• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Amanyɔsɛm

ODUPƆN ATUTU

Ɛngresifoɔ Ahwere Wɔn Hemmaa Elizabeth II

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/09/2022
wɔ Amanyɔsɛm, Awerɛhosɛm
1 0
0
ODUPƆN ATUTU
0
SHARES
159
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ɛbɔ 8, 2022 no, Ɛngresifoɔ ante asɛmdɛ koraa. Birikyie kɛseɛ bi bɔɔ kuro no mu maa ɛmu nnipa nyinaa botoeɛ berɛ a wɔn nsɛntwerɛ adwumakuo a wɔfrɛ wɔn BBC de bɛtoo dwa sɛ, wɔn hemmaa Queen Elizabeth II ada ne benkum so no. Ɛsiane sɛ Ɔhemmaa yi yɛ onipa titire na wagye din pa ara nti, ankyɛ biara na ne wuo no ho amanebɔ hyetɛɛ wiase baabiara. Amanebɔ kyerɛ sɛ, saa awerɛhosɛm yi sii ɔhemmaa no fie.

Ɔhemmaa no din ankasa ne Elizabeth Alexandra Mary Windsor. Wɔwoo no Oforisuo da a ɛtɔ so aduonu-baako, afe apem, ahankron ne aduonu-nsia mu. Ɔdii adeɛ sɛ Ɛngresi hemmaa firii Ɔgyefuo da a ɛtɔ so nsia, afe apem, ahankron ne aduonum-mmienu bɛsii Ɛbɔ da a ɛtɔ so nwɔtwe, mfeɛ mpenu ne aduonu-mmienu yi mu. Yei kyerɛ sɛ, ɔdii adeɛ mfeɛ aduoson ne nnafua ahanu ne dunan. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, ɔno ne onipa a watumi adi adeɛ akyɛ pa ara wɔ ne man abakɔsɛm mu. Sɛ United Kingdom a na Ɔhemmaa yi di so no da nkyɛn a, na ɔsane di aman ahodoɔ dunan so. N’awerɛhosɛm yi sii wɔ ne fie saa Yawoada awia no.

Ɔtwaa náni hwɛɛ ban saa no, ne ba King Charles III de too dwa sɛ, ne maame a na ɔdɔ no yie no wuo no “yɛ awerɛhosɛm kɛseɛ a ɛbubu akoma pa ara” ma ɔne n’abusuafoɔ nyinaa na ɛyɛ biribi a “ɛbɛka nnipa nyinaa” wɔ wiase afaanan nyinaa.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Ɔkaa wɔ ne krataa a ɔtwerɛeɛ no mu sɛ, “Yɛde akoma a abubuo resu Ɔkannifoɔ kɛseɛ ne maame a na ɔda yɛn akoma so pa ara. Menim sɛ ne wuo no bɛka ɔmanfoɔ, aman ne nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia wɔ wiase nyinaa.”

Afei, berɛ a na ɔreka sɛdeɛ owuo yi bɛka n’abusua ho asɛm no, ɔkaa sɛ, adeɛ titire a ɛbɛkyekye ɔne n’abusuafoɔ nyinaa werɛ ne sɛdeɛ wɔnim sɛ nnipa nyinaa de obuo kɛseɛ ma Ɔhemmaa no na wɔnsi no fam koraa no.

Buckingham Ahemfie no kyerɛɛ mu sɛ, adehyeɛ mpanimfoɔ no nyinaa boaboaa wɔn ho ano kɔɔ Ɔhemmaa no nkyɛn wɔ Balmoral berɛ a n’adɔkotafoɔ no kaa sɛ n’apɔmuden ho atɔ kyima no. Ɛduruu baabi a na ɛmu ayɛ den kakra no, ne mma no nyinaa nso boaboaa wɔn ho ano baa Ɔhemmaa no nkyɛn wɔ Balmoral hɔ.

Berɛ a wɔn Prime Minister Liz Truss rekasa no, ɔkaa sɛ Ɔhemmaa no akɔyɛ sɛ botan bi a na wasi Britainman no asi so. Ɔde kaa ho sɛ, ɔno na wama wɔn ahoɔden a na wɔhia nyinaa.

Berɛ a na ɔmanfoɔ atwa ahyia Buckingham Ahemfie hɔ retwɛn Ɔhemaa no apɔmuden ho amaneɛbɔ no, wɔn mu binom firii aseɛ suiɛ berɛ wɔtee sɛ ɔhemmaa no atoa nananom wɔ nseɛdo no. Yei nti, wɔtwee frankaa a na ɛsi ahemfie no so no baa fam, na ɔde Ɔhemmaa no wuo ho amaneɛbɔ no too ɔmanfoɔ no anim.

Nhyehyɛeɛ a wɔayɛ ne sɛ, ansa na nnawɔtwe mmienu bɛso ama wɔayɛ Ɔhemmaa no ayie apɛ no korabea korakora no, wɔrenyɛ nhyiamudie biara wɔ ɔman no mu. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔtwetwe frankaa ahodoɔ a ɛwɔ ɔman no mu no nyinaa ba fam. Bio, ɛsɛ sɛ mmarahyɛbadwafoɔ a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa de obuo a ɛtwa toɔ bɛma ɔhemmaa no na afei wɔasuae akyerɛ wɔn hene foforɔ Ɔhene Charles.

Wɔwie nso a, wɔbɛtoto atuo sɛdeɛ wɔn amammerɛ teɛ no de akyerɛ sɛdeɛ adeɛ atɔ wɔn ani ama wɔ ani atutu agu wɔn nsam no. Ɛsiane sɛ ɔsaman pa na yɛto no abadin nti, aman mpanimfoɔ binom tee asɛm yi ara pɛ na wɔtwerɛɛ nsɛm de maa adehyeɛ abusua no ne ɔmanfoɔ nyinaa damirifa due.

Deɛ atwam

Thomas Tuchel kↄↄ “ahodwiri kɛseɛ” mu berɛ a wↄne no dii foon so nkↄmmↄ pamoo no na ↄsrɛɛ sɛ ɛmma wↄmpamo no no.

Deɛ ɛdi hɔ

Ↄhemmaa Elizabeth II ho asɛm, ne mfeɛ ne n’abrabↄ mu nsɛm kakra

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm
Adesua

J. J. Rawlings amammuo ho abakɔsɛm

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/09/2023
Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro
Adesua

Aban a Asogyafoɔ retu gu wɔ Afrika Apueeɛ no, ne farebae ne ano aduro

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
08/05/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ
Amanyɔsɛm

Akufo-Addo de ne nsa ahyԑ ԑtoᴐ mmara nkumaa mmiԑnsa ase ama no abԑyԑ amammara akԑseԑ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
04/18/2023
IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu
Amanyɔsɛm

IMF atwa Ghana sikasԑm mpuntuo nhyehyԑeԑ no so aba 1.6% wᴐ 2023 yi mu

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
04/16/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Queen Elizabeth with Kufour

Ↄhemmaa Elizabeth II ho asɛm, ne mfeɛ ne n’abrabↄ mu nsɛm kakra

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?