• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Sɛdeɛ abɛɛfo nimdeɛ aboa ama kuayɔ atu mpɔn

Kuayɔ ne nnuane ho nsɛm

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
06/05/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Sɛdeɛ abɛɛfo nimdeɛ aboa ama kuayɔ atu mpɔn

trata bi refuntum asase

0
SHARES
194
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Kuayɔ yɛ adwuma a Ɔbɔadeɛ de hyɛɛ nnipa nsa firi adebɔ ahyɛaseɛ. Ɛfiri tete nyinaa, kuayɔ ayɛ Akanfoɔ nnwuma titire no mu baako abɛsi ɛnnɛ. Yɛka kuayɔ a, ɛgugu mu bebree. Deɛ ɔdua bankye, bayerɛ, aburoo, borɔdeɛ, ntoosi, nyaadewa, ahwedeɛ, atadwe, nkruma, ankaa, aborɔbɛ, kwadu, mankani, kooko, kookoo, amango, ne ade, ne deɛ ɔnyɛn mmoa binom te sɛ, prako, mpɔnkye, nnwan, nkokɔ, anantwie, akɔnfɛm, nnwene, krokrokoko, dabodabo, ne deɛ ɛkeka ho nyinaa yɛ akuafoɔ.

Mmerɛ bi a atwam no, na kuayɔ nyɛ adwuma a nnipa bu no ahe biara ɛfiri sɛ, na wɔsusu sɛ ɛnyɛ adwuma a nidie wom. Ɛno da nkyɛn a, na akuafoɔ nhyɛ da nni sika ahe biara ka wɔn nnɔbaeɛ a na wɔduadua no ho. Yei maa nnipa dodoɔ no ara bɛnyaa adwene sɛ akuafoɔ yɛ ahiafoɔ.

Ɛwom sɛ tete no, ɛsiane nimdeɛ a na ɛnhyɛ da nni mu nti, na yɛn nananom ntumi nyɛ kuadwuma nnya so mfasoɔ ahe biara deɛ, nanso seesei deɛ, kuayɔ abɛyɛ akɔnnɔ pa ara. Yei aboa ama adwene a na ebinom wɔ wɔ kuadwuma ne akuafoɔ ho no nyinaa asesa.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Ɛnnɛ, ɛsiane abɛɛfo mfidie nti, akuafoɔ mfa sekan anaa asɔ nnɔ asase akɛseɛ sɛdeɛ na wɔyɛ no tete no bio. Mmom, wɔayɛ mfifidie binom ama akuafoɔ a wɔtumi de dɔ nsase a wɔpɛ sɛ wɔyɛ so adwuma no. Ɛno nti, wɔtumi yɛ mfuo akɛseɛ a wɔmmrɛ pii sɛ kane no.

Bio nso, akuafoɔ anya nnuro binom a ɛtumi boa ma wɔdɔ wɔn nnɔbaeɛ ase. Nnuro binom wɔ hɔ a, wɔde gu asaase a wɔde afidie adɔ no so ansa na wɔadua wɔn nnɔbaeɛ anaasɛ, sɛ wɔdua nnɔbaeɛ no ma no nyini kakra a, na wɔabɔ aduro no afa nnɔbaeɛ no ase. Ɛno nso boa ma kuayɔ yɛ mmerɛ pa ara.

Afei, akuafoɔ anya nnuro binom a ɛtumi boa ma wɔn nnɔbaeɛ nyini yie ma no so bebree anaa bɔ mma akɛseɛ. Saa nnuro yinom bi wɔ hɔ a, wɔsesa gu nnɔbaeɛ no ase. Ebi nso, wɔde gu afidie mu de pete nnɔbaeɛ no so sɛdeɛ ɛbɛtumi anya ahoɔden aso bebree anaa abɔ akɛseɛ.

Abɛɛfo kwan so no, wɔayɛ nnuane binom a ɛboa ma akuafoɔ a wɔnyɛn mmoa no nya nnuane a ɛbɛboa mmoa no apɔmuden de ma wɔn nyɛmmoa di. Saa nnuane yi boa ma nkokɔ, mprako, nkraman, krokrokoko, ne mmoa ahodoɔ a akuafoɔ tumi nyɛn wɔn no nyinaa nya ahoɔden nyini yie ma wɔn wuranom tumi nya wɔn so mfasoɔ pa ara. Ntakrammoa mpo deɛ, akuafoɔ wɔ afidie bi a wɔtumi de hwane wɔn nkosua sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya mma bebree.

Yeinom nyinaa da nkyɛn a, akuafoɔ anya mfidie binom a wɔtumi de dua wɔn nnɔbaeɛ, de gugu so nsuo, de bɔ so nnuro, na wɔtumi de tete wɔn nnɔbaeɛ nso. Ɛsiane sɛ saa mfidie yinom ama kuayɔ ayɛ anika na ɛnyɛ den bio te sɛ tete no nti, ama nnipa dodoɔ no ara ani abɛgye kuayɔ ho seesei.

mfasoɔ a akuafoɔ anya afiri abɛɛfo kuayɔ mu

  • Akuafoɔ tumi yɛ mfuo akɛseɛ
  • Wɔtumi nya sika pii firi wɔn nnwuma mu
  • Wɔtumi yɛ nnwuma bebree a wɔnte brɛ te sɛ kane no
  • Wɔwɔ nneɛma binom a wɔtumi hyɛ de bɔ wɔn ho ban berɛ a wɔreyɛ adwuma
  • Wɔboa ma ɔman no nya nnɔbaeɛ binom kɔtɔn no amanɔne
  • Wɔanya nimdeɛ pii a ɛboa ma wɔn nnwuma tu mpɔn

Tɔfabɔ

Yɛreka sɛdeɛ abɛɛfo nimdeɛ aboa akuafoɔ ɛnnɛ no nyinaa a, anka adaagyeɛ bɛbɔ yɛn. Megye di sɛ, kakra a yɛabobɔ so yi ara ama woahunu sɛ, ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛnya adwene sɛ akuafoɔ di hia, wɔn ho nte, anaasɛ kuayɔ yɛ adwuma a animuonyam biara nni mu. Ɛsiane abɛɛfo nimdeɛ nti, ɛnnɛ deɛ, sɛ yɛreka nnwuma a ɛdi mu wɔ wiase pa ara a, kuayɔ ne adwuma a ɛdi kan.

Tags: abɛɛfo nimdeɛakuafoɔkuadwumaKuayɔ
Deɛ atwam

Sɛdeɛ Ghana nwomasua ne yɛn sukuukɔ ho nsɛm teɛ

Deɛ ɛdi hɔ

Sɛdeɛ abɛɛfo kuayɔ aka yɛn asetena ɛnnɛ

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Sɛdeɛ abɛɛfo kuayɔ aka yɛn asetena ɛnnɛ

Sɛdeɛ abɛɛfo kuayɔ aka yɛn asetena ɛnnɛ

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?