• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Amanyɔsɛm

Sɛ wɔampamo Ken Ofori-Atta a, NPP Mmarahyɛbadwafoɔ bɛpo afe 2023 sikasɛm ho ntotoeɛ no

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
10/25/2022
wɔ Amanyɔsɛm
0 0
0
Sɛ wɔampamo Ken Ofori-Atta a, NPP Mmarahyɛbadwafoɔ bɛpo afe 2023 sikasɛm ho ntotoeɛ no
0
SHARES
53
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

NPP Mmarahyɛbadwafoɔ a wɔyɛ mmarahyɛbadwam dɔmkuo kɛseɛ no de kɔkɔbɔ aba sɛ sɛ wɔampamo Ken Ofori-Atta a ɔyɛ Ↄsoafoɔ a ɔhwɛ Sikasɛm so no a, wɔbɛbɔ afe 2023 sikasɛm ho ntotoeɛ akenkan no agu.

NPP mu mmarayɛfoɔ rekasa wɔ wɔn nhyiamu no ase Benada no, wɔde too dwa sɛ sikasɛm ho adwumayɛ wɔ Ken Ofori-Atta berɛ so nyɛ adeɛ a ɛsɔɔ wɔn ani koraa.

Ne saa nti, mmarahyɛbadwafoɔ no de wɔn nsa ahyɛ ɛdɔm adesrɛ nwoma no ase de resrɛ ɔmanpanin sɛ ɔmpamo Ken Oforo-Atta.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Asante Akim Anaafoɔ fam Mmarahyɛbadwani, Andy Appiah Kubi kaa sɛ; “Yɛde yɛn haw kɛseɛ nam ɔmampanin so ato mmarahyɛbadwam mpanimfoɔ ne amanyɔkuo no mpanimfoɔ anim a yɛnnyaa mmuaeɛ pa biara. Yɛnam saa kwan yi so de yɛn akoma so adeɛ reto dwa sɛ ɔmampanin no nsesa Ↄsoafoɔ a ɔhwɛ Sikasɛm so ne Ↄsoafoɔ a ɔtu Asoɛeɛ a ɛhwɛ sikasɛm so no fo wɔ berɛ a ɔntwentwɛn so bio koraa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a anidasoɔ bɛba sikasɛm afa na ɛde ɔman yi mu sikasɛm a ɛrekɔ fam no asane aba ne nkyi.”

Mmarayɛni no toaa so sɛ; “Seesei ara deɛ, yɛpɛ sɛ yɛde nkra to dwa, na afei yɛde nkra reto dwa sɛ, ɛnkɔsi sɛ wɔbɛma saa nnipa yinom a yɛabobɔ wɔn din no atwe wɔn dibea asane anaa wɔayi wɔn afiri wɔn adwuma no mu no, yɛn mmarahyɛbadwafoɔ a yɛreyɛ nhyiamu yi remfa yɛn ho nhyɛ dwumadie a aban no bɛyɛ anaa ɔsoafoɔ foforɔ bi bɛyɛ ama ɔmampanin no mu.

Yɛgye di sɛ yɛn a yɛte akyire ne dɔmkuo kɛseɛ no mu nnipa a yɛreyɛ nhyiamu yi bɛdi saa asɛm yi so. Yɛreka sɛ, sɛ wɔamma yɛn mmuaeɛ pa wɔ yɛn abisadeɛ no ho a yɛmma sikasɛm ntotoeɛ akenkan no ase, ɛnna yɛmfa yɛn ho nhyɛ ɛho adwentoatoa no mu.”

NPP mmarahyɛbadwafoɔ yi nhyiamu yi baa berɛ a amansan rekasa sɛ Ken Ofori-Atta ntu ne so adeɛ so, a sikasɛm mu ahohiahia nso baeɛ no akyi.

N’akyibɔfoɔ no kyerɛ sɛ wadane sikasɛm no ayɛ no sɛ bɔnka, wei nti ɛho bɛhia sɛ ɔfiri ne dibea no so.

Nanso Ↄmampanin Akufo-Addo rebua dadwene a amanfoɔ de abɛto dwa yi ano no, ɔkaa sɛ Ↄsoafoɔ no abɔ ne ho mmɔden ama no asɔ n’ani pa ara. Ↄne OTEC FM nkasaeɛ mu kyerɛ sɛ nnyinasoɔ biara nni hɔ a ɔde bɛpamo ne nua Ken Ofori-Atta.

Seesei, Ghanafoɔ binom de ha a ɛha wɔn sɛ NPP Mmarahyɛbadwafoɔ mpanimfoɔ no ankɔ nhyiamu a wɔregyina so akasa ama wɔapamo Ↄsoafoɔ yi ase no ato dwa.

Mmarahyɛbadwafoɔ akannifoɔ bi te sɛ dɔmkuo kɛseɛ no kannini, Osei-kyei Mensah-Bonsu ne mmarahyɛbadwafoɔ mpanimfoɔ a wɔaka no ankɔ nhyiamu no ase bi.

Wei ama nnipa adwene ayɛ wɔn ntanta wɔ nokware a ɛwɔ saa ɔfrɛ yi mu; na ebinom mpo kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛyɛ amayɔsɛm mu nnaadaa bi kɛkɛ, a wɔpɛ sɛ wɔde dwodwo Ghanafoɔ akoma wɔ sikasɛm mu ahohiahia berɛ hi mu.

Tags: Dɔmkuo kɛseɛKen Ofori-AttaNPP mmarahyɛbadwafoɔSikasɛm ntotoeɛ akenkansikasɛm ntotoeɛ akenkan 2023
Deɛ atwam

‘Pam Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Ghana Sikasɛm so no’ – Ɛdɔm kɛseɛ a wɔwɔ mmarahyɛbadwafie

Deɛ ɛdi hɔ

Apolisifoɔ akyere Agradaa bio ɛnam kwaadu ahodoɔ a Ɔsɔfo Appiah de abɔ no nti.

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm
Adesua

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/09/2023
Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro
Adesua

Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/05/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ
Amanyɔsɛm

Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
04/18/2023
IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu
Amanyɔsɛm

IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
04/16/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Apolisifoɔ akyere Agradaa bio ɛnam kwaadu ahodoɔ a Ɔsɔfo Appiah de abɔ no nti.

Apolisifoɔ akyere Agradaa bio ɛnam kwaadu ahodoɔ a Ɔsɔfo Appiah de abɔ no nti.

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?