Ghana ka aman ahodoɔ a wɔmfa wɔn nwomasua nni agorɔ koraa no ho. Ɛwom sɛ, Ghana yɛ ɔman a ɛgu so ara retu mpɔn nkakrankakra deɛ, nanso sika a wɔde hyɛ nwomasua mu no dɔɔso pa ara.
Mfeɛ bi a atwam no, na nnipa dodoɔ no ara ani nnye sukuukɔ ho ɛfiri sɛ, na wɔnnim ɛso mfasoɔ. Bio nso, na awofoɔ dodoɔ no ara pɛ sɛ wɔde wɔn mma di wɔn akyi, na wɔkyerɛ wɔn adwuma a wɔyɛ sɛdeɛ wɔn mma no bɛtumi atoa adwuma no so wɔ wɔn awofoɔ no wuo akyi.
Yei maa sukuukɔ ne nwomasua ho baa asɛm pa ara saa berɛ no.
Anigyesɛm ne sɛ, seesei deɛ, ɛsiane anibue, ne nimdeɛ a adɔɔso nnansa yi nti, ankorɛnkorɛn binom abuebue sukuu ahodoɔ wɔ ɔman no mu baabiara.
Ne nyinaa akyi no, awerɛhosɛm ne sɛ, mmɔfra binom da so ara wɔ hɔ a wɔn ani nnye sukuukɔ ne nwomasua ho de bɛsi ɛnnɛ.
Afe 2020 mu no, wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi faa sukuukɔ ne nwomasua ho wɔ Ghana ha. Berɛ a nhwehwɛmu no baa awieeɛ no, nneɛma binom a ɛbɛdaa adi na ɛdidi soɔ yi.
- Mmɔfra bɛyɛ 71% na wɔtumi kɔ mfitiaseɛ sukuu wie. Nanso sɛ wɔretoa so a, nnipa dodoɔ a wɔtumi wie adantam (JHS) no so te ba 47%. Ɛnna wɔn mu 35% na wɔtumi kɔ ntoasoɔ sukuu (SHS) wie.
- Deɛ ɛma nnipa dodoɔ a wɔtumi wie mfitiaseɛ, adantam ne ntoasoɔ sukuu no so te no bɛtumi ayɛ, sukuu a mmɔfra toto mu ntɛntɛm, mmɔfra a wɔma wɔka wɔn anan mu, ne mmɔfra a wɔmma wɔnwie sukuu ntɛm. Yei kyerɛ sɛ, adantam ne ntoasoɔ sukuu pa ara na wɔtaa hyia saa ɔhaw ahodoɔ yinom.
- Mmɔfra a wɔn awofoɔ nhyɛ da nni bi anaa wɔdi hia ne mmɔfra a wɔfiri nkuraase pa ara na wɔntaa nwie sukuu. Ɛfiri mfitiaseɛ sukuu so, kɔsi ntoasoɔ sukuu mu nyinaa no, mmɔfra a wɔn awofoɔ di hia ne wɔn a wɔfiri nkuraase no mu dodoɔ a wɔtumi wie sukuu no nnuru mmɔfra dodoɔ a ɔman no hwehwɛ sɛ anka ɛsɛ sɛ wɔwie sukuu no. Mmom, mmɔfra a wɔtete nkuro akɛseɛ mu ne wɔn a wɔn awofoɔ di yie no pa ara na wɔtumi kɔ mfitiaseɛ, adantam ne ntoasoɔ sukuu wie ma no boro deɛ ɔman no hwehwɛ no so mpo.
- Berɛ a wɔretoa wɔn adesua so no, nsonsonoeɛ a ɛda mmɔfra akuo mmienu yi ntam no kɔ so ara yɛ kɛse pa ara ɛfiri sɛ, wɔn a wɔfiri nkuraase na wɔn awofoɔ di hia no kɔ sukuu no duru baabi a, wɔgyae ma wɔn a wɔfiri nkuro akɛseɛ mu na wɔn awofoɔ di yie no dodoɔ bu bɔ ho. Nhwehwɛmu no daa no adi sɛ, mmɔfra a wɔfiri nkuro akɛseɛ mu a wɔn awofoɔ di yie no mu 71% na wɔtumi wie ntoasoɔ sukuu. Ɛnna wɔn a wɔfiri nkuraase a wɔn awofoɔ di hia no mu 9% pɛ na wɔtumi kɔ ntoasoɔ sukuu wie.
