• Twi
  • Fante
15:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Afe 2022 ntoasoɔ sukuu sɔhwɛ a ɛtwa toɔ WASSCE no so nsunsuansoɔ no da no adi sɛ Free SHS no reyɛ adwuma yie pa ara – Akufo-Addo

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
12/05/2022
wɔ Adesua, Amanyɔsɛm
0 0
0
Akyerɛkyerɛfoɔ a wɔrepɛ adesua mu kwan sɔhwɛ a wɔbɛtwerɛ ansa na wɔagye wɔn wɔ Akyerɛkyerɛfoɔ Nteteeɛbea firi 2023 rekɔ – Aban
0
SHARES
81
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ghana manpanin, Nana Addo Dankwa Akufo-Addo de nkyerɛkyerɛmu aba sɛ sɛ yɛhwɛ asukuufoɔ a wɔtwerɛɛ afe 2022 mu ntoasoɔ sukuu sɔhwɛ a ɛtwa toɔ a wɔtwa no tia ka no WASSCE no na yɛde toto mfeɛ nnwɔtwe a atwam deɛ no ho a, 2022 mu foɔ na ayɛ adeɛ pa ara. Ↄmanpanin Akufo-Addo kyerɛ sɛ mfeɛ nsia nie na wɔde ntoasoɔ sukuu a mmɔfra kɔ no kwa a wɔntua biribiara a wɔfrɛ no Free SHS ho nhyehyɛeɛ guu akwan mu, a ama mmɔfra a wɔwɔ Ghana ɔpepe 1.7 akwanya ama wɔakɔ ntoasoɔ sukuu. Ↄdaa no adi sɛ, saa nnipa dodoɔ a ɔpepe 1.7 a wɔafa wɔn wɔ aban yi pɛn soɔ no yɛ deɛ ɛdi kan koraa wɔ Ghana abakɔsɛm mu, na ɔbɛtumi de ne nsa asi ne bo a ɔnsuro ho aka sɛ n’ani agye saa nhyehyɛeɛ yi ne ɛso nsunsuansoɔ ho yie wɔ baabi a abɛduru yi.

Ↄmampanin no de n’anodisɛm reto dwa wɔ Opoku Ware Ntoasoɔ Sukuu afedida a ɛtɔ 70 wɔ Ↄpɛnimma 3, 2022 mu no, ɔkaa sɛ afe yi mu asuafoɔ no ne ekuo a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ ne pɛn so sɔhwɛ no mu, na afe yi sɔhwɛ no so nsunsuansoɔ kyerɛ sɛ, asuafoɔ no mu 60.39% na wɔnyaa A1-C6 wɔ Borɔfo Adesua mu. Ↄkyerɛ sɛ, sɛ yɛhwɛ afe 2016 mu a mmɔfra yi mu 51.6% na wɔnyaa A1-C6 wɔ Borɔfo Adesua mu.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Ↄde too dwa sɛ, wɔ Abɔdeɛ mu Nyansapɛ Adesua mu no, wɔn mu 62.45% na wɔnyaa A1-C6 wɔ afe 2022 mu, nanso afe 2016 mu no, 43.35% na wɔnyaa A1-C6. Ↄkaa sɛ sɛ yɛhwɛ Abɔdeɛ mu Nyansapɛ Adesua so nsunsuansoɔ wɔ 2021 mu a na ɛyɛ 65.70% no a, afe yi deɛ a ɛyɛ 62.45% no te sanee n’akyi kakraa bi a ɛmmoro so biara.

Ↄmampanin Akufo-Addo de kaa ho sɛ, asuafoɔ no mu 61.39% na wɔnyaa A1-C6 wɔ Nkonta Adesua mu, ɛnna 33.12% nyaa A1-C6 wɔ 2016 mu; ɛnna 71.51% nyaa A1-C6 wɔ Nneɛma a ɛkɔ so wɔ Asetena mu Adesua ho, na sɛ yɛdetoto 2016 deɛ no ho a 54.55% na wɔnyaa A1-C6.

