• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Takyiman apoɔ kɔfabaeɛ-Akan afahyɛ a agye din no mu baako abakɔsɛm

Deɛ maa yɛnyaa edin apoɔ de maa Takyiman afahyɛ no, botaeɛ a wɔde di, ne deɛ ɛkɔfa baeɛ

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
12/27/2022
wɔ Adesua, Amammerɛ
0 0
0
Takyiman apoɔ kɔfabaeɛ-Akan afahyɛ a agye din no mu baako abakɔsɛm
0
SHARES
158
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Afahyɛ yɛ Akanfoɔ dwumadie no mu baako a wɔntoto no ase koraa ɛsiane sɛ saa dwumadie yi mu na wɔde kaakae nsamanfoɔ, wɔde ma akuafoɔ ne Onyankopɔn amo, na kabɔnaafoɔ nso ba fie ma abusua ani gye na sɛ asɛm bi wɔ fie anaa ɔman no mu a ɛhia nsiesie a, wɔasiesie.

Akanfoɔ mfiti prɛko nni afahyɛ wɔ berɛ a ɛnyɛ biribi na ɛde baeɛ. Afahyɛ biara wɔ abakɔsɛm; deɛ nti a wɔdi ne deɛ ɛde saa afahyɛ no baeɛ. Saa ara nso na Takyiman afahyɛ apoɔ nso wɔ ne deɛ.

Afahyɛ yɛ ɔkwan a nnipakuo bi nam so da amammerɛ ne amanneɛ adi, na wɔde kae nneɛma bi a atwam kɔ. Wɔyɛ saa amammerɛ yi de kae nananom, ne wɔn a wɔkɔ wɔn nsamankyire, sane de hyɛ wɔn gyidie mu kena. ℇyɛ nhyehyɛeɛ a nnipakuo bi ayɛ de ato hɔ, na wɔnam so kyerɛ wɔn gyidie wɔ Nyankopɔn, nsamanfoɔ ne abɔdeɛ nketewa bi mu. Wɔnam saayɛ so nso da wɔn amammerɛ ne amanneɛ adi.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ Nana Asaman dii Takyiman man anim bɛwuraa ɔbodan no mu wieeɛ a ɔfirii mu no, ahemfo pii ba bɛdii ɔman no so. Ahennie no baeɛ ara bɛduruu onipa bi a na ne din de Nana Ameyaw Gyare so, na ɔno nso dane maa ne nua kumaa, Nana Kwaakye Ameyaw a ɔdi kan. Na Nana Kwaakye Ameyaw ahennie no yɛ “Ka a nka bi”; ɔkasa a obi nka bi, ne deɛ na obiara redi soɔ. Yei nti, na sipe akye Bonoman, a na wɔdi wɔn hene no ho yeaa yie, a wɔnyaeɛ a anka wɔbɛtu no afiri adeɛ so. Nanso wo ne hwan kɔka sɛ ɔkɔmfoɔ nse kɔɔ? Wodi agorɔ a ɔbɛkyere wo awura wo sɛpɔ.

Ɛwɔ mu ara na wɔnyaa ahɔhoɔ firii Kumase Amakom a na wɔyɛ Amakomhene Akosa Yiadɔm wɔfaase Adu Donnyina ne ne dɔm. Na ɔno nso pɛ sɛ ɔtu ne wɔfa so sa, na na ɔrepɛ no awura no sɛpɔ, na ɔnenam mu no ara na ɔde bɛsoɛɛ Bonoman mu. Wɔde ɔne ne dɔm kɔkyerɛɛ Nana Kwaakye Ameyaw wɔ Bonomanso. Nana Kwaakye Ameyaw gyee wɔn maa wɔkɔtoaa Akora Kisi, Akora Sase ne Akora Ampofo a na wɔyɛ Bonohene abɔmmɔfoɔ wɔ Nkoransa ne wɔn yɛɛ ha de somm Bonoman. Adu Donnyina somm Bonohene ara kɔsii sɛ ɔgoeɛ.

