• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Sɛdeɛ abɛɛfo kuayɔ aka yɛn asetena ɛnnɛ

Kuadwuma ne nnuane ho nsɛm

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
06/06/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Sɛdeɛ abɛɛfo kuayɔ aka yɛn asetena ɛnnɛ

Maame bi redɔ ne nnɔbaeɛ ase

0
SHARES
192
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Abɛɛfo kuayɔ anya nsunsuansoɔ kɛseɛ pa ara wɔ nnipa astenam ɛnnɛ. Aboa wɔ akwan ahodoɔ pii so ama nnipa asetena atu mpɔn pa ara. Ebi ne sɛ, aboa ama nnuane abu so wɔ wiase yi mu baabiara.

Afei nso, yɛtumi dua nnua ne mfudeɛ ahodoɔ bebree a yɛmmerɛ pii te sɛ tete no. Asane nso ama yɛanya kuadwuma ho nimdeɛ a ɛdi mu a ɛboa yɛn ma yɛhunu mmerɛ pɔtee binom a ɛsɛ sɛ yɛdua nnɔbaeɛ binom.

Yei nyinaa akyi no, ɛsiane sɛ berɛboɔ biara bɔnnwoma bata ho nti, abɛɛfo kuayɔ aka nnipa asetena wɔ akwan binom so ama asetna pa ho aba asɛm kakra. Akwan a abɛɛfo kuayɔ afa so aka yɛn asetena na ɛdidi soɔ yi:

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Ɛtumi ma asase no ahoɔden so te.

Kane no, na yɛn nananom de sekan ne nsɔ na ɛpam wɔn nsase yɛ mu nnwuma. Ɛsiane ɔkwan a na wɔfa so pam nsase no nti, na ɛma ahoɔden a ɛwɔ asase no mu no yɛ kɛse pa ara.

Ɛnnɛ deɛ, abɛɛfo kuayɔ nti, akuafoɔ dodoɔ no ara de nnuro na ɛdɔ wɔn nsase ansa na wɔadua wɔn nnɔbaeɛ. Animdefoɔ kyerɛ sɛ, saa nnuro yi mu binom tumi kum mmoawa a wɔwɔ asase no mu a wɔboa ma asase no nya ahoɔden no. Ɛsiane nnuro yi nti, ɛtumi kyɛ pa ara ansa na nsase binom so atumi afu ama asase no anya n’ahoɔden bio.

Bio nso, mfidie binom te sɛ trata a abɛɛfo akuafoɔ de funtum nsase ansa na wɔayɛ wɔn nnwuma no tumi tutu amena wɔ asase no so ma nsusuan tumi twi fa so. Yei nso tumi ma asase no ahoɔden so te koraa.

Ɛtumi sɛe mframa a yɛhome no

Nnuro a abɛɛfo akuafoɔ de yɛ wɔn nnwuma no tumi sɛe mframa a yɛhome kɔ yɛn mu no. Ɛsiane sɛ akuafoɔ de nnuro yi fra nsuo pete wɔn nnɔbaeɛ so anaasɛ wɔde gu nwura so dɔ wɔn nsase nti, nnuro yi tumi bɔwura mframa mu. Ɛba saa na sɛ onipa home mframa a asɛe yi bi a, ɛtumi ma yɛnya nyarewa binom a ɛyɛ hu pa ara.

Ɛtɔ da mpo a, akuafoɔ a wɔmfa adeɛ nkata wɔn hwene, wɔn nsa ne wɔn nan ho berɛ a wɔde nnuro yinom bi reyɛ adwuma no tumi fa mu yare anaa wɔhwere wɔn nkwa mpo. Yei yɛ awerɛhosɛm pa ara.

Ama mfudeɛ ne nnɔbaeɛ binom ase ahye koraa

Kane no, na ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛnya atosodeɛ binom te abɛduru, kwansusuaa, ne dɛ ɛkeka ho adi. Nanso ɛnnɛ yi deɛ, ɛsiane nnuro a wɔde gu nsase ani nti, ɛyɛ den pa ara sɛ yɛbɛnya saa atosodeɛ yinom bi. Afei nso, nneɛma binom te sɛ mmire, nwa, kɔtɔ, ne wuram nam  nyinaa ho akɔ atwee wɔ meaeɛ binom ɛsiane nnuro a abɛɛfo akuafoɔ de yɛ adwuma no nti.

Ɛho nsunsuansoɔ ne sɛ, kane, abunuabunu a na yɛn nananom di no, na ahoɔdennuro ahyɛ no ma ɛfiri sɛ, na wɔnya nnɔbaeɛ ne wuram nam a wɔpɛ biara di. Nanso ɛnnɛ deɛ, ɛnyɛ deɛ yɛpɛ biara na yɛnya firi wuram ɛsiane nnuro a akuafoɔ de yɛ wɔn nnwuma no nti.

Ama nnipa apɔmuden so ate

Kane a na akuafoɔ mfa nnuro ngugu wɔn nsase ne wɔn nnɔbaeɛ so no, na wɔtumi nya nhabamma, atosodeɛ ne nnuaba binom di de sa wɔn ho yareɛ. Saa berɛ no, na nunum, nkokɔmmɛsa, akɔnfɛmtikorɔ, bɔ-mma-gu-w’akyi, awɔnwono, ne deɛ ɛkeka ho ɛnyɛ na wɔ baabiara.

Ɛnnɛ yi deɛ, saa nhabamma yinom nyinaa ase rehye. Deɛ ɛwɔ hɔ seesei no nso ntumi nyɛ adwuma wɔ nipadua no mu te sɛ kane no bio. Nnuaba a anka ɛsɛ sɛ yɛdi nya ahoɔden no nso tumi mma yɛn ahoɔden a yɛhia no bio. Ɛnnɛ, adidie mpo akɔyɛ asɛm ɛfiri sɛ, nhabamma ne nnɔbaeɛ binom a wodi kɔ wo nipadua mu no bɛtumi akɔfa nyarewa binom abrɛ wo.

Saa ɔhaw ne abenedie a abɛtɔ yɛn so yinom nyinaa firi nnuro a abɛɛfo akuafoɔ de yɛn wɔn nnwuma no.

Tɔfabɔ

Abɛɛfo kwan a wɔfa so yɛ kuadwuma no so wɔ mfasoɔ pa ara wɔ nnipa asetenam deɛ, nanso ɛho hia sɛ, yɛdwene yɛn apɔmuden, yɛn nsase, ne yɛn mfudeɛ ho yie pa ara berɛ a yɛde abɛɛfo nnoɔma reyɛ kuadwuma no. Yɛtumi yɛ saa a, ɛbɛboa ama yɛn apɔmuden, yɛn nsase, yɛn mfudeɛ, ne yɛ asetena atu mpɔn pa ara.

Tags: abɛɛfo kuayɔkuadwumannuro a akufoɔ de yɛ adwuma
Deɛ atwam

Sɛdeɛ abɛɛfo nimdeɛ aboa ama kuayɔ atu mpɔn

Deɛ ɛdi hɔ

Kuadwuma bɛtumi ama mmabunu adi yie

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Kuadwuma bɛtumi ama mmabunu adi yie

Kuadwuma bɛtumi ama mmabunu adi yie

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?