• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Nyinsεn mu nsanom de abᴐtᴐfoa a ᴐnnya mmaa wiase no nkwa to asiane mu

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
03/14/2023
wɔ Adesua, Adwenkyerɛ
0 0
0
Nyinsεn mu nsanom de abᴐtᴐfoa a ᴐnnya mmaa wiase no nkwa to asiane mu
0
SHARES
83
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Nyinsεn mu nsanom tumi de awoᴐ mu sintᴐ ne kyemateε a wᴐtwa no tia wᴐ borᴐfo mu sε FASDs brε abᴐfra. Ɛno pa ho a, εbεtumi nso de awoᴐ mu haw te sε ᴐpᴐn, sε abᴐfra no rewu wᴐ ᴐpemfoᴐ no yam, anaa mpatuwoᴐ ba.

Samuel Atuahene Antwi a ᴐyε obi a wakwadare wᴐ aduanedie, nnuanennuro ne nnuane a εboa yεn apᴐmuden ho nsεm mu wᴐ Tema Metropolitan Health Directive de kᴐkᴐbᴐ ama apemfoᴐ sε wᴐnhwε wᴐn ho yie wᴐ nsanom ho wᴐ wᴐn nyinεm no mu. Deε nti a ᴐreka wei ne sε, nsa no bεtumi de abᴐfra a wᴐnnya nwoo no no nkwa ato asiane mu.

Ↄkyerε mu a, mmᴐfra a wᴐn nanom nomm nsa, berε a na wᴐnyem wᴐn no nyaa nsa no mu yareε maa nsa no twaa wᴐn, na wei bεtumi aha abᴐfra no nnipadua no fa bi a εdi akotene yie wᴐ nnipadua mu (a εfa adwene no ne akyi kasεe no), wᴐn nyini, ne wᴐn adwene mu dwumadie ahodoᴐ binom a εbεtumi mpo ama wᴐanya adwene mu haw anaa nipadua no ho kyemateε.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Samuael Antwi kasa faa wei ho wᴐ dwumadie bi a wᴐhyehyεeε a na wᴐato no din “Your Health!Our Concern” a εkyerε sε w’apᴐmuden yε wᴐn akoma so adeε no  ase a na wᴐde rebᴐ apᴐmuden ne εho nsεm bi ho nkᴐmmᴐdie ho dahuro.

Samuel de toaa so sε, sε wᴐwo mmᴐfra a, saa berε no ara mu no, wᴐde mfidie susu wᴐn ho nneεma bi ne wᴐn apᴐmuden gyinaberε (APGAR), na deε εwᴐ mu ne sε, εyε a wᴐn a wᴐnom nsa no mma no deε wᴐ fam koraa. Ↄde kaa ho sε, saa mmᴐfra no bi wᴐ hᴐ a εyε a na nsεnkyerεnne a εkyerε sε wᴐaboro wᴐ wᴐn ho.

Ↄkyerεkyerεε mu sε, mmᴐfra no bi wᴐ hᴐ a wᴐn ho nhyε da nwo papa anaa wᴐnni nnuanennuro wᴐ wᴐn mu, anaa wᴐnni ahoᴐden anaa mpo wᴐn ho nyε fε nyε akᴐnnᴐ nwie, εfiri sε nsa no si wᴐn nipadua no kwan, na εmma nipadua no ntumi ntwe nnuanennuro ne aduane mu ahoᴐden a εsε mfiri nnuane a wᴐnya firi wᴐn nanom hᴐ no mu.

Ↄsane nso bᴐᴐ awofoᴐ a wᴐrema wᴐn mma nufoᴐ nso kᴐkᴐ sε wᴐntwe wᴐn ho mfiri nsanom ho, εfiri sε εnya nsunsuansoᴐ korᴐ no ara wᴐ mmᴐfra so te sε wᴐn a wᴐhyε yafunu mu no ara pεpεεpε, a nsa no bεtumi afa nufosuo no mu akᴐ abᴐfra no mu.

Ↄde afotuo maa abaatan sε wᴐnhwε wᴐn mma aduanedie ne wᴐn ahoᴐden a wᴐnya firi aduane mu yie mfiri berε a wᴐbεnyinsεn no nkᴐsi berε a wᴐbεhyε aseε ama wᴐ nufoᴐ. Wei kyerε sε, εsε sε abaatan no didi yie na wᴐsiesie wᴐn ho wᴐ nnuanennuro ne nnuane mu nnepa fam ma wᴐn mma no. Sε wᴐdi nneεma binom a ahoᴐden nni mu anaa εnyε papa a, εbεkᴐ akᴐwie wᴐn mma no yafunu ne wᴐn mogya mu.

Tags: AbᴐfraNsanomNyinsεnSintᴐ ne kyemateε
Deɛ atwam

Deɛ nti a yɛbɛnyaa edin ‘Ntoma’

Deɛ ɛdi hɔ

Ɔhaw nnum binom a sɛ wodi mako pii a wobɛtumi akɔ mu

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Ɔhaw nnum binom a sɛ wodi mako pii a wobɛtumi akɔ mu

Ɔhaw nnum binom a sɛ wodi mako pii a wobɛtumi akɔ mu

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?