Na ɔde nsa ne ɛnam berɛ Bonohene bayedie biara. Ɔbaa deɛ ɛtwa toɔ no, ɔka kyerɛɛ Nana Ameyaw sɛ wago, enti ɔntumi mma bio, na mmom ɔde ne wɔfaase Bafo Pem bɛsi n’anan ama no ayɛ amanneɛ biara a ɛwɔ sɛ ɔyɛ. Afe no soeɛ no, wɔhwɛɛ Bafo Pem kwan ara, nanso na ɔmma. Yei maa Nana Ameyaw ba a na ɔdi Nkyeraa akonnwa, Brɛyia Mprisi foroo ne pɔnkɔ sii kwan so kɔhyiaa Bafo Pem bobɔɔ n’ani so.

Asɛm yi ho abufuo ne yeaa maa Bafo ne ne dɔm sane kɔɔ Nkoransa. Afahyɛ no akyi no, Nana Ameyaw too nsa frɛɛ Bafo bisaa no deɛ nti a wamma afahyɛ no. Bafo kyerɛɛ ne nsɛm mu sɛ, ɛsiane sɛ saa afe no yɛ deɛ ɛdi kan a na ɔde reyɛ amammerɛ no nti, ɛmaa n’ahoboa no kaa akyiri kakra. Brɛyia Mprisi hyiaa no no nso, wamma no kwan amma no ankasa koraa na ɔbobɔɔ   no, enti ɛmaa no tɔɔ baha, ɛnna ɔne ne dɔm saneeɛ. Nana Ameyaw buaa ne ba no fɔ, na ɔgyinaa n’anan mu paa Bafo kyew.

Ɛhɔ na Bafo rebɛkyerɛ mu sɛ, ne wɔfa Adu Donnyina kɔ ne kra akyi. Nana Ameyaw faa ayie no ho ka, na ɔkaa sɛ wɔmfa ayie no mfiri Nkoransa mmra Bonomanso, na wɔngoro Adu Donnyina abɔfogorɔ.

Takyimanfoɔ a na saa berɛ no na wɔfrɛ no Bonoman no ne Bafo Pem a ɔyɛ Adu Donnyina wɔfaase a ɔsii n’anan mu no pamm Nana Kwaakye Ameyaw tiri so sɛ wɔbɛtu no. Wei sii berɛ a Nana Ameyaw somaa Bafo sɛ ɔnkɔ Asanteman mu nkɔtɔ atuduro mmra mma wɔmfa ngoro ne wɔfa abɔfogorɔ. Abonofoɔ yi twaree Bafo wɔ kwan mu ne no pamm wɔn hene no tiri so.

Ɛsiane sɛ na Bafo Pem suro sɛ Abonofoɔ yi bɛtumi ayi no ama nti, ɔmaa wɔnomm abosom; ɛne sɛ, wɔtwaa wɔn mogya guu nsuom maa obiara nomm bi. Afei, wɔtutuu asumena de wɔn atuo hyehyɛɛ mu maa nsuo twi faa so sɛee no. Sɛ yɛhwɛ tete atuo no a ɛfa atweraa no a, nsuo ka no a na asɛe, a ɛntumi nyɛ adwuma bio. Wɔfrɛ saa beaeɛ a wɔsɛee wɔn atuo no “Diatuom”.

Ɔkɔbɔɔ Amakomhene amaneɛ, na ɔno nso kɔsee Nana Ɔsɛe Tutu I sɛ, Nana Kwaakye Ameyaw yɛ Ɔhempɔporɔ a ɔwɔ sika yie, na ɔrehyɛ ne manfoɔ so. Ɛda no duruu sɛ wɔrebɛyɛ ayie no, Bafo Pem ne ne dɔm bɛguu Nkoransa. Wɔrekɔ ayie no ase nyinaa na atuo rekasa, enti na nnipa nyinaa nim sɛ wɔrekɔgoro abɔfogorɔ a ɛnyɛ asɛmwa.

