• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Akanfoɔ gyidie wɔ nkwa ne owuo ho: Ɔfa I

Awoɔ ne Abadintoɔ: Ɔfa 2

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
01/02/2023
wɔ Adesua, Amammerɛ
0 0
0
Akanfoɔ gyidie wɔ nkwa ne owuo ho: Ɔfa I
0
SHARES
651
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Yɛadi kan asua sɛdeɛ Akanfoɔ nsi ɔpemfoɔ fam wɔ adesua yi fa a ɛdi kan no mu. Ɛnnɛ, yɛrebɛka abadintoɔ amammerɛ no ho asɛm wɔ ɔfa a ɛto  so mmienu yi mu.

Adeɛ baako pa ara a ɛde anigyeɛ ba abusua biara mu ne awoɔ. Tete no, na sɛ ɔbaa anaa ɔbarima bi nwo a, wɔtumi gyina so gu awareɛ no. Yei nti, sɛ abɔfra ba awareɛ bi mu a, na ɛyɛ anigyesɛm kɛseɛ pa ara.

Amammerɛ kwan so no, Akanfoɔ ahyɛda ahyehyeɛ akwan pɔtee binom a wɔfa so to abɔfra din. Yɛwɔ kradin, apɛntɛn din, abosom din, nnabɔne din, ne edin ahodoɔ binom a abɔfra bi tumi nya wɔ Akanman mu. Nanso edin a yɛrebɛka ho asɛm seesei yi deɛ, ɛyɛ abusua din.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Abusua din biara firi abɔfra no papa abusua mu ɛfiri sɛ, Akanman mu no, ɛyɛ agya no na ɔma abɔfra bi din. Nsonsonoeɛ a ɛda abusua din ne edin ahodoɔ a aka no nyinaa mu ne sɛ, abusua din nko ara ne edin a wɔhyɛda de ma abɔfra bi. Edin ahodoɔ a aka no nyinaa firi tebea bi anaa ɛda a wɔwoo abɔfra no mu.

Yɛbɛhyɛda aka edin ahodoɔ no nyinaa ho asɛm berɛ foforɔ, na yɛasua ɛmu biara ho abakɔsɛm.

Akanman mu no, sɛ ɔbaa bi wo a, wɔtwɛn nnawɔtwe anaa wɔkan nnafua nnwɔtwe firi ɛda a wɔwoo abɔfra no ansa na wɔato abɔfra no din.

Deɛ nti a wɔtwɛn nnawɔtwe ne sɛ, Akanfoɔ gye di sɛ, onipa biara wɔ maamenom mmienu. Wɔkyerɛ sɛ, saa maamenom yi mu baako wɔ asamando ɛnna baako nso ne deɛ ɔwɔ ateasefoɔ asase yi so a yɛn nyinaa yɛnim no no. Wɔgye di sɛ, ansa na abɔfra biara bɛba ateasefoɔ asase yi so no, gye sɛ ne maame a ɔwɔ asamando no ma kwan, nanso sɛ abɔfra no antwɛn amma ne maame no amma no kwan na ɔdwane ba ateasefoɔ asase yi so deɛ a, nneɛ ne maame a ɔwɔ asamando no bɛsan abɛfa no akɔ.

Yei nti, sɛ wɔwo abɔfra biara ba ateasefoɔ asase yi so a, Akanfoɔ twɛn nnawɔtwe de hwɛ sɛ, ɛyɛ abɔfra no ara na ɔdwane baeɛ anaasɛ ne maame no na ɔmaa no kwan maa ɔbaeɛ. Sɛ abɔfra no ara na ɔdwane baeɛ deɛ a, nneɛ ne maame a ɔwɔ asamando no bɛba abɛfa no ansa na nnawɔtwe no aso, kyerɛ sɛ ɔbɛwu. Mmom, sɛ maame no ara na ɔmaa no kwan sɛ ɔmmra deɛ a, nneɛ nnawɔtwe no bɛto no ama wɔato no badin.

Akanman mu no, ɔbaa biara wo a, ɔne abɔfra no nyinaa hyɛ dan mu kɔpem berɛ a wɔbɛto no abadin ansa na watumi de abɔfra no apue. Saa berɛ no, ɛsiane sɛ ɔbaa no nnamfonom ne n’abusuafoɔ binom ntumi nkɔsra no nti, ɛte sɛ deɛ obiara tan ɔbaa no ne abɔfra no.

Ɛno nti, sɛ nnawɔtwe no so na wɔrekɔto abɔfra no din a, deɛ Akanfoɔ taa ka ne sɛ wɔrekɔyi no tan. Kyerɛ sɛ, wɔrekɔyi no apue ama ɔtan a ɛne sɛ obiara ntumi nkɔsra wɔn no atwam.

