• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Anigyesɛm

Sereɛ so mfasoɔ

Mpɛn dodoɔ sɛn na wosere ansa na da no aba awieeɛ?

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
04/10/2023
wɔ Anigyesɛm
0 0
0
Sereɛ so mfasoɔ
0
SHARES
446
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Adɔkotafoɔ binom taa ka sɛ sereɛ yɛ aduro baako a ɛyɛ pa ara ma nipadua no. Wɔtoa so ka sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ adwuma ntɛm so de apɔmuden pa brɛ nnipa sene sereɛ. Ɛnam sɛ sereɛ wɔ tumi sɛ ɛsa yareɛ na ɛma nipadua no gyina ne nan so nti, sɛ wotumi sere a ɛboa ma yadeɛ ahodoɔ bebree no ara tumi firi wo so. Ɛboa ma wo ne afoforɔ nkitahodie kɔ so, ɛsane nso boa ma atenka mu apɔmuden pa. Deɛ ɛma no yɛ anigye koraa ne sɛ, yɛmfa sika ntɔ saa aduro pa yi, mmom yɛnya no kwa. Momma yɛnnye berɛ na yɛnhwɛ mfasoɔ a sereɛ wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

Deɛ ɛdi kan, sereɛ boa dwodwo anaasɛ ɛsi mogyaborosoɔ ano. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, wɔn a wɔwɔ mogyaborosoɔ na wɔtumi gye berɛ sere no, akwannya a ɛwɔ hɔ sɛ mogyaborosoɔ no de wɔn bɛduru mpɔmpɔnsoɔ a ɛyɛ hu mu no wɔ fam. Saa nkurɔfoɔ yi ntumi nnya nipadua nnwodwoeɛ ne akoma yadeɛ koraa. Ɛnneɛ adɛn na wonhwɛ na wontie aseresɛm pii a ɛbɛtumi ama woasere pii yi?

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Sereɛ yɛ kwa, yɛmfa sika ntɔ.

Sereɛ boa te nsuo a ɛkyi ba nipadua no mu ɛnam adwennwene nti, na ɛno nso kɔfa yadeɛ ahodoɔ ba no so. Yɛwɔ nsuo a ɛkyi wɔ nipadua no mu berɛ a obi redwennwene na ɔreteetee no. Mpɛn dodoɔ a nsuo yi rekyi no na ɛde yadeɛ ahodoɔ reba nipadua no mu. Sɛ saa nsuo yi ara dɔɔso a, ɛsane ko tia nkwammoa no ma wɔn ahoɔden ba fam sɛ wɔbɛtumi ako atia nyarewa. Nanso anigyesɛm a nhwehwɛmu ada no adi ne sɛ, sereɛ boa te saa nsuo yi so.

Sereɛ boa ma akoma no apɔmuden pa. Ɛboa akoma no ma no tumi yɛ n’adwuma a ɛsɛ, a ɛne sɛ ɛrebɔ mogya kɔ akwaa a ɛwɔ nipadua no mu no mu. Sɛdeɛ yɛadi kan aka sɛ obi tenetene n’apɔm a ɛma akoma no apɔmuden no, saa ara nso na sereɛ no ma akoma no apɔmuden.
Ɛno nti fa sereɛ so ma w’akoma nnya apɔmuden pa.

.
Wotaa sere a, ɛma wo apɔmuden pa.

Sereɛ boa kyi nsuo bi a ɛyi honamyea firi nipadua no mu. Yɛfrɛ nsuo bi ‘endorphins’, saa nsuo yi kyi wɔ berɛ a obi ani agye na ɔresere, na ɛyi honamyea firi nipadua no mu.

Sereɛ ma yɛn ayɔnkofa mu apɔmuden. Sereɛ ma yɛne afoforɔ ntam nkitahodie gyina pintinn. Sɛdeɛ yɛnim dada no, sereɛ yɛ adeɛ a ɛsian. Ne saa nti wosere kyerɛ obi a, ɛma nipa no nso sere kyerɛ wo ma wo ne ne nkitahodie tumi kɔ so.

