• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Nufoɔ mu kokoram ho dawubɔ no abakɔsɛm kakra..

Priscilla Akosua Konama Tawiah Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
10/12/2022
wɔ Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
0 0
0
Nufoɔ mu kokoram ho dawubɔ no abakɔsɛm kakra..
0
SHARES
150
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Mpanimfoɔ se, “Nwisie biara nni hɔ a ogya nhyɛ aseɛ.” Wobɛbisa sɛ adɛn koraa ne ɛbɛ yi? Moahunu no mo tɛlɛvihyɛn anaa foone so sɛ ayaresabea ahodoɔ ne apɔmuden nnwumakuo ahodoɔ rebɔ dawuro pii fa nufoɔ mu kokoram ho? Megye di sɛ wonhunui nso a, woate no wɔ wo radio bi so, anaa mpo wɔ yɔnko bi aka ho asɛm ama woate nnansa yi. Wosusu sɛ ɛdeɛn nti na obiara rebɔ nufoɔ mu kokoram ho dawuro berɛ korɔ yi ara mu yi? Ma yɛnhwɛ ɛ!

Ahinime bosome yɛ berɛ a wiase nyinaa atu asi hɔ de bɔ nufoɔ mu kokoram ho dawuro. Saa berɛ yi na wɔtwe afoforɔ adwene si hia a ɛhia sɛ wɔkɔhwehwɛ wɔn nufo mu so, na wɔbɔ fotoɔ a wɔde bɛyɛ saa yadeɛ yi mu nhwehwɛmu yie apɛ ho nnuro ahodoɔ, sane de kyekyere wɔn a yadeɛ yi bi asɔ wɔn ntoma mu no werɛ.

AHINIME NUFOƆ MU KOKORAM HO DAWUBƆ NO ABAKƆSƐM KAKRA

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Kane no, na wɔntaa nka nufoɔ mu kokoram ho asɛm koraa. Na mmaa a yadeɛ yi bi akyere wɔn no hunu no sɛ agu wɔn mmaayɛ no ho fi, ɛno nti na ɛyɛ animguaseɛ ma wɔn mpo sɛ wɔbɛsusu ho. Wei toaa so ara kɔsii afe 1978, berɛ a Ɔmampanin dada Gerald Ford a na ɔdi USA man so no hokani, Betty Ford nso nyaa nufoɔ mu kokoram, nanso wamfa anhunta.

Wɔtwaa ne nufo no wɔ afe 1978 berɛ a na ne kunu Gerald yɛ ɔmampanin no ara mu. Yei maa ɛyɛɛ ɔman mma no awerɛhoɔ, wɔhunuu no sɛ ɔkokoɔdurufoɔ, na wɔbɔɔ no aba so sɛ wamfa anhunta na wadi nokorɛ.

Ahinime nufoɔ mu kokoram ho dawubɔ no firii aseɛ wɔ afe 1985 mu, berɛ a Amerika kuo a ɛhwɛ kokoram yadeɛ so ne nnwuma ahodoɔ a ɛyeyɛ nnuro kaa wɔn ho bɔɔ mu sɛ wɔbɛyɛ adwuma abom. Betty Ford dii yei mu akotene ɛnam sɛ na wahwɛ ne ho yadeɛ wɔ nufoɔ mu kokoram ho pɛn nti. Na ɔtwee adwene sii so yie. Na wɔn botaeɛ titire ne sɛ wɔbɛhyɛ mmaa nkuran ama wɔataa de mamogram afidie no akɔhwehwɛ wɔn nufo mu ɛsiane sɛ, na wɔgye di sɛ ɛno ne kwan a wɔnam so bɛtumi asi ano ntɛm koraa, nanso seesei deɛ wɔde ɛho ayaresa, emu nhwehwɛmu no fotoɔ a wɔde bɛsɔ asene abɛka ho.

Ahyɛnsodeɛ kɔkɔɔ no.

Ɛduru Ahinime bosome wɔ afe biara mu a yɛhunu saa ahyɛnsodeɛ kɔkɔɔ yi sɛ ɛredi nhim wɔ mmeaeɛ ahodoɔ, nanso nnipa kakra bi na ɛnim ho abakɔsɛm ne deɛ ɛgyina hɔ ma.