Akanfoɔ to abadin anɔpa. Ɔbaatan no fie na wɔyɛ abadintoɔ amanneɛ no nyinaa. Ɛsiane sɛ abadintoɔ yɛ amammerɛ sononko nti, wɔwɔ nneɛma ahodoɔ bi a wɔde yɛ ɛmu amanneɛ no nyinaa. Saa nneɛma yi, abɔfra no agya na ɔbɛtotɔ ɛmu dodoɔ no ara.

Nnneɛma a wɔde yɛ abadintoɔ amanneɛ no na ɛdidi soɔ yi.

1. Nsuo

2. Nsa

3. Pɛtea

4. Akrasika

5. Funumatoma

6. Bɔdwehan

7. Sekan

8. Kɛntɛn (yɛde di dwuma berɛ a abɔfra no yɛ ɔbaa)

9. Etuo (yɛde di dwuma berɛ a abɔfra no yɛ ɔbarima).

Afei nso, sɛ nneɛma a wɔde yɛ amanneɛ yinom a mabobɔ so yi da nkyɛn a, wɔtumi totɔ nneɛma afoforɔ binom te sɛ, abɔfra no mpaboa, abɔfra no ntaadeɛ, ɔbaatan no duku, ɔbaatan no ntoma (ntoma fitaa), ɔbaatan no mpaboa, kuruwaba, samina, nku, pawoda, kanea, sumiiɛ, ne biribiara a ɔbaa anaa abɔfra de yɛ ne ho a ɛyɛ yie.

Ɔkwan a Akanfoɔ fa so to abadin.

Ɛda ne berɛ a wɔahyɛ sɛ wɔbɛto abɔfra no din no duru a, ɔbaatan no sɔre ntɛm dware siesie ne ho. Afei, wɔdware abɔfra no nso siesie ne ho twɛn ɔbarima no abusuafoɔ. Ɔbaatan no fura ntoma fitaa na abɔfra no nso ahyɛ ataadeɛ fitaa saa ara.

Afei, ɔbarima no abusuapanin, ne nuabaa ne n’abusuafoɔ kakraa bi a wɔatu wɔn siesie wɔn ho kɔtoa ɔbaa no ne abɔfra no.

Ansa na wɔbɛhyɛ abadintoɔ no ase no, wɔdi kan gu nsa de srɛ nhyira firi Tweaduampɔn, Asaase Yaa, Nananom abosom ne Nsamanfoɔ no nyinaa hɔ.

Afei, ɔbaapanin bi a ɔfiri ɔbarima no abusua mu gye abɔfra no to ne serɛ so de ntomaa fitaa (funumatoma) kyekyere abɔfra no ho.  Ɛha na abɔfra no sewaa anaa ne papa nuabaa de edin a papa no pɛ sɛ ɔde to ne ba no bɛto dwa.

Ɔwie a, na wɔahwie nsa no bi agu tɔmmrɛ mu na wɔasan ahwie nsuo no bi nso agu tɔmmrɛ no foforɔ mu. Ɔbaapanin no de ne nsateaa akyerɛkyerɛkwan no di kan bɔ nsa no mu de ka abɔfra no kɛtrɛma so ka sɛ, “Asomasi (Ɔbɔ abɔfra no din a wɔde ato dwa no frɛ no), wohunu sɛ ɛyɛ nsa a, ka sɛ nsa na nse sɛ ɛyɛ nsuo.” Ɔyɛ no saa ara mprɛnsa ka asɛm korɔ no ara kyerɛ abɔfra no.

Afei sɛ ɔwie nsa no a, na wasan de ne nsateaa akyerɛkyerɛkwan no abɔ nsuo no nso mu aka abɔfra no kɛtrɛma so aka sɛ, “Asomasi (Ɔbɔ abɔfra no din a wɔde ato dwa no frɛ no), wohunu sɛ ɛyɛ nsuo a, se sɛ ɛyɛ nsuo na nka sɛ ɛyɛ nsa.” Ɔyɛ ɛno nso mprɛnsa saa ara ka asɛm korɔ no ara kyerɛ abɔfra no.

Nsuo ne nsa a wɔde ka abɔfra no ano wɔ abadintoɔ mu no kyerɛ nokorɛdie. Wɔde kyerɛ no sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔma n’ano yɛ nta na mmom, ɔmma ne aane nyɛ aane na ne daabi nso nyɛ daabi.

Ɔwie nsuo ne nsa no a, na ɔde ahaban bi a wɔfrɛ no bɔdwehan nso abɔ abɔfra no ano so mprɛnsa aka akyerɛ no sɛ, “Asomasi (Ɔbɔ abɔfra no din a wɔde ato dwa no frɛ no), sɛ wohunu obi asɛm a, fa w’ani hwɛ na mfa w’ano nka.”

Wɔyɛ yei nso de kyerɛ no abrabɔ pa. Sɛdeɛ ɔmma n’ano nyɛ pɛrepɛre na ɔnhuahua nkurɔfoɔ nsɛm. Yei bɛboa no na wanyɛ obi a ɔdi nkɔnkɔnsa keka afoforɔ ho nsɛm.