Wɔkɔeɛ ara kɔduruu Baafi a ɛbɛn Manso. Wɔhyɛɛ da maa wɔn a wɔreto atuo no bi kɔbɔ faa Manso bɔɔ Nana Ameyaw amaneɛ sɛ Bafo Pem ne ne dɔm reba ayie no ase, enti ɔne ne mpanimfoɔ mmɛtena ayipata ase. Wɔduruu Baafi no, wɔhyɛɛ wɔn atuo no mu ma a na ɛsɛ sɛ wɔrekɔ akono. Wɔwɔ ɛbɛ bi a wɔbu no sɛ “Ɔko kankan ne Baafi”, ɔko no ahyeaseɛ ne Baafi. Ɛhɔ na ɔko no hyɛɛ aseɛ, na wɔhyɛɛ wɔn atuo ma.

Wɔkɔduruu ayie no ase wɔ Manso no, wɔbɔ faa aseɛ kyeree nsraban wɔ Nana Kwaakye Ameyaw ne ne mpanimfoɔ, ne n’adwomfoɔ ho kyeree wɔn kɔmaa Asantehene. Ɛsiane sɛ na Nana Kwaakye Ameyaw nyɛɛ Asantehene Ɔsɛe Tutu hwee nti, wanyɛ no hwee, na mmom ɔmaa no dii hɔ nna kakra. Wei maa no bɛfaa n’adwomfoɔ no bi kɔkaa ho maa wɔkyerɛɛ Asanteman adwinneɛ. Saa nnipa yinom kaa hɔ a nnɛ yi wɔda so wɔ Patase. Saa berɛ no, na Takyiman bɔ Asakyiri abusua. Wɔkɔtoaa Asantehene no na ɔmaa wɔbɔɔ Ɔyokoɔ, enti ɛnnɛ Takyimanfoɔ yɛ Ɔyokofoɔ aheman no baako. Nana Ameyaw ne Nana Ɔsɛe Tutu faa ayɔnkoɔ maa Nana Ameyaw kyerɛɛ no nneɛma pii, ne titire, ɛfa sika kɔkɔɔ ho.

Na Nana Kwaakye Ameyaw wɔ sika yie, ɛsiane sɛ na ɔwɔ kariboɔ a ɔde kari sika. Wei nti na nnipa firi Ghana afanan, ne aburokyire mpo bɛkari sika wɔ n’asoeɛ. Na nnipa firi Sahara, ne aburokyire aman mu, ne titire Spain kuro bi a wɔfrɔ no Kɔl Dolba so a na wɔbɛtɔ bese ne sika kɔkɔɔ. Wei akyi na nnipa ne nkoa dwadie baa Bonomanso no. Na kuro bi a na yɛfrɛ no Bɛgoro ne Asantefoɔ nyinaa nso de wɔn sika ba Bonomanso bɛtɔn.

Ɛnam wei so na ɔnyaa sika no. Enti na ɔde sika na ɛyɛ ne ho adeɛ biara; sɛ adwinneɛ, anaa biribiara a ɛfa ne ho ne ahennie no ho, sɛ ɛyɛ dua mpo a ɔma wɔde sika kɔkɔɔ hem ho. Wei nti, na ne ho adeɛ biara yɛ fɛ sane nso hyerɛn. Wei mu na yɛbɛnyaa ɛbɛ “Kwaakye adeɛ yɛ fɛ a ɔde sika na ɛyɛ”. Saa ɛbɛ yi abɔseɛ firi Takyimanhene a na saa berɛ no ɔyɛ Bonohene, Nana Kwaakye Ameyaw ahosiesie mu.

Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, sika a na Nana Kwaakye Ameyaw wɔ nti, ne hemmaa a ɔka ne ho kaa sɛ, ɔno deɛ hia a ɛde hia deɛ, ɔnni bi da; ɔne no to nkwanta a wɔapae. Sɛ yɛtie abakɔsɛm a yɛnya nkyerɛmu sɛ, berɛ a Asantefoɔ bɛkyeree Nana Kwaakye Ameyaw ne Ɔhemmaa Gyamerawa kɔeɛ no, wɔmaa Ɔhemmaa Gyamerawa kɛntɛn sɛ ɔmfa nkɔ nsuo. Sɛ ɔsa nsuo no a, na anwunu agu, na ɔtuee su mu. Wɔbisaa no sɛ adɛn na ɔresu no, ɔyii wɔn ano sɛ “Ɛhia me nsuo”; ɛnyɛ hia nko ne sika.

