• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Aban Adwumayɛfoɔ Nkabomkuo apo akatua ntomu 18% no

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
12/01/2022
wɔ Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
0 0
0
Aban Adwumayɛfoɔ Nkabomkuo apo akatua ntomu 18% no
0
SHARES
61
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Aban Adwumayɛfoɔ Nkabomkuo ansɔ akatua ntomu 18% a aban asusu sɛ ɔpɛ sɛ ɔde to aban adwumayɛfoɔ a wɔnni bammɔ adwumakuo akatua mu no.

Aban Adwumayɛfoɔ Nkabomkuo no kaa no Wukuada no wɔ nhyiamu bi a na wɔde reka akatua ntomu yi ho asɛm ase sɛ, wɔgyina deɛ wɔgyina no ara. ℇnyɛ adeɛ a wɔbɛgye biribiara a ɛnnuru 60% atom.

Nnipa a ɔgyina aban adwumayɛfoɔ a wɔnni bammɔ mu ne aban adwumayɛfoɔ nkaeɛ binom a wɔwɔ Ghana (CLOGSAG) anan mu no daa no adi wɔ berɛ a na wɔretoto n’ano sɛ, wɔasesa kane ntomu a na wɔrepɛ no afiri 60% de kɔ 65%.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Ↄkyerɛɛ sɛ, wɔrekɔ akɔdwene deɛ aban no pɛ sɛ ɔde ma wɔn no ho. Ↄkyerɛɛ sɛ, sɛ yɛhwɛ sikasɛm nhyehyɛeɛ no mu a, wɔde 2.5 na ato ɛtoɔ (VAT) so a ɛyɛ ade mono a afei na wɔde aba. Ne saa nti ɛbɛma wɔn nnesoa nso ayɛ kɛse.

Afei, Isaac Owusu a ɔda Ghana Akyerɛkyerɛfoɔ Nkabomkuo (GNAT) ano no nso apo deɛ aban asusu sɛ ɔde bɛka wɔn akatua ho no, nanso ɔkaa sɛ, ɛsiane sɛ wɔnnyina hɔ mma wɔn ankasa wɔn ho na mmom wɔgyina hɔ ma akyerɛkyerɛfoɔ nnipakuo a wɔwɔ ɔman mu no nyinaa mu nti, ekuo no ne ne nkurɔfoɔ bɛdwene ho ahwɛ deɛ susuan de borɔdehono bɛfa. Nanso wɔbɛdi Aban Adwumayɛfoɔ Nkabomkuo no agyinasie so.

Ↄnanmusini de ma Adwadifoɔ Nkabomkuo nso kyerɛ sɛ ekuo no gyina baabi a ɛgyina ara a ɛnkɔ fam wɔ n’apɛdeɛ no ho.

Ↄkyerɛɛ sɛ wɔagogo nneɛma mu de wɔn ani ahwɛ nneɛma ara mfeɛ pii ama nneɛma akɔ bɔne, na ɛberɛ aso sɛ wɔyɛ deɛ ankɔ yie no yie. Ↄde too dwa sɛ Single Span akatua nhyehyɛeɛ no yɛ nhyehyɛeɛ a ɛnyɛ wɔ ɔman yi mu koraa, na wɔdwene sɛ wei ne akwannya a wɔde bɛyɛ nneɛma yie. Ↄkyerɛɛ sɛ ɛnyɛ sɛ wɔama wɔn asɛm ayɛ den, na mmom wɔn ara na na wɔgye 4% ne 7% no, ɛno nti wɔnnye biribiara a ɛnnuru 60%.

