• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Wɔabɔ Nigeriafoɔ 16 afiri ɔman Ghana mu ɛnam kwan bɔne a wɔnam kɔmputa so redi dwuma nti.

Nigeriafoɔ mmeranteɛ 16 bi a na wɔde kɔmputa rebɔ krɔno no, wɔabɔ wɔn nyinaa asane akɔ wɔn man so.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
10/16/2022
wɔ Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
0 0
0
Wɔabɔ Nigeriafoɔ 16 afiri ɔman Ghana mu ɛnam kwan bɔne a wɔnam kɔmputa so redi dwuma nti.
0
SHARES
59
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Mpanimfoɔ a wɔhwɛ sika ho korɔnobɔnsɛm so wɔ Ghana, (Ghana’s financial and Intelligence Agency) no abɔ mmabunu 16 a wɔn mfeɛ no firi 19 kɔsi 24, na wɔgye tom sɛ wɔnam kwan bɔne so de wɔn kɔmputa rebɔ korɔno no asane kɔ Nigeriaman a wɔfiri no so.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Yei ho na kuo a ɛhwɛ akwantuo nsɛm so wɔ Nigeria, “Nigeria Immigration Service (NIS)” no de too dwa sɛ wɔde korɔnobɔ ho kwaadu abɔ wɔn man mma no mu 16 a ɛno nti wɔabɔ wɔn afiri Ghana aba wɔn man so.

Kaseɛ ho nhyiamudie bi a ɛkɔɔ so wɔ Sema a ɛwɔ Lagos mu no, Dr. Chukwu Emeka a ɔdi NIS anim no de too dwa sɛ saa mmeranteɛ yi kyerɛ sɛ wɔfiri wɔn pɛ mu na wɔfirii ɔman no mu sɛ wɔrebɛpɛ adwuma, wɔn mu binom nso kyerɛ sɛ nnipa bi na wɔdaadaa wɔn.

Ɔkaa no ne nsɛm mu sɛ, “Wɔn a wɔhwɛ siksɛm ho korɔnobɔ so wɔ Ghana no de kɔmputa so korɔno ho kwaadu na abɔ wɔn, nanso yɛn nhwehwɛmu mu no yɛahunu sɛ ebinom de wɔn ho kɔhyɛɛ nnebɔne yi mu anal pɛ a wɔpɛ sɛ wɔyɛ yie nti.”

“Ebinom nso yɛ wɔn a wɔn ho aka ɛsiane sɛ nnipa binom de nnaadaa maa wɔhunuu sɛ wɔfiri Nigeria a, wɔbɛnya wɔn ho. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ deɛ wɔdii ho nkɔmmɔ ne deɛ wɔsusuiɛ no mu biara nni hɔ a wɔkɔnyaa no wɔ Ghana. Yɛn nhwehwɛmu asane ama yɛahunu sɛ wɔn mu binom nso faa akwan bɔne so ne ɛpo so na kɔɔ Afrika aman ahodoɔ a ɛwɔ atɔeɛ fam no bi so.”

Ɔde too dwa bio sɛ ɛwom sɛ ECOWAS a yɛn nyinaa yɛwɔ mu nti yɛwɔ ho kwan sɛ yɛkɔ faako a yɛpɛ na yɛnya nneɛma a ɛwɔ saa mmeaeɛ hɔ no kwan deɛ, nanso mmara a ɛda ho ne sɛ, ɛtwa sɛ wo nsa ka wo nkrataa na wofa kwan pa so kɔ.”

Ɔtuu Nigeriafoɔ no fo sɛ, “wɔmmɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔn nsa bɛka wɔn nkrataa ansa na wɔatu kwan, afei nso wɔkɔduru obi man so a, wɔmmɔ wɔn bra na wɔnyɛ wɔn nnwuma sɛdeɛ ɔman no so mmara teɛ.

Ɔsii no pi nso sɛ wɔn nhwehwɛmu no kɔ awieeɛ a, ɔbɛhwɛ sɛ wɔn a wɔabɔ wɔn aba yi bɛhunu wɔn mmusua bio.

Megye di sɛ n’afotuo no kɔ ma yɛn a yɛwɔ Ghana ha nso bi, ansa na yɛbɛfiri yɛn man yi so akɔ ɔman foforɔ so no, momma yɛnhwɛ sɛ yɛn nkrataasɛm nyinaa ayɛ krado. Yɛkɔduru hɔ nso a  yɛnhwɛ na biribiara  a yɛbɛyɛ no nyɛ deɛ ɛnto saa ɔman no mmara, na deɛ ɛtoo mmeranteɛ 16 yi bi anaa asotwe a ɛkyɛn wɔn deɛ no amma yɛn so.

Afei ɔman yi mu mmabunu nkae nhunu sɛ abrabɔ yɛ aboterɛ ne ntoboaseɛ, wɔnnyi wɔn adwene mfiri pɛ a wɔrepɛ ntɛm anya wɔn ho pii a ɛno nti wɔreyɛ nneɛma bɔne ahodoɔ de repɛ sika no so, ɛsiane sɛ mpanimfoɔ se, “Wofiti prɛkopɛ pɔ wo se a wohunu mogya.”

Tags: Cyber crimeGhanaNigeria
Deɛ atwam

Afe a aban atu asi hɔ de ama akwan:

Deɛ ɛdi hɔ

Tete amammerɛ ne amanneɛ binom a yɛato atwene ne sɛdeɛ aka yɛn asetena ɛnnɛ – Ɔfa 1

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so
Adesua

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/26/2023
Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.
Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/25/2023
Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no
Adesua

Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/28/2023
Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so
Adesua

Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/22/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Tete amammerɛ ne amanneɛ binom a yɛato atwene ne sɛdeɛ aka yɛn asetena ɛnnɛ – Ɔfa 1

Tete amammerɛ ne amanneɛ binom a yɛato atwene ne sɛdeɛ aka yɛn asetena ɛnnɛ - Ɔfa 1

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?