• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Amammerɛ

Ahwɛgorɔ bi a Bolingo Akan Kaseɛbɔ asɔ asene

Wɔbɛyi ahwɛgorɔ yi wɔ Ɔman Sinihwɛbea a ɛwɔ Ghana no mu

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
10/13/2022
wɔ Amammerɛ, Anigyesɛm
1 0
0
Ahwɛgorɔ bi a Bolingo Akan Kaseɛbɔ asɔ asene
0
SHARES
357
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ɔmampɛ honhom ne ɔpɛ a Bolingo wɔ sɛ wɔbɛboa ama Ghana atu mpɔn wɔ yɛn amammerɛ mu nti, wɔnam akwannuasa so reyɛ deɛ wɔbɛtumi biara sɛ wɔbɛma wiase nyinaa ahunu sɛdeɛ yɛn amammerɛ yɛ fɛ.

Yei nti, Bolingo asɔ ahwɛgorɔ bi a Ɔman Sinihwɛbea ne adwumakuo bi a wɔfrɛ wɔn ‘EA books’ rebɛyi no nnansa yi ara no asene.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Edin a ɛda ahwɛgorɔ yi so ne ‘Deɛ Maame Nnim.’ Ne twerɛfoɔ ne ne daanodini ne Awuraa Evelyn Nana Ama Asare. Wɔbɛyi no Ahinime 26, 2022 wɔ Ɔman Sinihwɛbea a ɛwɔ Nkran no mu.

Tɔfabɔ mu no, ahwɛgorɔ yi fa aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Isaac ho. Ɔyɛ ɔbarima bi a n’afipamfoɔ nyinaa pɛ n’asɛm pa ara. Asabea ne Kwame nso yɛ nnipa a wɔdi ahwɛgorɔ yi mu akotene. Ahwɛgorɔ no mu no, ɛsɛ sɛ Asabea hunu asumasɛm bi. N’abooboodie nyinaa ne sɛ, Kwame kɔhyia Isaac na ɔwu mpofirem a ɛdeɛn na ɛbɛsi na ɔbɛka n’asɛm sɛn? Ɛyɛ ahintasɛm bi a ɛsɛ sɛ Asabea tumi hunu mu ntɛm!

Ahwɛgorɔ yi atirimpɔ titire pa ara ne sɛ ɛbɛbue w’ani wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛboa wo ama woahunu wo ho yie, na woasane ahunu biribiara a ahinta wɔ wo mu.

Sɛ saa deɛ a, woyɛ ɔwofoɔ anaa abɔfra?

Nneɛ, wo nti na wɔayɛ ahwɛgorɔ ‘Deɛ Maame Nnim’ yi!

Ɛyɛ ahwɛgorɔ bi a ɛsɛ sɛ mmabunu a wɔasisi soɔ no nyinaa hwɛ bi. Ɛkyerɛkyerɛ nsɛm binom te sɛ sɛdeɛ wobɛyɛ ɔwofoɔ, sɛdeɛ wobɛfa nnamfoɔ ne atipɛnfoɔ nhyɛsoɔ mu. Ahwɛgorɔ no ka ɔbarima ne ɔbaa bi ho asɛm. Ɛkyerɛ sɛdeɛ gyinaeɛ a saa nnipa mmeinu yi siiɛ no kaa wɔn asetena pa ara na ɛde wɔn kɔɔ tebea bebree mu.

Ɛsane nso kyerɛkyerɛ ɔhaw ahodoɔ a awofoɔ fa mu. Yei nti, n’ahyɛaseɛ kɔsi n’awieeɛ nyinaa ka sɛdeɛ gyinaeɛ a awofoɔ ne mmɔfra nyinaa sisi no bɛtumi aka wɔn asetena.

Yɛgye di pa ara sɛ, sɛ woyɛ ɔwofoɔ anaa ɔkyerɛkyerɛni na wogye berɛ bɛhwɛ ahwɛgorɔ yi bi a, ɛbɛboa wo ama woahunu abateteɛ yie. Ɛbɛboa mmɔfra nso ama wɔasua suban pa na wɔasisi gyinaeɛ pa ama wɔn asetena atu mpɔn.

Nhyehyɛeɛ sononko a ɛtaa ahwɛgorɔ yi akyi ma asuafoɔ a wɔwɔ mfitiaseɛ sukuu mu, JHS ne SHS mu ne sɛ, anɔpa no, wɔbɛhyɛda ayi ahwɛgorɔ no akyerɛ asukuufoɔ no nko ara. Wɔbɛsane ama wɔn kwan ama wɔabisabisa nsɛm a ɛkyere wɔn adwene biara. Afei, wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn nwomatwerɛ ne sinitwa ho nsɛm pii na wɔsane ahyɛ wɔn nkuran wɔ wɔn nwomasua mu.

Kae sɛ, wɔbɛyi no Ahinime 26, 2022 wɔ Ɔman Sinihwɛbea a ɛwɔ Nkran no mu. Ɛberɛ a wɔbɛyi no yɛ anwummerɛ nnɔnson. Sika a wɔbɛgye obiara a ɔbɛba abɛhwɛ ahwɛgorɔ yi bi yɛ GHS 20.00

Ɔdɔ a yɛwɔ ma mmɔfra na yɛsane dwene wɔn daakye ho nti na ne boɔ da fam saa no sɛdeɛ obiara bɛtumi abɛhwɛ bi. Yei nti, mma no mpa wo tiri so koraa!

Sɛ worepɛ ahwɛgorɔ yi ho nsɛm foforɔ binom atie a, wobɛtumi aka ho asɛm akyerɛ Bolingo Akan Kaseɛbɔ na yɛbɛboa wo.

Tags: Akan KaseɛbɔBolingoEvelyn Nana Ama AsareJoseph Aboagye
Deɛ atwam

Apolisifoↄ akyere nnipa baasa bi a wↄsusu sɛ wↄn ho bↄn Dompim ahensɛm mu ntↄkwasɛm ne basabasayɛ no mu

Deɛ ɛdi hɔ

Sika Dwa Kofi ho abakɔsɛm bi

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Nkuranhyɛ a yɛnya firi Owura Akwasi Boadi Akrobeto abrabɔm nsɛm mu
Adesua

Nkuranhyɛ a yɛnya firi Owura Akwasi Boadi Akrobeto abrabɔm nsɛm mu

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/27/2023
Awaregyaeε mu hyireguo mu nneyεeε nnum binom mu mu mpεnsεmpεnsεmumu asukᴐ dᴐ
Adesua

Awaregyaeε mu hyireguo mu nneyεeε nnum binom mu mu mpεnsεmpεnsεmumu asukᴐ dᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
07/26/2023
Azuma Nelson ho nsɛm
Adesua

Azuma Nelson ho nsɛm

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/22/2023
Ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛko ma Abibirem kasa ahoroɔ no – Brady ne Kaitlyn, ahɔhoɔ a wɔsene ɔmani
Adesua

Ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛko ma Abibirem kasa ahoroɔ no – Brady ne Kaitlyn, ahɔhoɔ a wɔsene ɔmani

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/19/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Sika Dwa Kofi ho abakɔsɛm bi

Sika Dwa Kofi ho abakɔsɛm bi

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?