• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Oprah Winfrey abrabɔ yɛ nkuranhyɛsɛm ma obiara.

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
03/24/2023
wɔ Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
0 0
0
Oprah Winfrey abrabɔ yɛ nkuranhyɛsɛm ma obiara.
0
SHARES
79
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Onipa biara wɔ mmerεyε anaa yea bi a asie wɔ n’akoma mu. Ebinom tumi de wɔn deε sie bɔ ɔbra no sεdeε εteε biara. Ebinom tumi hyε wɔn ho nkuran, ebinom nso hia afoforɔ nkuranhyε na wɔatumi asi wɔn adwene pi, ama wɔatumi ahunu kwan pa a εtwa sε wɔfa so wɔ abrabɔ mu. Ꜫnam sε εyε dεn ara obi adi kan wɔ abrabɔ no mu agya yεn, na εno nti wɔwɔ suahunu pii sene yεn nti, yεtumi hwε wɔn abrabɔ mu nsεm, yea bi a wɔafa mu, sεdeε wɔsi gyinaa ano ne kwan a wɔtumi dii saa yea anaa mmerεyε no so nkonim de tenetene yεn nso yεn deε anaa yεde hyε yεn ho nkuran. Yεbεhwε otitire bi a ne mmerεyε ne ne yea ansi ne kwan wɔ ne yiedie ho, na ɔtumi dii so nkonim.

Oprah nkwadaa berɛ mu.

Oprah Gail Winfrey awofoɔ, Vernita ne Vernon Winfrey woo no berε a na wɔnnyini nkɔɔ anim biara wɔ Mississippi. Wɔwoo no wɔ ꓛpεpɔn 29, 1954. Na n’abusua no nyε deε sika wɔ mu. Nokorε ne sε, na ahia wɔn ankasa. Ꜫnam sε na wɔsusua nti, awofoɔ nketewa yi sii wɔn adwene pi de wɔn ba Oprah kɔtenaa ne Nana Hattie Mae Lee nkyεn mfeε nsia. Na asetena mu yε den wɔ hɔ deε nanso ne nana no tumi bɔɔ mmɔden de no wuraa sukuu mu. Mfeε nsia akyi no ɔsane kɔtenaa ne maame nkyεn mmerε tiawa bi. Na ɔno ankasa ne maame mpo mpε n’anim ahwε.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

ꓛnyaa mfeε nkron no, ne maame nua babarima a na ɔno nso wɔ mfeε du nkron no too no monaa. Berε a monaatoɔ no akyi ne ho repopo na ɔresu no, ne nua yi pεε adɔkɔdɔkɔdeε bi tɔ maa no sane bɔɔ n’ano sε mma no mmɔ so nkyerε obiara. Ampa ara, ɔno nso de asεm yi siee mfeε du mmienu. Awerεhosεm ne sε, saa monaatoɔ yi ansi hɔ ara wɔ n’abrabɔ mu, n’abusuafoɔ nkaeε no bi nso sane totoo no monaa basabasa wɔ deε εdi kan a ne nua no too no no akyi, εfiri mfeε du kɔsi mfeε du nnan. Monaa dodoɔ a wɔtoo noɔ no nyaa nsunsuansoɔ bɔne kεseε pa ara wɔ ne so. ꓛhunuu ne ho sε ne ho agu fi, n’animuonyam ayera, na mfasoɔ bi nni ne so. Ꜫno da nkyεn nso a, na monaatoɔ ahodoɔ a akɔ so wɔ n’abrabɔ mu a w’amua n’ano wɔ ho no nso ayε adesoa wɔ ne so. ꓛnyaa mfeε du nnan no ɔfaa afuro, ɔmaa wɔtee sε akwadaa no papa yε ne wɔfa. Nanso obiara annye no anni. Saa berε no mu ara na wɔmaa no kɔtenaa ne papa Vernon Winfrey nkyεn wɔ Nashville. Na ne papa nso mpo mpε sε ɔne no bεtena εsiane sε na εyε aniwuo ma no sε ne babaa anyinsεn wɔ saa mfeε no mu, na ɔde animguaseε bεka abusua no. ꓛwoo abɔfra no ntεm so berε a na abosome nkron nnya nnuruiε, wei maa ne babarima yi hweree ne nkwa. ꓛnyaa mfeε aduonu mmienu no, n’ani baa ne ho so, na ɔkaa monaa a n’abusuafoɔ binom ato noɔ no kyerε n’abusuafoɔ nkaeε no, nanso awerεhosεm ne sε wɔn mu biara annye no anni.

