• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/22/2023
wɔ Adesua, Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
0 0
0
Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

Nnwom tumi kanyan atenka ahodoɔ pii.

0
SHARES
154
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Wiase mu nnipa dodoɔ no ara ani gye nnwom ho, sɛ ɛyɛ ne tie anaasɛ ne toɔ. Obiara wɔ botaeɛ pɔtee bi nti a ɔtie dwom bi. Obi ani gye dwom pɔtee bi ho ɛnam sɛ ɛkaekae no mmerɛ pa bi a atwam, anaa baabi pɔtee bi a ɔdii kan tee saa dwom no. Obi nso tumi pɛ dwom bi ɛnam ɔdɔ a ɔwɔ ma ɔdwomtoni anaa dwomtwerɛfoɔ no. Botaeɛ no gugu mu ahodoɔ ma obiara, mmom adeɛ a yɛn adwene ntaa nkɔ so kɛse yɛ tumi anaa nsunsuansoɔ a saa dwom no tumi nya wɔ yɛn nsusuiɛ ne yɛn atenka so.

Ɛnam dwom so, nipa tumi si agyinaeɛ. Dwom tumi kanyan abufuo, anigyeɛ, awerɛhoɔ, nnuho, adwaman, asomdwoeɛ, bɔnefakyɛ, basabasayɛ, abrabɔ mu nhyehyɛeɛ pa, ɔdɔ ne afoforɔ pii.

Nnwom tumi kanyan atenka ahodoɔ pii.

Sɛdeɛ yɛwɔ berɛ ne beaeɛ pɔtee a yɛhyɛ atadeɛ bi no, saa ara na ɛteɛ wɔ dwomtie ne dwomtoɔ mu. Ɛwom sɛ mmara biara nni hɔ ma berɛ bi a ɛsɛ sɛ obi tie dwom deɛ, nanso sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛrennya nsunsuansoɔ bɔne wɔ wo so na ɛmma wo ntu agyinaeɛ bɔne bi nti, anka ɛyɛ sɛ wobɛhwɛ berɛ a wode tie dwom bi yie.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Wo susu sɛ berɛ bɛn na ɛyɛ sɛ obi tie awerɛhoɔ dwom? So yɛwɔ berɛ pɔtee bi a yɛde tie saa dwom yi anaa? Obi wɔ anigyeɛ mu anaasɛ biribiara nyɛɛ no a, ɛyɛ a na dwom a ɛyɛ awerɛhoɔ no ntaa nnya nsunsuansoɔ biara wɔ ne so, gye sɛ saa dwom no kaekae no mmerɛ bɔne bi a atwam. Yɛtaa te sɛ, hwee nha wo a wode dwom no dɛ na ɛsa kɛkɛ, mmom wowɔ awerɛhoɔ mu dada na wosane tie dwom a ɛte saa a, ɛhɔ na wohyɛ emu nsɛm no nso sane nya mu nteaseɛ yie pa ara. Ɛno nti, berɛ a wowɔ awerɛhoɔ mu dada no, ɛbɛyɛ sɛ anka wobɛtie dwom a w’ani gye ho a ɛbɛma wo anigyeɛ ne awerɛkyekyerɛ, na atwe w’adwene afiri deɛ ɛhaw no so sene sɛ wobɛkɔ so ara atie awerɛhoɔ dwom a ɛma w’awerɛhoɔ yɛ kɛse no.

Bio, dwom a ɛmu nsɛm kyerɛ sɛ anidasoɔ biara nni asase yi so, na ɛsane kyerɛ nipa sɛ ɔhaw biara nni ho anosie no ma wɔn a wɔtie no anidasoɔ nso sa ampa ara. Ɛma nnipa susu sɛ wɔwu a na asa, ɛno nti obi kɔ ahohiahia mu na ɔtaa tie nnwom a ɛmu nsɛm no tete sei a ɛmfa nkuranhyɛsɛm biara mmrɛ no a, ɔtumi gye ɔno ankasa ne kra firi ne nsam ɛsiane sɛ ɔsusu sɛ ɔnya wu a, na ne haw nyinaa to atwa.

Nnwom tumi ma obi anidasoɔ sa, na ɔnya ɔpɛ sɛ ɔbɛdi ne ho awu.