Afei sɛ abɔfra no yɛ ɔbaa a, ɔbaapanin no sɔ ne nsa de ka sekan ne kɛntɛn ka sɛ, “Asomasi (Ɔbɔ abɔfra no din a wɔde ato dwa no frɛ no), nyini bɛyɛ nsiyɛfoɔ ne ɔboafoɔ ma wo kunu daakye.”

Abɔfra no yɛ ɔbarima nso a, ɔsɔ ne nsa de ka sekan ne etuo a aboba biara nnim ka sɛ, “Asomasi (Ɔbɔ abɔfra no din a wɔde ato dwa no frɛ no), nyini bɛyɛ adwumaden hwɛ wo yere ne wo mma.”

Wɔyɛ saa amanneɛ yi de kyerɛ mmɔfra no sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ akwadwofoɔ na mmom, ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwumaden ma wɔn abusuafoɔ nya wɔn so mfasoɔ.

Wɔawie a, onipa a wɔde abɔfra no too no no de pɛtea ba ma wɔde hyɛ abɔfra no nsateaahene no. Ɛyɛ biribi a wɔyɛ de kyerɛ sɛ, wɔrehyɛ onipa no ne abɔfra no ntam abusuabɔ no mu den. Afei nso, wɔpɛ sɛ abɔfra no nyini bɛyɛ sɛ onipa a wɔde no ato no no ara. Ɛno nti na tete no, na wɔmfa mmɔfra ntoto onipa biara kɛkɛ no. Mmmom, sɛdeɛ abɛbuo yi ka no, “Ɔsaman pa na wɔto no abadin.” Kyerɛ sɛ, onipa ɔbɔ abrabɔ pa no, na wɔde abɔfra to no.

Afei, abɔfra no papa tua sika bi a wɔfrɛ no akrasika ma abɔfra no. Wɔde sika yi pata abɔfra no kra sɛ wɔde edin foforɔ aka ne kradin no ho.

Amanneɛ yinom nyinaa ba awieeɛ a, na onipa a wɔde abɔfra no too no no de n’akyɛdeɛ aba, na ɔbaa no abusuafoɔ ne ne nnamfonom ne n’adɔfoɔ nyinaa nso de wɔn akyɛdeɛ aba. Ɔbarima no abusuafoɔ ne ne nnamfonom ne n’adɔfoɔ nso yɛ saa ara.

Afei, wɔgu nsa de da Tweaduapɔm ne Asase Yaa, ne Nananom ase sɛ wɔama dwumadie no aba awieeɛ asomdwoeɛ mu. Nsaguo no mu nso, wɔsan srɛ nhyira ma ɔbaa no ne abɔfra no, ne abusuafoɔ nkaeɛ no nyinaa. Afei wɔde nsaguo no reba awieeɛ a, na wɔadome wɔn atamfo nyinaa nso.

Wɔgu nsa no wie a, wɔde nnwontoɔ ne osebɔ gye wɔn ani ma abɔfra no aba-a-tena-ase.

Mpanimfoɔ se, “Sɛ woanto wo fie badin a, woyera wo mpaninsɛm.”

Ɛno nti, Akanfoɔ ntoto abadintoɔ amammerɛ yi ase koraa.

Abadintoɔ ho mfasoɔ binom

i. Ɛkyerɛ sɛ wɔagye abɔfra bi atom wɔ abusua bi mu.

ii. Ɛma yɛhunu abusua a abɔfra no firi mu.

iii. Ɛhyɛ ɔbaatan no ne abɔfra no animuonyam.

iv. Ɛma abɔfra no nya akyɛdeɛ

v. Ɛda Akanfoɔ gyedie adi.

vi. Ɛma mmɔfra sua suban pa.

Megye di sɛ, tete wɔ bi ka, tete wɔ bi kyerɛ no, ama woasua nneɛma pii afa Akanfoɔ amammerɛ ne wɔn gyidie ho.

Yɛbɛhwɛ Akanfoɔ gyedie a ɛfa owuo ne ayiyɔ ho wɔ ‘Akanfoɔ gyedie wɔ nkwa ne owuo ho: Ɔfa II no mu.

Tags: Akanfoɔ abadintoɔAkanfoɔ amammerɛCulture and TraditionsCulture of Ashantisnaming ceremony among the Akans
Deɛ atwam

Akanfoɔ gyidie wɔ nkwa ne owuo ho: Ɔfa I

Deɛ ɛdi hɔ

Nokwasɛm dunum binom nti a ɛsɛ sɛ wonom nsuo berɛ biara

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nokwasɛm dunum binom nti a ɛsɛ sɛ wonom nsuo berɛ biara

Nokwasɛm dunum binom nti a ɛsɛ sɛ wonom nsuo berɛ biara

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?