanennuro bi te sɛ potaaseɔm, magniiseɔm ɛnna kaaseɔm wɔ mu. Saa nnuane yi bi ne kwadu, paya, kube, ntoosi ne deɛ ɛkeka ho.

Taa di nnuane a potaaseɔm wɔ mu nso.

Ɛnam sɛ akoma no na ɛkura nipadua no akwaa nyinaa nti no, yɛtu fo sɛ kora w’akoma kyɛn deɛ ɛhia wo nyinaa, ɛfiri sɛ ɛno mu na nkwa firi ba.

Mma wo werɛ mfiri sɛ wobɛkyɛ ama wo nuanom ne w’ayɔnkofoɔ ama wɔanya saa nimdeɛ yi bi. Wobɛtumi aka ho asɛm nso.

Tags: Akomaasikyire yadeɛMogyamogyaborosoɔnkyenennuanennuropotaaseɔm
Deɛ atwam

Asikyire yadeɛ

Deɛ ɛdi hɔ

Nsusεeε ne nsunsuansoᴐ a εde brε, rebrε anaa bεbrε nnipa, ne titire ᴐman Ghana mu nnipa

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nsusεeε ne nsunsuansoᴐ a εde brε, rebrε anaa bεbrε nnipa, ne titire ᴐman Ghana mu nnipa

Nsusεeε ne nsunsuansoᴐ a εde brε, rebrε anaa bεbrε nnipa, ne titire ᴐman Ghana mu nnipa

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?