Ↄsoafoɔ Abɛdiakyire a ɔhwɛ Adwumasɛm soɔ, Bright Wireko Brobbey de too dwa sɛ saa nsɛm a ɛrekɔ soɔ yi yɛ deɛ ɛha n’adwene yie pa ara. Ↄkyerɛɛ sɛ wɔne Aban Adwumayɛfoɔ Nkabomkuo no ahyia nanso wɔde sika dodoɔ bi ato dwa. Deɛ aban no de too wɔn anim no nso, wɔse wɔnnye ntom ɛno nti agye sɛ wɔsane kɔbooboo ho. Ↄkyerɛ a ɛyɛ adeɛ a ɛha adwene yie.

Akuo mmienu yi a ɛyɛ aban no ne Adwumayɛfoɔ Nkabomkuo yi ahyia ara ahyia ara sɛ anka wɔbɛka wei ho asɛm, nanso ɛntumi nsi pɔ.

Ansa na wɔrebɛhyia Wukuada no, TUC de kɔkɔbɔ baeɛ sɛ ɛnyɛ adeɛ a wɔbɛgye nsusuiɛ a ɛwɔ aban no sikasɛm nhyehyɛeɛ no mu wɔ 2023 yi mu no atom.

Ↄsoafoɔ a Ↄhwɛ sikasɛm soɔ, Ken Ofori-Atta rekenkan 2023 sikasɛm nhyehyɛeɛ no, ɔde too dwa sɛ wɔasusu sɛ anka wɔde GHC 44,990.00 a ɛyɛ wɔn akatua no mu ɔha mu nkyɛmu 5.6 bɛpata adwumayɛfoɔ.

Ↄtwerɛtwerɛfoɔ Abɛdiakyire ma TUC, Joshua Ansah kaa no wɔ Joynew PM Express so sɛ wɔnnye sika nsusuiɛ biara a aban de ato dwa no ntom.

Owura Ansa kyerɛ sɛ, sɛ aban si so dua sɛ wɔpɛ sɛ wɔtua biribi a ɛnnuru 60% a, ɛnneɛ ɔmmoaboa ne ho nhwɛ ɔko kwan. Ↄmaa no daa adi sɛ ɛnyɛ adeɛ a Aban Adwumayɛfoɔ Nkabomkuo bɛgye saa nsusuiɛ no atom, na sɛ aban ayɛ sɛ ɔbɛsɔ wɔn mene ahyɛ wɔn ama wɔagye saa sika no te sɛ deɛ ɔrema abɔfra aduane no a, ɛnneɛ ɔko kɛseɛ pa ara na ɔrehwehwɛ. Ↄkaa sɛ, ɛnyɛ adeɛ a Aban Adwumayɛfoɔ Nkabomkuo no bɛgyae wɔn 60% akatua ntomu no atom da.

Tags: 60%Aban Adwumayɛfoɔ NkabomkuoAkatua ntomu 18%GNATTUCVAT
Deɛ atwam

Yɛwɔ sika kɔkɔɔ pii a yɛbɛtumi de asesa agye fangoo-Ↄsoafoɔ Abɛdiakyire a ɔhwɛ Ahoɔdensɛm soɔ

Deɛ ɛdi hɔ

Akyerɛkyerɛfoɔ a wɔrepɛ adesua mu kwan sɔhwɛ a wɔbɛtwerɛ ansa na wɔagye wɔn wɔ Akyerɛkyerɛfoɔ Nteteeɛbea firi 2023 rekɔ – Aban

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so
Adesua

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/26/2023
Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.
Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/25/2023
Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no
Adesua

Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/28/2023
Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so
Adesua

Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/22/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Akyerɛkyerɛfoɔ a wɔrepɛ adesua mu kwan sɔhwɛ a wɔbɛtwerɛ ansa na wɔagye wɔn wɔ Akyerɛkyerɛfoɔ Nteteeɛbea firi 2023 rekɔ – Aban

Akyerɛkyerɛfoɔ a wɔrepɛ adesua mu kwan sɔhwɛ a wɔbɛtwerɛ ansa na wɔagye wɔn wɔ Akyerɛkyerɛfoɔ Nteteeɛbea firi 2023 rekɔ - Aban

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?