• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adwenkyerɛ

Sɛdeɛ sohyia midia aka yɛn amammerɛ ɛnnɛ

Nsusuansoɔ a sohyia midia anya wɔ mmabunu so

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
12/21/2022
wɔ Adwenkyerɛ, Amammerɛ
0 0
0
Sɛdeɛ sohyia midia aka yɛn amammerɛ ɛnnɛ
0
SHARES
68
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ansa na anibue reba ama nnipa afiri aseɛ de mfidie ahodoɔ adi dwuma wɔ asetena mu no, na Akanfoɔ wɔ akwan ahodoɔ binom a wɔfa so di nkitaho sane bɔ wɔn bra. Wohwɛ ɛfiri berɛ a anibue baeɛ de bɛsi ɛnnɛ a, wobɛhunu sɛ nsakraeɛ bebree na aba nnipa asetenam.

Nsakraeɛ yi binom wɔ hɔ a, aba ama asetena atu mpɔn pa ara. Ebinom nso deɛ, adi yɛn nya kyɛn sɛdeɛ anka yɛsusu sɛ ɛbɛyɛ. Yei nti, ɛnnɛ, yɛrebɛkasa afa sɛdeɛ sohyia midia aka yɛn asetena sɛ Akanfoɔ no ho.

Sohyia midia so wɔ mfasoɔ pii a ɛboa ma nnipa asetena tu mpɔn. Mfasoɔ yinom bi ne sɛ, ɛboa ma yɛtumi hunu nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase, ɛma yɛtumi ne afoforɔ di nktiho wɔ akwan pii so, ɛma yɛn ani gye, ne deɛ ɛkeka ho.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Sɛdeɛ berɛboɔ biara bɔnwoma bata ho no, saa ara na sohyia midia nso tumi pira nnipa a wɔde di dwuma no wɔ akwan bebree so. Akwan ahodoɔ a sohyia midia resɛeɛ yɛn asetena sɛ Akanfoɔ na ɛdidi soɔ yi.

Deɛ ɛdi kan koraa no, sohyia midia hyɛ ɔbrasɛeɛ ho nkuran. Tete no, sɛdeɛ na yɛn amammerɛ binom te sɛ bragorɔ ne kyiribra hyɛ abrabɔ pa ho nkuran na ɛbara ɔbraseɛe no nte saa bio ɛnnɛ. Deɛ nti a ɛte saa ne sɛ, sohyia midia rekyerɛ mmabunu dodoɔ no ara ɔbra a aporɔ na ɛmfata Ɔkani ba. Mmabunu yinom hunu sɛ nnipa a wɔagyegye din wɔ wiase no resiesie wɔn ho wɔ kwan bi so a ɛhyɛ ɔbrasɛeɛ ho nkuran a, ɛsiane sɛ wɔn nso wɔpɛ sɛ wɔgye din nti, wɔsuasua saa ahosieshosie a ɛmfata no!

Yei nti, ɛnnɛ, mmabunu binom, titire mmaayewa no tumi yi wɔn pieto ne wɔn ahweneɛ gu mmɔntene so de kyerɛ wiase nyinaa a wɔn ani mmu wɔn dwɛ. Ebinom mpo deɛ, wɔtumi gyina faako woso wɔn to ara kɔpem sɛ wɔn ara wɔn ho bɛbae wɔn. Afoforɔ nso tumi yi wɔn mpokua gu mmɔntene so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkurɔfoɔ bɛhwɛ akamfo wɔn. Saa nneyɛɛ yinom nyinaa yɛ aniwusɛm ne atantanneɛ a ɛreseɛ Akanfoɔ mmabunu a wɔaba.

Bio nso, ɔhaw foforɔ a sohyia midia de aba ne sɛ, ama mmabunu mmu adeɛ bio. Sɛdeɛ Akanfoɔ amammerɛ kyerɛ no, ɛyɛ mmusuo kɛseɛ pa ara sɛ obi bɛkasa atia ɔpanin bi. Yei nti, tete no, obi ano tia ɔpanin bi a na wɔtwe n’aso sɛdeɛ amammerɛ kyerɛ.

Awerɛhosɛm ne sɛ, ɛsiane sohyia midia nti, osuro ne obuo a mmabunu de ma mpanimfoɔ ɛnnɛ no nte sɛ tete no koraa. Ɛnnɛ, sohyia midia ama mmabunu dodoɔ no ara atoto wɔn ani awe. Wɔtumi de mpanimfoɔ anim yɛ ntomago twitwi fam sɛdeɛ wɔpɛ biara.

