• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Sɛdeɛ wobɛsi abɔ wo ho ban afiri odepua ho

Adesua yi firi Owura Desmond Manu nkyɛn.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
05/21/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Sɛdeɛ wobɛsi abɔ wo ho ban afiri odepua ho
0
SHARES
239
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Odepua yɛ nsane yadeɛ a yareɛ mmoa de ba. Saa yadeɛ yi taa ha mmaa titiri pa ara wɔ wɔn baa mu anaa wɔn akosua kumaa no mu. Ɛrekame ayɛ sɛ, sɛ wofa nyarewa ahodoɔ mmiɛnsa biara a ɛtaa ha mmaa si hɔ a, wobɛhunu saa yadeɛ yi bi wɔ mu. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, sɛ wofa mmaa nnan a, wobɛtumi anya mu mmiɛnsa a wɔanya saa yadeɛ yi bi pɛn anaa wɔanya atoatoa so pɛn. Mmaa a wɔtaa nya saa yadeɛ yi pa ara yɛ mmaa a wɔyɛ mmabunu.

Kae sɛ, saa yadeɛ a yɛreka ho asɛm yi nka nyarewa a yɛnya firi nna mu nkitahodie mu, ɛfiri sɛ ɔbaa bi bɛtumi anya yadeɛ yi wɔ berɛ a ɔne barima biara nhyiaa wɔ nna mu da. Nanso wei nkyerɛ sɛ ɔbaa bi rentumi nnya mfiri nna mu.

Nsɛnkyerɛnneɛ a ɛda adi

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

1. Deɛ ɛtaa da adi pa ara baako ne sɛ, wobɛtaa ahunu sɛ nsuo fitaa bi firi wo baa mu reba. Mmaa binom kyerɛ sɛ, saa nsuo yi adeban te sɛ ‘fanmilk’ a nka biara nni mu. Ɛtɔ da nso a saa nsuo yi tumi yɛ yurobii anaasɛ emu yɛ ha sɛ nsuo ankasa.

Nsuo fitaa bi firi wɔn ase ba.

2. Wo baa mu anaa ɛho taa yɛ wo hene pa ara, na emu nso tumi hyehye wo.

3. Ebinom tumi te yea wɔ berɛ a wɔne ɔbarima bi renya nna mu nhyiamudie anaasɛ berɛ a wɔredwonsɔ.

4. Tebea a ɛyɛ hu pa ara mu no, ɛtumi ma wo baa no honhono yɛ kɔɔ.

Hyɛ no nso sɛ, saa nsɛnkyerɛnneɛ a yɛabobɔ so yi no sesa firi dodoɔ a ɛda adi wɔ ankorɛankorɛ biara ho. Ɛmu mmienu pɛ bɛtumi ada adi wɔ obi ho, saa ara na ne nyinaa nso bɛtumi ada adi wɔ ɔfoforɔ ho.

Ɛdeɛn koraa na ɛkɔfa saa yadeɛ yi ba?

Sɛ mmoa a ɛwɔ mmaa ase a wɔbɔ mmaa ase ho ban firi yadeɛ ho no dodoɔ boro sɛdeɛ ɛsɛ sɛ anka wɔn ano si no so a, wɔn ankasa hyɛ aseɛ ko tia wɔn ho. Wei ma no bɛda adi sɛ odeepua. Ɛte saa deɛ a ɛnneɛ na yɛrebisa sɛ, ɛdeɛn na ɔbaa bi taa yɛ a ɛkɔfa wei ba?

Wɔn a wɔtaa de wɔn pɛ totɔ nnuro nom no tumi nya odepua.

1. Wɔn a wɔtaa de wɔn pɛ totɔ nnuro (antibiotics) nom de kum yadeɛ mmoa wɔ nipadua no mu.

2. Wɔn nso a wɔtaa de wɔn pɛ nom nnuro ahodoɔ de bɔ wɔn ho ban firi nyinsɛn ho.

3. Nnuro binom ne nyarewa binom te sɛ babaso nso tumi berɛ yɛn nkwammoa ase ma no kɔfa saa yadeɛ yi ba.

4. Adidie basabasa bi te sɛ asikyire anaa adɔkɔdɔkɔ nnuanedie bebree nso tumi kɔfa saa yadeɛ yi ba.

Kɛseyɛ mmorosoɔ tumi de odepua ba.

5. Kɛseyɛ mmorosoɔ.

6. Wɔn a wɔwɔ asikyire yadeɛ na wɔnhwɛ so nnom wɔn nnuro nso tumi kɔfa ba.

7. Wɔn a wɔtaa de nnuro ne nnuhwam ahodoɔ bi hohoro anaa hyehyɛ wɔn ase, a wɔn botaeɛ ne sɛ wɔde resiesie hɔ no nso tumi kɔfa yadeɛ yi ba.

8. Worehyɛ amoaseɛ a ɛkyekyere wo pa ara, na ɛnsane nyɛ deɛ wɔde asaawa ayɛ no nso tumi kɔfa yadeɛ yi ba.

Worehyɛ amoaseɛ a ɛkyekyere wo pa ara no nso tumi kɔfa odepua ba.

Kwan ahodoɔ a yɛbɛtumi afa so asi ano

Wopɛ sɛ wosi odeepua ano anaa? Ɛnneɛ bɔ mmɔden sɛ wobɛtwe wo ho afiri deɛ yɛadi kan aka sɛ ɛtumi de odeepua ba no nyinaa ho. Ɛwom, ebinom wɔ hɔ a wonni so tumi biara te sɛ deɛ ɛnam yadeɛ so ba no. Mmom, deɛ ɛfa amoaseɛ pa ne kwan pa a ɛsɛ sɛ wohyɛ no, nnuro a ɛnni kwan sɛ wo ara wofiri wo pɛ mu nom, kɛseyɛ mmorosoɔ a ɛsɛ sɛ wosi ano kwan, adidie basabasa ne nnuro ahodoɔ a w’ankasa wode kɔ w’ase a wobɛtumi asi ano kwan deɛ, wotumi hwɛ wo ho so yie yɛ no saa ara a wobɛde wo ho afiri odeepua ho.

Hyɛ no nso, na kyɛ ma afoforɔ nso nkan bi. Afei wobɛtumi aka ho asɛm nso.

Tags: adidie basabasaasikyirekɛseyɛ mmorosoɔ.nkwammoayadeɛ
Deɛ atwam

Kradin a wᴐde to nnipa, wᴐn ho nsεm ne suban a wᴐda no adi (Kwasiada de kᴐsi Wukuada)

Deɛ ɛdi hɔ

Kradin a ԑfiri Yawoada (Yaa ne Yaw) de kᴐsi Memeneda (Ama ne Kwame), wᴐn su ne wᴐn ho nsԑm

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Kradin a ԑfiri Yawoada (Yaa ne Yaw) de kᴐsi Memeneda (Ama ne Kwame), wᴐn su ne wᴐn ho nsԑm

Kradin a ԑfiri Yawoada (Yaa ne Yaw) de kᴐsi Memeneda (Ama ne Kwame), wᴐn su ne wᴐn ho nsԑm

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?