Ↄkaa sɛ mma yɛmma yɛn werɛ mfiri sɛ 2021 mu asuafoɔ kuo no a wɔn sɔhwɛ no so nsunsuansoɔ sɔ ani no na wɔde wɔn hyɛɛ dɔboro traake nhyehyɛeɛ no ase a amansan bɔɔ wɔn akyi bɔeɛ bɔeɛ berɛ a na wɔrehyɛ saa hyehyɛeɛ no ase no.

Ↄmampanin no toaa so sɛ, afe 2022 sɔhwɛ no so nsunsuansoɔ yɛ deɛ ɛsɔ ani yie wɔ mfeɛ 8 a atwam no mu. Ne saa nti, ɔkyerɛ sɛ Free SHS yi yɛ nhyehyɛeɛ a ɛyɛ pa ara, a akyinnyegye biara nni ho. Ↄkyerɛ mu a, ɛreyɛ adwuma, na ɛreyɛ adwuma yie.

Ↄmampanin nkasaeɛ mu wɔ adwabɔ no a na Asantehene Otumfoɔ Osei Tutu II, ne Ↄtitenani ma Asanteman mu agyinatifoɔ, Nana Otuo Serebuo II wɔ aseɛ bi no mu no, ɔkaa sɛ, aman a wɔanya wɔn ho anaa wɔatu mpɔn abakɔsɛm ne wɔn suahunu da no adi akyerɛ wiase nyinaa sɛ ɔkwan pa a wobɛfa so ama akwannya aba ɔman no mu, na ɛnam so adi agyinamu ama ɔman no daakye ne sɛ wobɛhyɛ mmabunu no ma na woaboa wɔn wɔ adesua ne adwumasua mu.

Ↄkaa wie ɛsiane sɛ, nnipa a wɔwɔ Ghanaman mu, ne me ne wo, ne titire ne mmabunu no na wɔbɛsi Ghana. Ↄkyerɛɛ sɛ sɛ adesua nni mu a, yɛntumi mfiri ɔman a wɔda so wɔ mpuntuo mu nkɔ ɔman a wɔatu mpɔn.

Saa asɛm yi nti na Ↄmampanin Akufo-Addo kaa sɛ, ahokyerɛ bebrebe no nyinaa akyiri no, aban no de sika ne nneɛma pii ahyɛ Free SHS nhyehyɛeɛ no mu. Afe 2022 sikasɛm nhyehyɛeɛ no mu no na sika a wɔde rebɔ Free SHS ho bra no yɛ ɔpepepe GHC 2.3, nanso wɔ ne 28.6% aka ho a seesei ɛyɛ ɔpepepe 2.96.

Sɛdeɛ Ↄmampanin no yɛɛ no Akuafoɔ afedida no ase srɛɛ ɔmanfoɔ sɛ wɔntaa nhyehyɛeɛ a aban asusu no akyi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔman no sikasɛm bɛyɛ yi, na ɛde mpuntuo aba, na abɔ ahiafoɔ ho ban no, saa ara na ɔyɛɛ no saa afedida yi   nso ase.

Ↄde kaa ho sɛ, ɔwɔ anidasoɔ pa ara sɛ 2023 sikasɛm nhyehyɛeɛ no bɛboa asɔ ahokyerɛ a yɛrekɔ mu no ano.

Tags: Ↄmanpanin Akufo-AddoFree SHSMfeɛ nnwɔtweNsunsuansoɔPapaWASSCE
Deɛ atwam

Akyerɛkyerɛfoɔ a wɔrepɛ adesua mu kwan sɔhwɛ a wɔbɛtwerɛ ansa na wɔagye wɔn wɔ Akyerɛkyerɛfoɔ Nteteeɛbea firi 2023 rekɔ – Aban

Deɛ ɛdi hɔ

Yɛde Ghana anɛɛsefoɔ rebɛkɔ UK ama wɔakɔyɛ adwuma wɔ hɔ wɔ nhyehyɛeɛ foforɔ bi ase – Agyeman Manu

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Yɛde Ghana anɛɛsefoɔ rebɛkɔ UK ama wɔakɔyɛ adwuma wɔ hɔ wɔ nhyehyɛeɛ foforɔ bi ase – Agyeman Manu

Yɛde Ghana anɛɛsefoɔ rebɛkɔ UK ama wɔakɔyɛ adwuma wɔ hɔ wɔ nhyehyɛeɛ foforɔ bi ase – Agyeman Manu

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?