Nana Ɔsɛe Tutu gyaee Nana Kwaakye sɛ ɔnkɔ ne manfoɔ nkyɛn, na mmom ɔnnkɔhyɛ wɔn so bio. Nana Kwaakye Ameyaw baeɛ ara bɛduruu kurotia, na ɔhwɛ animguaseɛ ne aniwuo a ne manfoɔ ama no afa mu a, na fɛdeɛ ne owuo deɛ fanyinam owuo, enti “Ɔwuraa fam gyaa ne nsa teaa wɔ soro”, a ɛkyerɛ sɛ ɔdii ne ho dɔm, anaa ɔkumm ne ho. Wei mu na yɛde nyaa Takyiman afahyɛ Apoɔ, a ne fapem ne sɛ, ɛwɔ sɛ wɔpo yeaa ne nneɛma bɔne biara a ahyɛ wɔn akoma mu saa da no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛde nsisie bɛba ɔman no mu. Sɛ Bonoman yii wɔn akoma mu kaa yeaa a wkredi a, anka wɔne Bafo Pem ankɔpam wɔn hene no tiri so amma wei ansi.

Beaeɛ a Nana Kwaakye Ameyaw dii ne ho dɔm no na wɔkɔfa apoɔ no afe biara.

Beaeɛ a Wɔfa Apoɔ

Nana Kwaakye wuo akyiri no, wɔde Nana Takyiakwaame na ɛsii so. Wɔde no sii so no, wɔtuu no fo pii fa n’amammuo no ho ne ɔne ne manfoɔ ne ne mpanimfoɔ ntam ho. Wɔmaa no akyeamepoma a kyiniiɛ si so, na ketewa taa kɛseɛ no akyi a wɔfrɛ no “Ebi da ebi akyi”. Asekyerɛ ne sɛ, ɛwɔ sɛ ɔgye afutuo firi ne mpanimfoɔ no ne ne manfoɔ nkyɛn, ɛsiane sɛ, wɔn na wɔsii no ɔhene. Afei nso mpanimfoɔ no ba ansa na ɔhene no aba.

Afahyɛ berɛ no toto sisi wɔ Ↄbɛnem, Oforisuo ne Kotonimma abosome no ntam, nanso ɛtaa si Oforisuo bosome no mu.

Sɛ afahyɛ berɛ no duru a, wɔsae nnwom de bɔ onipa biara a ɔdi bɔne anaa wadi bɔne akyi, ɛfiri ɔhene so de kɔsi abɔfra so. Wotumi de obi bɔne a wayɛ di no atɛm twi n’anim saa berɛ no, nanso sɛ afahyɛ berɛ no twa mu a, obiara ntumi nyɛ saa adeɛ no. Wɔyɛ sei de po nneɛma bɔne biara a ɛrekɔ so wɔ ɔman no mu, na wɔnam so yi abɔnefoɔ atɛm ma wɔgyae wɔn suban bɔne awɔreda no adi no.

Tags: AbakɔsɛmAfahyɛApoɔTakyiman
Deɛ atwam

Bonwire Kentenwonobea – Ɔfa 2

Deɛ ɛdi hɔ

Gyɛnotaepo mogya mu nhwehwɛmu a ɛtwa sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔawura awadeɛ mu.

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Gyɛnotaepo mogya mu nhwehwɛmu a ɛtwa sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔawura awadeɛ mu.

Gyɛnotaepo mogya mu nhwehwɛmu a ɛtwa sɛ ɔbaa ne ɔbarima bi yɛ ansa na wɔawura awadeɛ mu.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?