• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Amammerɛ

Ɔfa 2 – Tete amammerɛ ne amanneɛ binom a yɛato atwene ne sɛdeɛ aka yɛn asetena ɛnnɛ

Bragorɔ ne Kyiribra

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
10/19/2022
wɔ Amammerɛ
0 0
0
Tete amammerɛ ne amanneɛ binom a yɛato atwene ne sɛdeɛ aka yɛn asetena ɛnnɛ – Ɔfa 1
0
SHARES
601
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Mpanimfoɔ se, “Abɔsobaa na ɛma egya wae.” Ɛnna, yɛredi adi bio nso na ɛma ɔhɔhoɔ sere. Ɛnnɛ, yɛrebɛtoa yɛn adesua no so ahwɛ ‘Tete amammerɛ ne amanneɛ binom a yɛato atwene ne sɛdeɛ aka yɛn asetena ɛnnɛ’ no, ne fa a ɛtɔ so mmienu.

Adesua a ɛdi kan no mu no, yɛhunuu sɛ bragorɔ yɛ Akanfoɔ amammerɛ titire a wɔntoto no ase koraa. Afei nso, yɛhwɛɛ bragorɔ mu amanneɛ binom ne mfasoɔ ahodoɔ a yɛnya firi bragorɔ mu. Yɛwieeɛ no, yɛde asimmisa bi sii hɔ sɛ, ‘sɛ ɔbaa bi antwɛn amma wɔangoro no bra na ɔne ɔbarima kɔdi mpa mu agorɔ a, na wɔyɛ no deɛn?’

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Tete no, ɛsiane sɛ na ɛyɛ mmusuo sɛ ɔbaa biara ne ɔbarima bɛda berɛ a wɔngoroo no bra nti, na sɛ ɔbaa bi yɛ saa a, wɔyɛ no Kyiribra. Kyiribra yɛ Akanfoɔ amammerɛ a wɔyɛ de popa mmusuo a ɔbaa a wɔngoroo no bra no ne ɔbarima no de aka kuro no. Ɛsiane sɛ kyiribra yɛ aniberesɛm nti, na wɔyɛ amanneɛ binom de sopa ɔbaa ne ɔbarima no nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ nhwɛsoɔ ne kɔkɔbɔ ama nkyirimma a wɔreba no. Ɛno akyi no, na wɔtwa Kyiribra, ɔbaa no, asu firi kuro no mu kɔpem abosome nkron a ɔbɛwo awie ansa na wɔasan agye no atena kuro no mu bio.

Afei nso, sɛ animguaseɛ a ɛde brɛ ɔbaa ne ɔbarima no da nkyɛn a, na animguaseɛ korɔ yi ara bi ka wɔn abusuafoɔ nso ɛfiri sɛ, sɛ nkonkonte anim gu ase a, ɛbi ka nkuruma. Ɛnna sɛ ɛka wo nantini nso a, na aka wo to.

Yei nti, na awofoɔ ma wɔn ani ku wɔn mmammaa ho yie pa ara sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔnkɔfa nsopa a ɛte saa mmɛka abusua no. Bio nso, na mmaayewa ne mmeranteɛ nyinaa hwɛ wɔn ho so yie na ama wɔatumi akwati animguaseɛ a ɛte saa. Ɛno nti, tete no, na mperewanyinsɛn nnɔɔso sɛ ɛnnɛ. Ɛnna na mmaayewa siesie wɔn ho sie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbarima bi kɔn nnɔ wɔn wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Afei nso, na ɔbaa biara pɛ sɛ wɔgoro no bra de hyɛ ɔne n’abusuafoɔ animuonyam na ama no atumi anya kunu pa ne aware pa bi aware.

Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛsiane suatra ne gyedie afrafra nti, ɛnnɛ, nnipa dodoɔ no ara adwene yɛ wɔn sɛ saa amammerɛ yinom ho nhia bio. Enti wɔato atwene reyɛ deɛ wɔpɛ biara. Ɛwom sɛ anibue aba, nanso ɛno nso nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛto yɛn amammerɛ a ɛyɛ papa no twene kɔfa obi deɛ. Aboa no ntakra na ɛma ne ho yɛ fɛ nanso ntakra bɔne deɛ, fanyinam kwaterekwa!

Deɛ afiri saa adeɛ yi mu aba ne sɛ, ɛnnɛ, mmaayewa tumi yiyi wɔn ho gu intanɛte so a wɔn ani mmu wɔn dwɛ mpo. Mmabunu a wɔwɔ hɔ ɛnnɛ atoto wɔ ani awe ɛfiri sɛ, amammerɛ ne amanneɛ a na ɛkyekyere wɔn kane no nyinaa nni hɔ bio.