Bɛn wɔn a wɔma w’ani gye, na kɔ mmeaeɛ a anigyeɛ wɔ hɔ ma wo.

Ɔkwan bɛn na yɛbɛtumi afa so ama sereɛ aba yɛn abrabɔ mu?

1. Yɛntaa nnweenwee. Sereɛ firi anweenwee mu na ɛba. Ɛbɛyɛ sɛ ankaa wobɛtaa anweenwee akyerɛ wɔn a wohyia wɔn mmɔntene so ne wɔn a wo ne wɔn wɔ adwuma mu. Wei bɛtumi akanyan sereɛ ama moanya apɔmuden.

2. Kae nneɛma pa a asi wɔ w’abrabɔm no ho pii na ma w’ani ngye wɔ ho sene sɛ wobɛma w’adwene akɔ nnoɔma bɔne a atoto wo no so. Wei bɛma woanya apɔmuden pa.

Kenkan nwoma a ɛma wo anigyeɛ.

3. Taa kɔ mmeaeɛ a anigyeɛ wɔ hɔ, na bɛn wɔn a wɔde anigyeɛ ne sereɛ ba w’abrabɔ mu sene sɛ wo nko ara wobɛte wo ho dabiara.

4. Ɛne mmɔfra ntaa nni agorɔ, kenkan nwoma a ɛyɛ anigye na hwɛ sini a ɛyɛ fɛ na ɛma wo anigyeɛ pii.

Dwene nneɛma papa a asi wɔ w’abrabɔ mu no ho pii, na ma w’ani ngye.

Mmom, ɛyɛ dɛn ara a mmerɛ a ɛmu yɛ den bɛba, abufuo bɛba, yea bi bɛba, nanso bɔ mmɔden sɛ dabiara wobɛsere kakra ansa na da no akɔ awieeɛ. Ɛyɛ aduro nwanwasoɔ ankasa. Kyɛ wei ma afoforɔ nso nhunu sereɛ so mfasoɔ. Afei sere kakra ma menhwɛ ɛ!😂

Tags: apɔmuden paAyaresabeaayɔnkoɔmogyaborosoɔnkwammoa
Deɛ atwam

FDA rebɔ ɔmamfoɔ nyinaa kɔkɔ wɔ ‘Artificial tears’, aduro a yɛde sɔ yɛn ani so no ho.

Deɛ ɛdi hɔ

Adwumakuo a ԑhwԑ toto ԑdan han ho nsԑm se sԑ w’akatua wᴐ fam pa ara a, nhan dan a ne boᴐ yԑ den

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Nkuranhyɛ a yɛnya firi Owura Akwasi Boadi Akrobeto abrabɔm nsɛm mu
Adesua

Nkuranhyɛ a yɛnya firi Owura Akwasi Boadi Akrobeto abrabɔm nsɛm mu

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/27/2023
Azuma Nelson ho nsɛm
Adesua

Azuma Nelson ho nsɛm

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
07/22/2023
Mensah Sarbah Abasobɔ no ne Alɔyafoɔ a wɔawie wɔn adesua nnansa yi ara no mu deɛ ne mmɔdemmɔ sɔ ani wɔ 2022 mu: Sabina Sabia Bolsong
Adesua

Mensah Sarbah Abasobɔ no ne Alɔyafoɔ a wɔawie wɔn adesua nnansa yi ara no mu deɛ ne mmɔdemmɔ sɔ ani wɔ 2022 mu: Sabina Sabia Bolsong

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
11/12/2022
Ahwɛgorɔ bi a Bolingo Akan Kaseɛbɔ asɔ asene
Amammerɛ

Ahwɛgorɔ bi a Bolingo Akan Kaseɛbɔ asɔ asene

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
10/13/2022
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Adwumakuo a ԑhwԑ toto ԑdan han ho nsԑm se sԑ w’akatua wᴐ fam pa ara a, nhan dan a ne boᴐ yԑ den

Adwumakuo a ԑhwԑ toto ԑdan han ho nsԑm se sԑ w’akatua wᴐ fam pa ara a, nhan dan a ne boᴐ yԑ den

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?