Nnwom tumi de nkabom ne asomdwoeɛ ba. Yɛte afutuo pii firi mpanimfoɔ nkyɛn wɔ wɔn kasa mu deɛ, nanso nnwom mu nsɛm tumi tɔ obi akoma so kɛse ma ɔde mu nsɛm yɛ adwuma sene deɛ ɔte no kasa mu mpo. Ampa ara, dwom a ɛkasa fa asomdwoeɛ ne nkabom ho no tumi  ma atiefoɔ no nso nya saa akoma korɔ no ara. Yɛwɔ nnwom ahodoɔ a ɛkyerɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ nnipa baako, ɛmfa ho ne sɛ woyɛ Fanteni, Frafrani, Asanteni, Anwonani anaa Bononi, ɛma yɛhunu sɛ yɛn nyinaa yɛyɛ Ghanafoɔ.

Nnwom tumi de nkabom ne asomdwoeɛ ba.

Dwom tumi kanyan obi abufuo, na ɛhyɛ no ma ɔtɔ bɔne a obi de ayɛ no no so werɛ. Nnwom no bi kasa tia bɔnefakyɛ, ɛno nti mpɛn dodoɔ a ɔtiefoɔ no retie dwom bi a ɛte saa no, ɔfa suban a dwom no mu nsɛm da no adi no ara. Na ɔhyɛ aseɛ dwene kwan a ɔbɛfa so atua afoforɔ ka wɔ deɛ wɔayɛ no mmerɛ ho.

Bio, nnwom tumi ma nnipa bɔ adwaman mpo wɔ berɛ a na wɔnhyɛɛ da nnwenee ho. Wei tumi si saa ɛnam sɛ dwom a ɛtete saa no mu nsɛm yɛ deɛ ɛkanyan akɔnnɔ, na mpɛn dodoɔ a nipa no retie na ɔretwa ho mfoni wɔ ne tirim no, mpɛn dodoɔ no ara nso na na ɔrenya ɔpɛ no sɛ ɔsɔ ahwɛ.

Nnwom sane tumi boa ma nnipa yɛ nhyehyɛeɛ pa wɔ wɔn abrabɔ. Nnwom no bi tu fo yie fa kwan pa a ɛsɛ sɛ onipa fa so bɔ bra, ɛma anidahɔ, ɛhyɛ nkuran, na ɛkyerɛkyerɛ kwan pa a nipa bɛtumi afa so adi yie wɔ abrabɔ mu, ɛkasa fa ntotoeɛ pa ho. Obi taa teɛ nnwom ahodoɔ bi te sɛ yei a, ɔyɛ ne nhyehyɛeɛ yie wɔ abrabɔ mu, ɔma n’ani da hɔ wɔ ne nneyɛeɛ nyinaa mu na ɔbɔ ne ho mmɔden nso sɛ ɔbɛduru ne botaeɛ ho.

Hwɛ hunu tebea a wowɔ mu na hunu dwom pɔtee a ɛtwa sɛ wotie, na ankɔfa nsunsuansoɔ bɔne biara amma wo so.

Atenka ne nsusuiɛ ahodoɔ a nnwom tumi de ba deɛ ɛyɛ bebree. Mmom, hwɛ nnwom a wotie no yie, susu ho hwɛ sɛ ɛpira wo anaa ɛboa wo. Hwɛ hunu sɛ ɛma wo si agyinaeɛ pa anaa bɔne. Bɔ mmɔden sɛ daa wobɛtie nnwom a ɛtu fo pa, ɛma wo anigyeɛ, ɛhyɛ wo nkuran na ɛmmu w’abam.

Tags: ApɔmudennnwomtieNnwomtoɔ
Deɛ atwam

Awodeԑ ano kokoram ahodoᴐ ne sԑdeԑ wobԑsi abᴐ wo ho ban afiri ho

Deɛ ɛdi hɔ

Biribiara a ɛsɛ sɛ wohunu fa atiridii yadeɛ ho

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Biribiara a ɛsɛ sɛ wohunu fa atiridii yadeɛ ho

Biribiara a ɛsɛ sɛ wohunu fa atiridii yadeɛ ho

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?