Na ɔyε adeε pii wɔ kasa adwuma ho berε a na ɔwɔ Nteteε sukuu mu no. ꓛda so ara wɔ sukuu mu no, ɔnyaa dawubɔ ho adwuma wɔ radio so. Ꜫno mu na εnam ne mmɔdemmɔ nti, wɔpiaa no ara maa no kɔɔ n’anim, na afei ɔbεyεε dawuboni kεseε wɔ Nashville radio so. ꓛsane nyaa kwan wɔ Tennessee Suapɔn mu a wantua biribiara. Suapɔn mu hɔ na ɔbεyεε bibini baa a ɔdi kan na ɔsua a ɔyε dawubɔni wɔ Nashville Tv so. Na wanya mfeε 19 saa berε no. ꓛnyaa kwan sane kɔyεε adwuma wɔ WLS-TV anɔpa dwumadie bi a na wɔfrε no AM Chicago, a na nnipa ani nni akyire saa no so. Nanso berε a ɔfirii aseε yεε adwuma wɔ hɔ no, nnipa pii adwene baa saa dwumadie no so a na obiara hwε bi. Ꜫno nti afe akyi no, adwumakuo no susuu ho sε εnam ne so na ama saa adwuma no agyina yie na ɔmamfoɔ adwene aba so, εno nti wɔsesaa edin AM Chicago a na εda dwumadie no so no de Oprah din too dwumadie no so sε ‘The Oprah Winfrey Show’. Na ‘The Oprah Winfrey Show’ yi yε dwumadie bi a wɔto nsa frε nnipa atitire bi a wɔagye din bat v no so toto wɔn ano. Ꜫmmerε kɔɔ n’anim no, ɔtrεε dwumadie no mu maa ɔde biribiara a εfa adesua ne nwoma ho hyεε mu. ꓛsane nso buee dwumadie no mu a na afei ɔnto nsa mfrε nnipa atitire nko ara, mmom na ɔtumi sane to nsa frε obi a ɔnkura dibea biara nso. Saa dwumadie yi kɔɔ so ara nyinieε ama mpo εnnε wokɔ aman ahodoɔ so na wobɔ saa dwumadie no din a afoforɔ bεhunu dwumadie korɔ.

Afe 1986 mu, berε a saa dwumadie no gyee din yie no mu ara na ɔsane de Harpo adwumakuo too dwa. Saa adwumakuo yi yε adwumakuo bi a εhyehyε dwumadie ne sini ahodoɔ a εyε soronko wɔ TV so. Edin Harpo a ɔde too so no yε ɔno ara ne din Oprah no, mmom atwerεdeε no na ɔhyεε aseε twerε firii toɔ. Mfeε mmienu akyi pεpεεpε na afei n’adwumakuo no mmom bεsɔɔ n’anɔpa dwumadie a εde ‘The Oprah Winfrey Show’ no asene. Wei maa no bεyεε ɔbaa a ɔdi kan a ɔdi dwuma wɔ tv so na ɔno ara sane sɔ ne dwumadie no asene. Na εyε adeε soronko a wayε no wɔ n’abrabɔ mu. ꓛkɔɔ so ara dii yie wɔ abrabɔ mu, nanso n’abusuafoɔ sane dii n’ani bio. Ne kokoam asεm a εfa ne nyinsεn ho, a na ɔmpε sε εbεpue abɔntene no, ne nua baa kumaa bi a wɔfrε no Patricia de too dwa sεdeε εbεyε a ɔnam so bεnya sika, na ɔnyaa sika wɔ mu nso. Ꜫnyε ɔno nko, na ne papa mpo ayε krado sε ɔde ne ba no ho asεm bi bεto abɔntene na wanya ho sika. Na ɔretwerε nwoma bi a wayε krado sε ɔde ahuntasεm a εfa ne ba no ho nyinaa bεhyε mu.

Mfeε du mmienu nie na ‘The Oprah Winfrey Show’ yi baa n’awieeε wɔ Kotonimaa 25, 2011, nanso edin no da so ara gyegye wɔ ɔmamfoɔ asom. Ꜫho nsunsuansoɔ pa da so ara ka ɔmamfoɔ ho. Seesei, ɔyε adwene apɔmuden ho fotufoɔ, sinitwafoɔ ne tv so anototofoɔ. Yεkan mmaa a wɔwɔ sika na wɔagye din yie a, Oprah yε wɔn mu baako. Wagye abasobɔdeε pii wɔ ne nnwuma pa ho. ꓛfaa amenehunu ne ateetee pii mu, abusua yii no maeε, nanso wamma εno ammu n’abam. ꓛhyεε ne ho den, ɔkoo nkoden. ꓛhunuu adeε a ɔbɔ mu mmɔden, na ɔtuu εho anammɔn. Ꜫnnε, nnipa te Oprah din anaa wɔhunu ne mfoni a, wɔhunu anidasoɔ, na wɔnya nkuranhyε. Wo a worefa ateetee bi mu na wohunu no sε w’anidasoɔ asa, wo a abusua apo wo na wɔayi wo ama, mma w’abam mmu. Ꜫyε mmerε, bɔ wo ho mmɔden, hyε wo ho den. Ꜫyε dεn ara a da koro wo nso wo nsoromma bεpue.

Tags: dawuboniHarpoMonaatoɔnkuranhyɛWinfery
Deɛ atwam

Nnuane nnan binom a εde ayamtim ba pa ara

Deɛ ɛdi hɔ

Ekuro, Kisikuro, anaa Ekunini ho asԑm kakra

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so
Adesua

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/26/2023
Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.
Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/25/2023
Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no
Adesua

Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/28/2023
Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so
Adesua

Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/22/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Ekuro, Kisikuro, anaa Ekunini ho asԑm kakra

Ekuro, Kisikuro, anaa Ekunini ho asԑm kakra

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?