Mfeɛ aduonu nkron a atwam, afe 1992 mu na Evelyn Lauder, awuraa bi a nufoɔ mu kokoram yɛɛ no pɛn, ne ne yɔnko  Dr. Larry Norton twetwee nkɔmmɔ faa ɔkwan a wɔbɛtumi afa so asesa nufoɔ mu kokoram abakɔsɛm. Wɔn nkɔmmɔtwetweɛ mu no, wɔhunuu sɛ nhwehwɛmu a fotoɔ bi sɔ n’asene, na ɛwɔ ntotoeɛ pa no nko ara ne adeɛ a wɔbɛtumi de ako atia nufoɔ mu kokoram. Yei nti Evelyn ne ne hokani, Leonard Lauder tee kuo bi a ɛyɛ nufoɔ mu kokoram ho nhwehwɛmu, “Breast Cancer Research Foundation, (BCRF).” Na wɔsusu sɛ sikasɛm nko ara ne adeɛ a ɛyɛ akwansideɛ wɔ nufoɔ mu kokoram ne ɛho ayaresa ntam.

Evelyn Lauder a ahyɛnsodeɛ kɔkɔɔ no nam ne so baeɛ no.
Evelyn Lauder

Afe 1989 mu no, Evelyn Lauder ne Alexandra Penny a na ɔyɛ samufoɔ, deɛ broni bɛka sɛ “editor” wɔ SELF magazine saa berɛ no pɛɛ ahyɛnsodeɛ kɔkɔɔ yi de gyinaa hɔ maa nufoɔ mu kokoram ho dawubɔ, na wɔpaa saa dawubɔ yi ho ntoma wɔ n’ase, Estee Lauder nnwumakuo mu. Wei maa nnipa dodoɔ no ara hunuu hia a ɛhia sɛ wɔma wɔn adwene kɔ nufoɔ apɔmuden so, na wiase nyinaa de ne ho hyɛɛ saa dawubɔ yi mu bi. Seesei, nnipa dodoɔ no ara hunu ahyɛnsodeɛ kɔkɔɔ yi a, wɔhunu ɔdɔ, ahoɔden ne nkabom.

Afe 2011 mu na Evelyn Lauder hweree ne nkwa. Ɔdii nkyene 75 wɔ asase yi so.

Maame bi a nufoɔ mu kokoram ama wahwere ne nufo mmienu no nyinaa.

Me nuanom mmaa ne me maamenom, mosusu sɛ saa atitire yi brɛ ne dawubɔ  yi yɛ kwa anaa? Dabida. Sɛbe, momma yɛn ani nkɔ yɛn nufo ho, na yɛntaa nkɔhwehwɛ mu wɔ ayaresabea. Yɛma yɛn nan yɛ ntiantia wɔ ayaresabea wɔ ho a, adɔkotafoɔ bɛhunu kyemateɛ biara a ɛwɔ mu no ntɛm, na wɔatumi aboa yɛn ama yɛasɔ ano ntɛm.

Afei, onua a nufoɔ mu kokoram aha wo na ɛno nti woahwere wo nufo no, mma wo werɛ nho. Yɛpɛ sɛ yɛfa dawubɔ bosome yi so hyɛ wo nkuran. Nkwa wɔ hɔ yi deɛ, wowɔ adeɛ nyinaa. Berɛ biara a w’aba mu bɛbu no, kae USA manpanin dada Gerald yere Betty Ford, na kae akokoɔduro a ɔnyaeɛ. Kae Evelyn Lauder, na kae sɛ ne tebea no mu mpo ɔtumi yɛɛ nnoɔma akɛseɛ, ama wiase nyinaa bɔ ne din nnɛ.

Momma yɛnka mmom na yɛntu nufoɔ mu kokoram ase koraa. Kae wo nua ma ɔnkɔyɛ ne deɛ mu nhwehwɛmu, na ɛto wo yɔnko a, ato wo nso bi.

Mmeaeɛ ahodoɔ a menyaa mmoa

https://breastcancernow.org/about-us/news-personal-stories/history-pink-ribbon

https://countway.harvard.edu/news/breast-cancer-awareness-month

Tags: AhinimeapomudenBetty FordEvelyn LauderKokoramMammogram
Deɛ atwam

FDA rebↄ kↄkↄ wↄ ɛnam, sↄsegyi bi a asɛesɛe ho

Deɛ ɛdi hɔ

Apolisifoↄ akyere nnipa baasa bi a wↄsusu sɛ wↄn ho bↄn Dompim ahensɛm mu ntↄkwasɛm ne basabasayɛ no mu

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Priscilla Akosua Konama Tawiah

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so
Adesua

Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/26/2023
Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.
Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase

Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
07/25/2023
Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no
Adesua

Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/28/2023
Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so
Adesua

Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
06/22/2023
Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi
Adesua

Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
05/24/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Apolisifoↄ akyere nnipa baasa bi a wↄsusu sɛ wↄn ho bↄn Dompim ahensɛm mu ntↄkwasɛm ne basabasayɛ no mu

Apolisifoↄ akyere nnipa baasa bi a wↄsusu sɛ wↄn ho bↄn Dompim ahensɛm mu ntↄkwasɛm ne basabasayɛ no mu

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?