Yei ho nhwɛsoɔ ne deɛ ɛsii Obubuo bosome no mu wɔ mfeɛ 2022 yi ara mu berɛ a mmabunu num binom a wɔwɔ Chiana Ntoasoɔ Sukuu mu yɛɛ sini de didii Ghana mampanin atɛm pasaa. Ɛnam so maa wɔyɛɛ nhwehwɛmu yii saa mmɔfra yi adi firii sukuu mu. Yei nyinaa yɛ nsuansoɔ bɔne a sohyia midia anya wɔ mmabunu so ɛnnɛ.

Afei nso, adeɛ baako nso a sohyia midia ama ɛho aba asɛm ne abateteɛ. Kane no, na ɛnyɛ den koraa sɛ Akanfoɔ bɛtete wɔn mma ama wɔasua abrabɔ pa, anyini abɛyɛ mpaninfoɔ papa. Deɛ nti a ɛte saa ne sɛ, na awofoɔ tumi kyerɛkyerɛ wɔn mma yie. Bio nso, na mmabunu hwɛ wɔn ayɔnkogorɔ mu yie, na na wɔmfa wɔn ho mmɔ onipa biara kɛkɛ.

Deɛ ɛne yei bɔ abira no, ɛsiane sohyia midia nti, ɛnnɛ, mmabunu tumi fa onipa biara a wɔpɛ yɔnkoɔ berɛ a wɔn awofoɔ mpo nnim ho hwee. Mpɛn pii no, deɛ ɛfiri yei mu ba ara ne sɛ, wɔnya afotubɔne firi wɔn nnamfonom yi hɔ na wɔsuasua wɔn nneyɛɛ bɔne no ma ɛtumi sɛe wɔn abrabɔ koraa. Adeɛ yi, mpanimfoɔ se, “Kyerɛ me wo yɔnko na menkyerɛ wo suban.”

Ayɔnkogorɔ a ɛmfata a ɛsiane sohyia midia nti mmabunu dodoɔ no ara de wɔn ho hyɛ mu no tumi ma wɔsua nnubɔne nom, awudie, korɔnobɔ, tuutuusie, kasafi, na yeinom nyinaa tumi ma wɔn abrabɔ seɛ koraa.

Sɛdeɛ medii kan kaeɛ no, sohyia midia so wɔ mfasoɔ nanso sɛ yɛhwɛ nsunsuansoɔ bɔne a ɛde ba no a, ɛyɛ biribi a ɛbɔ kuro. Yei nti, sɛ ɛbɛyɛ yie a, ɛsɛ sɛ sukuu ne asɔre ahodoɔ, T.V ne radio ahodoɔ, nsɛntwerɛfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ, awofoɔ, ne ankorɛnkorɛ nyinaa tumi ka wɔn ho bom ma yɛboa tu mmabunu ne mmɔfra nyinaa fo sane bɔ wɔn kɔkɔ wɔ asiane ahodoɔ a ɛwɔ sohyia midia mu no ho ɛfiri sɛ, aboa no ntakra na ɛma ne ho yɛ fɛ nanso ntakra bɔne deɛ, fanyinam kwaterekwa.

Tags: bad habits associated with social mediaEffects of social mediaeffects of social media on moral valueshow social media has affected the lives of youngsterssocial media and life today
Deɛ atwam

Nipadua akwaa binom ne nnuane a wɔhia

Deɛ ɛdi hɔ

Akan mmusuakuo ahodoɔ no, wɔn abakɔsɛm ne ɛmu nsɛm binom

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa
Adesua

Nsεnkyerεnne a εda adi wᴐ obi ho a εkyerε sε watᴐ nnubᴐnenom mu ntentan ne n’ayaresa

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/29/2023
Nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho nsunsuanso bᴐne a εda adi wᴐ honam ani
Adesua

So, nnubᴐnenom mu ntentantᴐ ho wᴐ nsunsuanso bᴐne bi wᴐ adwene no so?

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
08/25/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Akan mmusuakuo ahodoɔ no, wɔn abakɔsɛm ne ɛmu nsɛm binom

Akan mmusuakuo ahodoɔ no, wɔn abakɔsɛm ne ɛmu nsɛm binom

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?