• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adwadie mu nsɛm

Nyɛmmoa nson binom a wobɛtumi ayɛn bi wɔ Ghana anya sika pii afiri mu

Kuayɔ ne sikasɛm ho nsɛm

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
06/10/2023
wɔ Adwadie mu nsɛm
0 0
0
Nyɛmmoa nson binom a wobɛtumi ayɛn bi wɔ Ghana anya sika pii afiri mu

Nnanko binom a wɔgu buom

0
SHARES
154
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Kuayɔ nyɛ nnɔbaeɛ ne nnuane ho nsɛm nko ara. Nyɛmmoa nso yɛ kuayɔ no fa titire pa ara. Ghana ha deɛ, akuafoɔ dodoɔ no dɔ nnɔbaeɛ, nanso yɛwɔ wɔn a wɔyɛn mmoa nso wɔ ɔman yi mu.

Ɛsiane sɛ yɛpɛ sɛ yɛhunu ɔkwan a yɛbɛtumi de yɛn ho ahyɛ kuadwuma mu anya sika bebree afiri mu nti, yɛrebɛhwɛ nyɛmmoa binom a yɛbɛtumi ayɛn wɔn anya sika pii afiri mu wɔ Ghana.

Wopɛ sɛ wofiri aseɛ  yɛn mmoa a, ɛsɛ sɛ wodi kan hunu mmoa a wɔbɛma woanya sika na wohunu sɛdeɛ wobɛtumi ayɛn wɔn yie ama wɔn ase adɔre nso. Nyɛmmoa binom a wɔbɛtumi ama woabɛyɛ ɔdefoɔ wɔ Ghana no binom na ɛdidi soɔ yi:

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

1. Nkokɔ

Yɛreka mmoa a wobɛtumi ayɛn wɔn anya sika pii afiri mu wɔ Ghana ha a, nkokɔ na wɔdi kan. Wobɛtumi ayɛn nkokɔ a wɔbɛto nkosua nko ara, anaa wɔn a wobɛtɔn wɔn anya sika, anaasɛ wobɛtumi ayɛn nkokɔ mmienu no nyinaa berɛ korɔ mu.

Ghana deɛ, nnipa di nkosua pa ara. Wɔn a wɔnoa tɔn no wɔn tiri so, wɔn a wɔde noa nnuane, ne wɔn a wɔkye de tɔn paanoo nyinaa boa ma nkosua ho adwadie tu mpɔn pa ara.

Nkosua no da nkyɛn a, nnipa dodoɔ no ara nso ani gye akokɔnam ho pa ara. Yei nti, akokɔnam ho adwadie no kɔ so berɛ biara. Ɛduru buronya berɛ mpo deɛ a, na akuafoɔ a wɔyɛn nkokɔ no kookoo aso ara ne sa. Wɔtumi tɔn nkokɔ ne nkosua bebree nya sika pii firi mu.

Yei nti, sɛ obi yɛn nkokɔ a, ɔtumi nya so mfasoɔ pa ara. Wopɛ sɛ wofiri aseɛ yɛn nkokɔ yi bi a, wobɛtumi de nkokɔ kakraa bi ahyɛ aseɛ anaasɛ wobɛtumi de bebree nso afiri aseɛ.

2. Nantwie

Nantwie yɛ aboa a ne yɛn nna fam koraa. Ghana ha mpo deɛ, nnipa a wɔbɛhwɛ wɔn so ama wo ne nsase a wɔbɛdidi so nyinaa tumi yɛ asɛm. Nanso sɛ yɛreka a, wiase nyinaa, mmoa a akuafoɔ tumi nya sika firi ne yɛn mu pa ara ne nantwie.

Woyɛn anantwie a, wobɛtumi ayɛ w’adwene sɛ wobɛtɔn meleke, nantwie mma, nwoma anaasɛ nantwie no ankasa. Yɛnim sɛ, ɛnam baako a nnipa ani gye ho yie pa ara ne nantwinam. Ɛno nti na Akanfoɔ bu bɛ bi sɛ, “Sɛ nantwie su na ɛnyɛ dɛ a, ne nam deɛ ɛyɛ dɛ.”

Ɛsiane sɛ nantwie akɔyɛ aboa a ne so wɔ mfasoɔ kɛseɛ pa ara wɔ wiase nyinaa nti, sɛ wotumi yɛn bebree a, wo sika bɛyɛ sɛ aburoo. Nanso, ansa na wobɛfiri aseɛ ayɛn bi no, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛdi kan ahunu deɛ wopɛ sɛ wotɔn ansa na woahunu nantwie pɔtee a wobɛtɔ ayɛn.

3. Nsuomnam

Nsuomnam nso yɛ mmoa a mfasoɔ wɔ so pa ara. Wonya nsase a ɛso yɛ nwunu mpo deɛ a, na woatwa fufuo ama no atɔ nkwan mu. Woanya asase a nsuo wɔ so dada nso a, wobɛtumi ayɛ wo ara wo nsuo a wode bɛyɛn mmoa no.

Ghana ha deɛ, nsuomnam a nkurɔfoɔ taa yɛn wɔn pa ara ne pitire, apatrɛ, saamɔn, ne deɛ ɛkeka ho.

4. Mprako

Mprako nso yɛ mmoa a sika wom pa ara. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, anyɛ yie koraa no, wɔkum mprako bɛyɛ ɔpepem baako wɔ wiase afe biara. Ɛno da nkyɛn a, prakonam yɛ nam a nnipa dodoɔ no ara ani gye ho pa ara.