- Wɔkyerɛ mu a, mmɔfra a wɔfiri nkuro akɛseɛ mu a wɔn awofoɔ nsam wɔ bi no mu dodoɔ a wɔtumi wie mfitiaseɛ sukuu no boro wɔn a wɔfiri nkuraase a wɔn awofoɔ nsam nni bi no so bɛyɛ mpɛn 1.6. Bio nso, mmɔfra a wɔfiri nkuro akɛseɛ mu a wɔn awofoɔ di yie no mu dodoɔ a wɔtumi wie adantam sukuu no boro wɔn a wɔfiri nkuraase a wɔn awofoɔ di hia no so bɛyɛ mpɛn 3.5. Ɛnna mmɔfra a wɔfiri nkuro akɛseɛ mu a wɔn awofoɔ di yie no mu dodoɔ a wɔtumi wie ntoasoɔ sukuu no boro wɔn a wɔfiri nkuraase a wɔn awofoɔ di hia no so bɛyɛ mpɛn 8.
- Ɛwom sɛ mmɔfra dodoɔ a wɔntumi nkɔ sukuu mfiri mfitiaseɛ sukuu nkɔsi ntoasoɔ sukuu nwie no firi kasakuo ahodoɔ a ɛwɔ Ghana no nyinaa mu deɛ, nanso kasakuo binom wɔ hɔ a, wɔn mu dodoɔ no ara tumi kɔ sukuu duru akyiri kyɛn afoforɔ. Ɛho nhwɛsoɔ ne sɛ, nhwehwɛmu no daa no adi sɛ, Mandefoɔ mmɔfra 72% na wɔtumi wie mfitiaseɛ sukuu, nanso wɔn mu 9% pɛ na wɔtumi kɔ ntoasoɔ sukuu wie. Deɛ ɛne yei bɔ abira no, Akanfoɔ mmɔfra a wɔtumi kɔ mfitiaseɛ sukuu ne ntoasoɔ sukuu wie no dɔɔso kyɛn kasakuo foforɔ biara mufoɔ wɔ Ghana.
Nyansahyɛ ne adwenkyerɛ
Deɛ saa nhwehwɛmu yi ma yɛhunu ne sɛ, nneɛma binom na ɛkɔfa ɔhaw ahodoɔ a yɛhyia wɔ nwomasua mu no nyinaa ba. Yei nti, ɛyɛ yɛn nyinaa asɛdeɛ sɛ, yɛboa ma yɛsi saa ɔhaw ahodoɔ no nyinaa ano.
Baako ne sɛ, ɛsɛ sɛ awofoɔ tumi hyɛ wɔn mma nkuran ma wɔyere wɔn ho sua adeɛ yie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mmɔfra no ani bɛgye sukuukɔ ne adesua ho.
Seesei deɛ, ɛsiane sɛ aban sukuu abɛyɛ deɛ wɔntua sukuu fiisi biara, firi mfitiaseɛ sukuu kɔsi ntoasoɔ sukuu so nti, ɛsɛ sɛ ɔwofoɔ biara de ne ba kɔ sukuu, na ɔtotɔ nwoma a ɛbɛboa abɔfra no ama watumi asua adeɛ yie na ama wɔn nwomasua atumi atu mpɔn.
Bio nso, ɛsɛ sɛ sukuu ahodoɔ no ne akyerɛkyerɛfoɔ nyinaa hyɛ sukuu mmɔfra nkuran ma wɔtumi wie mfitiaseɛ, adantam ne ntoasoɔ sukuu.
Yɛtumi yɛ yeinom nyinaa a, ɛbɛboa ama Ghana sukuusɛm ne yɛn nwomasua afa ne ntoma pa afura.