• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Saa mu yadeɛ

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
02/22/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Saa mu yadeɛ
0
SHARES
129
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Akwaa ahodoɔ na ɛwɔ nipadua no mu. Ɛmu biara nso di dwumadie soronko bi de boa nipadua no kankɔ. Ɛnnɛ, yɛbɛhwɛ nipadua akwaa no mu baako a ɛho hia pa ara. Ɛno ne saa.

Saa

Saa yɛ nipadua mu akwaa a ɛsom bo na ɛdi dwuma kɛseɛ de boa nipadua no. Adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ onipa biara wɔ saa mmienu. Ɛba nipadua no mu a, saa no yɔbea te sɛ adua a ɛhyɛ yɛn sisi akyi no soro kakra wɔ sisie no fa ne ne fa. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ saa yɛ akwaa bi a ɛno ankasa tumi siesie ne ho berɛ a ɛrekɔ mmerɛyɛ mu no.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ
Ɛba yɛn nipadua no mu a, saa no hyɛ yɛn sisi no akyi fa ne fa.

Saa wɔ dwuma titire a ɛdi ma nipadua no. Deɛ ɛdi kan ne sɛ, ɛboa sɔne mogya a ɛdi aforosianeɛ wɔ nipadua no mu no yi ɛfi ne ɛborɔ firi mu. Afei nso, ɛkyi nsuo ahodoɔ bi a ebi boa ma mogya ba wɔ nipadua no mu, na ebi nso hwɛ sɛ ahoɔden a akoma no de bɔ mogya kɔ ntini no mu mmoro so. Deɛ ɛtwa toɔ koraa no, saa no sane hwɛ sɛ nipadua no bɛnya nsuo ne ahoɔdennuro binom dodoɔ a ɛhia mma no mmoro so.

Deɛ ɛtumi de saa mu yadeɛ ba anaa nneyɛeɛ ɛtumi kɔfa saa mu yadeɛ ba.

1. Mogyaborosoɔ yɛ yadeɛ baako a ɛtumi bɔ kwan ma obi tumi nya saa mu yadeɛ. Adɔkotafoɔ kyerɛ sɛ ɛrekame ayɛ sɛ, wofa wɔn a wɔwɔ mogyaborosoɔ a, wɔn mu ɔha mu nkyekyɛmu aduonum tumi nya saa mu haw.

2. Asikyire yadeɛ nso yɛ ɔhaw titire pa ara a ɛtumi ma obi nya saa mu yadeɛ.

3. Deɛ ɛdi hɔ bio yɛ sɛ obi ntaa nnom nsu dodoɔ. Ɛnam sɛ ɛyɛ saa no asɛdeɛ sɛ ɛyi efi ne borɔ firi mogya no mu nti, ehia nsuo pii na atumi adi saa dwuma no. Sɛ nipadua no annya nsu dodoɔ a ehia sɛ ɛde di ne dwuma a, ɛma saa no berɛ wɔ n’adwumayɛ mu ɛma no tumi gye ne ho.

4. Kɛseyɛ mmorosoɔ

Kɛseyɛ mmorosoɔ tumi de saa mu yadeɛ ba.

5. Tawanom ne nsanom bebree.

6. Nkyenedie bebree, namono ne sradeɛ nnuanedie bebree.

7. Nnuro a obi kɔtɔ nom berɛ a dɔkota ntwerɛ mmaa no.

8. Anonneɛ ahodoɔ a obi kɔtɔ nom de pɛ ahoɔden nom bebree.

9. Yɛtaa de nnuhuam mfrafraeɛ ahodoɔ a yɛde noa nnuane ma no tu hua renoa nnuane adi.

Nsɛnkyerɛnneɛ a ɛda adi wɔ saa mu yadeɛ ho.

1. Ɛtumi ma nipa a ɔwɔ saa haw yi no bo taa fono no anaasɛ ɔfefe.

2. Afei, ɛtumi nso ma ne nan ase pagyapagya ma ɔde ne nsatea Mia ne nan no ase mpo a ɛtɔ mu.

3. Ɔtaa nya ahoɔmmerɛ ne yea wɔ ne wedeɛ mu.

4. Nsesaeɛ tumi ba ne dwonsɔ dodoɔ mu, ɛno ne sɛ, ɔtumi dwonsɔ bebree, ɛnna dwonsɔ no ani nso tumi sesa.

5. Honam ani ahoɔhene tumi te si nipa no so.

6. Ne homee ntaa nsisi so.

7. Ne wedeɛ mu tumi yɛ no hodwoo.

Hyɛ no nso sɛ, wohunu saa nsɛnkyerɛnneɛ yi mu biara wɔ wo nipadua mu a, na ɛno nkyerɛ sɛ ɛyɛ saa mu haw anaa ɛnyɛ mu bia. Mmom deɛ ehia pa ara ne sɛ wobɛkɔ ayaresabea akɔhwɛ nipadua no mu na woahunu wo haw.

Kwan a yɛbɛfa so asi ano.

1. Deɛ ehia pa ara baako ne sɛ wobɛtaa akɔ ayaresabea na woakɔhwɛ wo saa no gyinabea.

2. Ɛnni sɛ yɛde yɛn pɛ kɔtotɔ nnuro biara a dɔkota ntwerɛ mmaa yɛn anaasɛ ɛnni sɛ yɛnom nnuro boro dodoɔ dɔkota atwerɛ ama yɛn sɛ yɛnnom so.

3. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn nkyenedie so yie. Ɛnni sɛ yɛdi no bebree.

4. Yɛnhwɛ sɛ yɛbɛnom nsuo bebree.

Nsuonom pii bɛtumi ama woade wo ho afiri saa mu yadeɛ ho.

5. Nsanom ne tawanom mmoa saa no ahoɔden, ɛno nti ɛtwa sɛ yɛtwe yɛn ho firi ho.

6. Yɛnni nnuane pa a ahoɔden wɔ mu te sɛ ankaa abusua, adua abusua, gyeene, anwoo, atosodeɛ ahodoɔ no nyinaa ne nnuaba ahodoɔ a ɛbɛboa saa no apɔmuden.

Taa di nnuaba ne atosodeɛ.

Yɛ ahwɛyie wɔ wo saa ho, twe wo ho firi nneyɛeɛ a ɛbɛtumi akɔfa ɔsɛeɛ abrɛ wo saa no ho, na di nnuane pa. Pere papa seesei, na woankɔda nnuro so daakye. Bɔ mmɔden sɛ wobɛkyɛ ama afoforɔ nso akenkan bi.

Tags: asikyire yadeɛatosodeɛdɔkotahonam akwaamogyaborosoɔnnuabansuo
Deɛ atwam

Aman du a asasewosoɔ taa sisi wɔ so pa ara

Deɛ ɛdi hɔ

Adwene mu haw ahodoᴐ mmieεnsa binom

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Adwene mu haw ahodoᴐ mmieεnsa binom

Adwene mu haw ahodoᴐ mmieεnsa binom

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?