Nofosuo ho hia ma mmɔfra papaapa, εyε adeε a εsε sε ɔwofoɔ biara ani kɔ ho yie. Mmom, nneεma ahodoɔ bebree wɔ hɔ a εsε sε ɔbaatan a ɔma ne ba nofoɔ no hyε no nso fa nofosoɔ no ne ne ba no adidie ho.
So, ɔbaatan biara na tumi nya nofosuo ma ne ba anaa?
Ɛrekame ayε sε abaatan nyinaa tumi nya nofosuoɔ ma wɔn mmɔfra nom. Mmom akwan ahodoɔ wɔ hɔ a εsε sε wɔyε ahwεyie wɔ ho na wɔtu ho anammɔn nso sεdeε εbεyε a nofosuo no bεkɔ so ara aba ama wɔn mmɔfra no. Akwan pa a ɔbaatan bεtumi afa so ama ne nofosuo atoa so aba ama ne ba anya bi anom na εdidi soɔ yi:
1. Taa ma abɔfra no kwan na ɔnnom nofosuo no mfiri wo nofo ano.

2. Didi yie, hyε no nso sε w’aduanedie tumi nya nsunsuansoɔ wɔ nofosuo no yε mu.
3. Taa di nnuane a εyε nsuo, na nom nsuo nso pii. Hyε wei nso, sε nofosuo a εba wɔ ɔbaatan bi nofo mu no sua a, ɔmma abɔfra no kwan ma ɔnnom nofosuo bebree wɔ ne nofo no ano. Mpεn dodoɔ a abɔfra no refe ano retwe nofosuo no, na εreboa ma nofosuo bebree nso reba nofoɔ no mu.
Sε ɔbaatan no nofosuo sua sε εbεso abɔfra no, na ɔma abɔfra no nom ne nofosuo no wie biara a, ɔmfa meleke foforɔ bi nka ho mma abɔfra no nnom. Ɛbεtumi ayε meleke foforɔ biara, sε εyε soya meleke, nantwie anaa abirekyire deε. Sε εyε meleke foforɔ bi na wode rema abɔfra no a, fa asikyire kakra anaa anwa a εfiri atosodeε ahodoɔ mu kakra fra mu. Sε meleke no nso yε deε wɔayε no sε εsam anaa pawoda no bi deε a, εnneε εho nhia sε wode asikyire anaa anwa bεka ho.
Wode meleke na εrema abɔfra no a, εyε pii sε wode atere bεsesa ama n, anaasε wobεma no anom afiri kuruwa mu sene sε ɔbεnom afiri toa mu. Ɛyε den sε wobεtumi ahohoro mmɔfra toa a mu yie na woadi no ni. Ɛno nti wotumi yε no sei a, εbεtumi abɔ abɔfra no ho ban afiri ayamtuo a anka εnam efi no so bεma wo ba no anya ho.

Mmom, hyε no nso sε meleke ahodoɔ no ba mu berε a maame no nofosuo sua sε εbεso abɔfra no, ne papa mu pa ara deε, anka εsε sε εyε ɔbaatan no nofosuo nko ara.
Berε bεn na εtwa sε abɔfra firi aseε didi ankasa?
1. Wɔwo abɔfra foforɔ a, εtwa sε wɔde nofosuo nko ara na ma no wɔ abosome nnan ne nsia a εdi kan no mu, a aduane foforɔ anaa nsuo biara nka ho.
2. Worema abɔfra no aduane a, di kan ma no nofosuo no ansa na wode aduane foforɔ biara aka ho. Aduane foforɔ a wode bεka ho no nso, hyε aseε firi nnuane ankasa a yεdi a yεayε no sε koko so. Ɛbεtumi ayε aburo kooko anaa moo kooko.
3. Nnawɔtwe twam a, hyε aseε fa nnuane bi te sε atosodeε, adua ne nnuaba ka ho.
4. Hyε no nso, hwε sε wonsesa nnuane ahodoɔ mmobɔ so mma no. Hwε sε nnawɔtwe biara wode aduane foforɔ a wonnya mfaa bi mmaa noɔ no bεma no, na εne ne nipadua no afa nkakrankakra. Sε wode ma abɔfra no na ɔmpε a gyae no saa berε no, na sane sɔ hwε bio da foforɔ.

5. Ɛsε sε wokɔ so ara ma abɔfra no nofosuo, mpo wɔ berε a woafiri aseε rema no nnuane ahodoɔ no.
6. Abɔfra no nnya afe baako no na ɔtumi di nnuane a mpanimfoɔ tumi di, nanso εsε sε wokɔ so ara ma no nofosuo.
7. Ɛho hia pa ara sε mmɔfra renyini no wɔbεnya nnuaba, atosodeε, paano ahodoɔ ne adua aka wɔn nnuane ho. Hwε sε da biara saa nnuane yi bεyε nnuane atitire a wɔdi sεdeε mpanimfoɔ nso di no ara.
8. Adɔkotafoɔ kyerε, εyε sε abaatan bεkɔ so ara ama wɔn mma nofoɔ kɔsi sε wɔbεnya mfeε mmienu. Mpεn dodoɔ a maame no rema abɔfra no nofoɔ na abɔfra no nso renom no, εbεyε mfasodeε ma wɔn baanu no nyinaa.
9. Mfomsoɔ kεseε baako a awofoɔ taa yε ne sε, wɔma wɔn mmɔfra no anonneε bi te sε soda, tii, kɔfe, nsuo a asikyire wɔ mu ne deε εkeka ho. Weinom nyinaa pira mmɔfra no, na εsane sεe sika nso. Ɛbεtumi ama mframa agyina abɔfra no yam, εbεtumi ama no ayamtuo anaa yam yadeε. Ɛbεtumi nso ama ne se ahye. Ɛsε sε yεsi ano kwan na yεma wɔn nnuane pa berε biara.
Ɛbεyε dεn na woahunu sε aduane a wode ma w ’abɔfra no so so?
Mmɔfra a wɔdidi yie no tumi nyini yie. Ɛho hia pa ara sε wobεtaa de wo ba no akɔhunu apɔmudenhwεfoɔ ama woahunu sεdeε wo ba no apɔmuden teε. Wɔbεtumi ahwε wo ba no mu duro na wɔama wo afotuo. Sε kyemateε wɔ wo ba no nyini ho a, εbεtumi aba sε n’adidie mu nyε anaasε yadeε bi na εreha no.

Asodie kεseε da abaatan a wɔawo foforɔ nyinaa ne wɔn kununom so. Mfomsoɔ kakra bi tumi ma wo ba no kɔ ɔhaw mu. Kae sε abosome nsia a εdi kan wɔ wo ba no ababrɔ mu no wobεma no nofosuo nko ara, εfiri hɔ rekɔ no deε wobεtumi ahyε aseε ama no nnuane afoforɔ, mmom firi aseε wɔ kooko nnuane so. Ma no atosodeε, nnuaba, ne adua nnuane pii. Asikyire anaa adɔkɔdɔkɔdeε bebree remmoa abɔfra no. Hwε sε wobεma abɔfra no nofosuo kɔsi sε mfeε mmienu bεba, mpo wɔ berε a woma no nnuane afoforɔ no.
Kyε adesua yi ma awarefoɔ, abaatan ne mmaa nyinaa na wɔnhunu anammɔn pa a εsε sε wɔtu de boa wɔn mma, wɔn ho ne wɔn abusua yiedie.