Yei ama nkyirimma a wɔwɔ hɔ ɛnnɛ no abrabɔ asɛe na ama ɔbra bɔne atu atese wɔ ɔman yi mu. Ɛnnɛ, mperewanyinsɛn, nnubɔnenom, korɔnobɔ, tuutuusie, kyakyatoɔ, ne nneyɛɛ binom a ɛmfata Ɔkani ba nko ara na mmabunu reyɛ! Asane nso de ɔhaw abɛto ɔman no nyinaa so ɛfiri sɛ, ama mmabunu dodoɔ no ara ntumi nkɔ sukuu nnuru akyiri, na ebinom nso anya yarebɔne binom afa mu ahwere wɔn nkwa.

Yɛbɛtumi asi saa ɔhaw yi ano a, ɛsɛ sɛ awofoɔ kyerɛkyerɛ wɔn mma Akanfoɔ amammerɛ binom a ɛfa abrabɔ pa ho, ne afei asiane ahodoɔ a ɛwɔ ɔbra bɔne mu. Afei nso, ɛsɛ sɛ mmaayewa sukuukorɔ bɛyɛ adeɛ titire baako a ɛsɛ sɛ ɔman no ani ku ho pa ara. Ɛbɛyɛ yie mpo a, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ yɛn amammerɛ binom a ɛfa abrabɔ pa ho no nyinaa wɔ sukuu ahodoɔ mu, yɛn kurom, yɛn mpɔtam, tɛlɛbihyin so, radio so, ne yɛn afie mu nyinaa sɛdeɛ ɛbɛma mmabunu ahunu deɛ ɛsɛ sɛ wɔde wɔn abrabɔ yɛ.

Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛtumi buebue sukuu bebree a ɛkyerɛkyerɛ nsaadwuma ahodoɔ no nyinaa bi wɔ ɔman yi mu sɛdeɛ ɛbɛboa ama mmabunu, titire ne mmaa asua nsaanodwuma ahodoɔ binom. Ɛno bɛboa ama wɔatumi de wɔ mmerɛ ayɛ nneɛma binom a ɛso bɛba wɔn mfasoɔ ɛnnɛ ne daakye.

Menim sɛ yɛmfiti prɛkopɛ mpɔ yɛn se, nanso sɛ yɛfiri aseɛ yɛ no nkakrankakra a, yɛbɛduru hɔ. Adeɛ yi, sɛ ɔkwan no ware sɛ deɛn mpo a, ɛbɛwie wɔ aboboano.

Tags: bragoroBragorɔCulture of Ashantisculture todayJoseph Aboagye
Deɛ atwam

Tete amammerɛ ne amanneɛ binom a yɛato atwene ne sɛdeɛ aka yɛn asetena ɛnnɛ – Ɔfa 1

Deɛ ɛdi hɔ

Dɔmkuo ketewa no twe Akuffo-Addo adwene si atɛmmuafoɔ bebree a ɔrefa wɔn gu adwuma no mu, ne nsunsuansoɔ a ɛwɔ wɔ sikasɛm so

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Awaregyaeε mu hyireguo mu nneyεeε nnum binom mu mu mpεnsεmpεnsεmumu asukᴐ dᴐ
Adesua

Awaregyaeε mu hyireguo mu nneyεeε nnum binom mu mu mpεnsεmpεnsεmumu asukᴐ dᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
07/26/2023
Ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛko ma Abibirem kasa ahoroɔ no – Brady ne Kaitlyn, ahɔhoɔ a wɔsene ɔmani
Adesua

Ɛyɛ nhyɛ sɛ yɛko ma Abibirem kasa ahoroɔ no – Brady ne Kaitlyn, ahɔhoɔ a wɔsene ɔmani

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/19/2023
So, na awaregyaeε yε mmrε kane no sε εnnε yi?
Adesua

So, na awaregyaeε yε mmrε kane no sε εnnε yi?

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
07/18/2023
Deɛ asɛmfua “Zion” a Asantehene rekasa a n’Akyeame ka no kyerɛ.
Adesua

Deɛ asɛmfua “Zion” a Asantehene rekasa a n’Akyeame ka no kyerɛ.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/17/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Dɔmkuo ketewa no twe Akuffo-Addo adwene si atɛmmuafoɔ bebree a ɔrefa wɔn gu adwuma no mu, ne nsunsuansoɔ a ɛwɔ wɔ sikasɛm so

Dɔmkuo ketewa no twe Akuffo-Addo adwene si atɛmmuafoɔ bebree a ɔrefa wɔn gu adwuma no mu, ne nsunsuansoɔ a ɛwɔ wɔ sikasɛm so

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?