• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Sɛdeɛ wobɛbɔ w’adwene ho ban – Akwan nnum binom a wobɛtumi afa so

Apɔmuden pa ho nsɛm

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
01/22/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Sɛdeɛ wobɛbɔ w’adwene ho ban – Akwan nnum binom a wobɛtumi afa so
0
SHARES
53
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Sɛdeɛ yɛnya berɛ siesie yɛn nipadua ma yɛn ho yɛ fɛ no, saa ara nso na ɛho hia pa ara sɛ yɛbɔ yɛn adwene no ho ban wɔ akwan binom so. Yɛbɛtumi anya abrabɔ a anigyeɛ ne abotɔyam wɔ mu a, ɛbɛgyina sɛdeɛ yɛn adwene no bɛtumi ayɛ adwuma yie no so ɛfiri sɛ, sɛ yɛammɔ yɛn adwene ho ban a, ɛbɛtumi ama adwennwene ahyɛ yɛ so anaa yɛanya adwenem haw mpo. Adesua yi mu no, yɛrebɛhwɛ nneɛma num binom a, yɛbɛtumi ayɛ de abɔ yɛn adwene ho ban.

Sua sɛ wobɛdwene nneɛma ho yie.

Adeɛ baako a wobɛtumi ayɛ de abɔ w’adwene ho ban ne sɛ, wode w’adwene bɛsi nneɛma pɔtee binom so asusu ho yie ansa na woatu ho anammɔn. Ma w’ani nkɔ wo nsusuiɛ, w’atenka, ne nneɛma a atwa wo ho ahyia no so yie pa ara. Ɛsɛ sɛ woyɛ yei berɛ a woremma no ntwetwe w’adwene mfiri nneɛma a ɛho hia pa ara woresusu ho no so. Wotumi dwene nneɛma ho yie a, ɛbɛboa ama woasisi gyinaeɛ a nyansa wɔm, adwennwene renhyɛ so, na wobɛtumi nso akwati adwenem haw biara.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Teetee w’apɔ mu daa

Sɛdeɛ apɔmuteetee boa ma nipadua no nya ahoɔden no, saa ara na ɛboa ma adwene no nso tumi yɛ adwuma yie. Wotaa teetee w’apɔ mu a, ɛbɛboa wo ama w’anigyeɛ asi pi, nsɛm anaa adwennwene rentumi nhyɛ wo so, na ɛbɛma woanya wo ho mu ahotɔsoɔ a ɛdi mu nso. Bio, apɔmuteetee boa ma wotumi da yie, na ɛma wotumi nso dwene yie. Deɛ mabobɔ so yinom nyinaa da nkyɛn a, apɔmuteetee so wɔ mfasoɔ bebree pa ara.

Nya berɛ da yie na gye w’ahome

Ɛba apɔmuden pa a, nna di mu akotene yie pa ara. Woantumi anna yie anaasɛ woanya berɛ annye w’ahome sɛdeɛ ɛsɛ a, ɛbɛtumi ama w’anigyeɛ so ate, worentumi nnwene nneɛma ho yie na worentumi nkae nneɛma sɛdeɛ ɛsɛ. Anyɛ yie koraa no, ɛsɛ sɛ wode yɛ wo botaeɛ sɛ wobɛda nnɔnhwere nson kɔsi nkron anadwo biara. Afei nso, ɛsɛ sɛ woyɛ nhyehyɛeɛ pa a ɛbɛboa wo ama woatumi ada ntɛm na woada yie. Nneɛma a wobɛtumi ayɛ ama woatumi ada ntɛm na woada yie no bi ne akenkan, ne deɛ ɛkeka ho.

Di nnuane pa

Sɛdeɛ nipadua no hia nnuane a ahoɔdennuro wɔ mu ansa na atumi ayɛ adwuma yie no, saa ara na adwene no nso hia nnuane a ahoɔden wɔ mu. Wotumi hwɛ w’adidie mu yie na wodi nnuane pa a, ɛbɛboa ama w’adwene no ayɛ adwuma yie ɛfiri sɛ, wobɛtumi asusu nneɛma ho yie na wobɛtumi nso akae nneɛma ntɛm. Nnuane a wobɛtumi adi no binom ne nnuaba, atosodeɛ ahodoɔ, ɛnam, ne ade. Woredi saa nnuane yinom no, ɛsɛ sɛ wotumi twe wo firi nnuane ahodoɔ binom a asikyire ahyɛ no ma ho anaa wote ne die so koraa.

Wo ne nkurɔfoɔ mmɔ

Adeɛ baako a wobɛtumi ayɛ de abɔ w’adwene ho ban ne sɛ wo ne afoforɔ bɛbɔ. Wo ne nkurɔfoɔ bɔ a, ɛbɛtumi ama woanya mmoa, anigyeɛ ne ahotɔsoɔ nso. Yei nti, fa yɛ wo botaeɛ sɛ wo ne w’abusua anaa wo yɔnkonom bɛbɔ. Ɛbɛyɛ yie a, fa wo ho dɔm kuo bi a wonim wɔn yie na wonim sɛ wɔbɛtumi aboa wo ama woaduru wo botaeɛ ahodoɔ ho. Wopɛ nso a, wobɛtumi atu wo ho ama akɔboa wo mpɔtam hɔfoɔ ama wɔayɛ kwasafodwuma bi. Woyɛ yeinom a, ɛbɛma woate nka sɛ wowɔ nnipa binom a wɔdwene wo ho, na ɛno mma adwennwene renhyɛ wo so, na w’akoma nso bɛtɔ wo yam.

Tɔfabɔ mu no, yɛahunu sɛ, sɛ yɛbɛtumi abɔ yɛn adwene ho ban yie a, ɛsɛ sɛ yɛsua sɛ yɛbɛdwene nneɛma ho yie, yɛbɛteetee yɛn apɔ mu daa, yɛbɛnya berɛ ada yie na yɛagye yɛn ahome, yɛbɛdi nnuane pa, na afei nso yɛne nkurɔfoɔ abɔ.

Tags: anxietycaring for the minddepressionmental health
Deɛ atwam

Akanfoɔ gyidie wɔ nkwa ne owuo ho – Owuo Ahodoɔ – Ɔfa II

Deɛ ɛdi hɔ

Mmɔntohɔ yɛ mmusuo – Sɛdeɛ wobɛtumi adi so.

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Mmɔntohɔ yɛ mmusuo – Sɛdeɛ wobɛtumi adi so.

Mmɔntohɔ yɛ mmusuo - Sɛdeɛ wobɛtumi adi so.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?