Ghana ha mpo deɛ, ebinom si no koso, afoforɔ kye de tɔn wɔn nnuane, ɛnna ebinom nso de noa nnuane ahodoɔ. Yei nti, wɔn a wɔyɛn saa mmoa yi no tumi nya sika firi mu pa ara.

5. Nnwan ne mmirekyie

Nnwan ne mmirekyie yɛ mmoa a wobɛtumi ayɛn anya sika pii afiri mu ɛnnɛ. Woyɛn saa mmoa yi bi a, ɛnyɛ den koraa sɛ wobɛhwɛ wɔn ɛfiri sɛ, wɔnyɛ mmoa a wɔtaa yareyare basabasa. Mmom, sɛ wɔbɛtumi ayɛ akɛseɛ ama woatɔn anya sika pii afiri mu a, da biara ɛsɛ sɛ woma wɔn nnuane pa di.

6. Nwa

Nnansa yi, nnipa dodoɔ ara ani abɛgye nwa ho. Animdefoɔ kyerɛ sɛ, sɛ obi di nwa a, ɛbɛtumi aboa ama ne so ate na wanyɛ kɛseɛ ammoro so. Yei nti, ama nnipa pii ani abɛgye nwa ho pa ara.

Wobɛtumi ayɛn nwa a, ɛsɛ sɛ wonya asase a ɛso yɛ nwunu, na nwura kakra nso wɔ hɔ. Nwa deɛ, sɛ woma owia hye wɔn pii a, wɔbɛtumi awuwu anaaseɛ wɔayɛ mmrɛ. Deɛ animdefoɔ ka ne sɛ, sɛ wopɛ sɛ wofiri aseɛ yɛn nwa a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛpɛ akɛseɛ no bi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi ato nkosua bebree ama wo.

7. Nnanko

Kuadwuma baako a onipa yɛ ma n’ani gye na ɔsan nya sika firi mu pa ara ne, nnanko yɛn. Okuani bɛtumi ayɛn nnanko sɛ nyɛmmoa a ɔne wɔn bɛtena fie anaasɛ ɛnam a ɔbɛtɔn anya sika. Ɛsiane sɛ nnanko yɛ mmoa a wɔnhyɛ da nso ahe biara nti, ɛnhia sɛ wobɛnya asase kɛseɛ biara ansa na woatumi ayɛn bi.

Nnako yɛ mmoa a wɔn ase dɔre ntɛm pa ara. Wɔkyerɛ sɛ, adankobedeɛ baako bɛtumi awo nna aduasa biara. Wɔrewo nso a, wɔtumi wo mma 2 kɔsi 8. Yei nti, sɛ wotumi yɛn bi a, ɛnni gyina na woafiri aseɛ redi sika.

Nnanko deɛ, wobɛtumi ayɛn wɔn wɔ wo fie mu, w’afuom, ebuom, anaasɛ asase kumaa bi so ama no ayɛ yie.

Tɔfabɔ

Nyɛmmoa yɛ kuadwuma a ɛbɛtumi aboa wo ama wo sikasɛm atu mpɔn yie pa ara. Ne saa nti, sɛ wonni ahoɔden a wode bɛdɔ nsase adua nnɔbaeɛ a, wobɛtumi ahwehwɛ nyɛmmoa a yɛaka wɔn ho nsɛm yinom bi na wode afiri w’adwuma ase.

Tags: abɛɛfo kuayɔakuafoɔkuadwumanyɛmmoa
Deɛ atwam

Nnɔbaeɛ binom a sika wom pa ara a wobɛtumi adua bi wɔ Ghana

Deɛ ɛdi hɔ

Awodeԑ ano kokoram, ԑho nsԑm binom, deԑ ԑde ba no nsԑnkyerԑnne a ԑne no nam

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nnɔbaeɛ binom a sika wom pa ara a wobɛtumi adua bi wɔ Ghana
Adwadie mu nsɛm

Nnɔbaeɛ binom a sika wom pa ara a wobɛtumi adua bi wɔ Ghana

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
06/09/2023
Kuadwuma bɛtumi ama mmabunu adi yie
Adwadie mu nsɛm

Kuadwuma bɛtumi ama mmabunu adi yie

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
06/07/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Yɛwɔ sika kɔkɔɔ pii a yɛbɛtumi de asesa agye fangoo-Ↄsoafoɔ Abɛdiakyire a ɔhwɛ Ahoɔdensɛm soɔ
Adwadie mu nsɛm

Yɛwɔ sika kɔkɔɔ pii a yɛbɛtumi de asesa agye fangoo-Ↄsoafoɔ Abɛdiakyire a ɔhwɛ Ahoɔdensɛm soɔ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
11/28/2022
Wɔn a wɔkra nneɛma firi amanɔne ne wɔn a wɔde nneɛma mane kɔ amanɔne kuo no akasa
Adwadie mu nsɛm

Wɔn a wɔkra nneɛma firi amanɔne ne wɔn a wɔde nneɛma mane kɔ amanɔne kuo no akasa

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
11/22/2022
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Awodeԑ ano kokoram, ԑho nsԑm binom, deԑ ԑde ba no nsԑnkyerԑnne a ԑne no nam

Awodeԑ ano kokoram, ԑho nsԑm binom, deԑ ԑde ba no nsԑnkyerԑnne a ԑne no nam

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?