• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Nsutɔ berɛm kaaka ho akwankyerɛ

Ahobammɔ

Joseph Aboagye Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
03/21/2023
wɔ Adesua
0 0
0
Nsutɔ berɛm kaaka ho akwankyerɛ
0
SHARES
98
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Ɛduru nsɔtɔ berɛm a, ɛsiane sɛdeɛ ewiem tebea tumi yɛ nti, ɛho hia pa ara sɛ yɛyɛ ahwɛyie berɛ biara. Nsuframa tumi sisi, ayerɛmoo tete ma agradaa dwidwa. Ɛtɔ da a, mframa gyampanturudu tumi tutu nnua ase, sane bubu adan. Baabi mpo deɛ, agradaa no tumi te si nnua ne nneɛma afoforɔ mu ma no hye.

Ɛsiane akwanhyia ahodoɔ yinom a ɛtumi sisi nsutɔ berɛm nti, mfasoɔ wɔ so pa ara sɛ yɛhunu akwan binom a yɛbɛtumi afa so abɔ yɛn ho ban wɔ saa berɛ no mu. Yei nti, adesua yi mu no, yɛrebɛhwɛ nneɛma nson binom  a yɛbɛtumi ayɛ de abɔ yɛn ho ban afiri asiane ahodoɔ ho berɛ a yɛreka kaa wɔ nsutɔ berɛm.

1. Berɛ biara a woretwi kaa na nsuo retɔ no, ɛsɛ sɛ wosɔ kaa no kanea si so berɛ a wonam kwan so no. Yei bɛboa ama nnipa afoforɔ a wɔnam kwan no so te sɛ adrɔbafoɔ ne wɔn a wɔnam fam nyinaa ahunu wo kaa no ntɛm, na atumi abɔ wo ne wɔn nyinaa ho ban afiri akwanhyia ho. Afei nso, sɛ wosɔ wo kaa kanea berɛ a nsuo retɔ a, ɛtumi boa wo ma wohunu kwan mu yie ɛfiri sɛ, nsuo retɔ a ɛkwan mu taa yɛ wisiwisi.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

2. Ansa na wobɛtu kaa wɔ nsutɔ berɛm no, ɛsɛ sɛ wohwɛ hunu sɛ adeɛ a ɛbɔ wo kaa no anim a ɛpopa nsuo ma wotumi hunu kwan mu yie no reyɛ adwuma sɛdeɛ ɛsɛ.

3. Ɛsɛ sɛ wotɔ kɔba a ɛnam wɔ ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ nsuo tɔ ma ɛkwan mu yɛ toro a, ɛrempa wo kaa no mfiri wo kwan mu mma no nkɔfa akwanhyia biara mma. Bio nso, hwɛ hunu sɛ wo breeki reyɛ adwuma sɛdeɛ ɛsɛ.

4. Woretwi kaa berɛ a nsuo retɔ a, ɛsɛ sɛ wote w’ammirika so. Yei bɛboa na sɛ asiane bi si prɛko pɛ a, woatumi atwitwa agye wo ho ne afoforɔ. Yei kyerɛ sɛ, nsutɔ berɛm deɛ, mmirika ntɛntɛ ho nhia koraa.

5. Nsuo a agugu kwan no so no pa wo kaa no ma kaa no ani firi aseɛ toto wo a, ɛnsɛ sɛ woma wo ho pere wo, wo yam hyehye wo anaasɛ wobɔ breeki prɛkopɛ. Mmom, ɛsɛ sɛ woto wo bo ase na wotenetene kaa no ara kɔpem sɛ mmirika no ano bɛdwodwo ama woanya baabi papa agyina.

6. Berɛ biara, ansa na wobɛtu wo kaa afiri fie no, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden hunu sɛ kaa no ho baabiara te apɔ. Woanhwehwɛ kaa no ho saa na sɛ ɛho baabi atɔ kyima a, ɛbɛtumi akɔgyae wo asi akwantimfi ama w’ani atutu agu wo nsam. Ɛkɔyɛ baabi a nnipa mmɛn hɔ nso a, ɛbɛtumi ama nnipabɔnefoɔ binom mpo abɛto ahyɛ wo so adi wo awu a obiara nte ho asɛm.

7. Ɛnsɛ sɛ wotwi kaa fa baabi a nsuo ayiri afa hɔ ama wonhunu fam. Wote kaa mu na nsuo ayiri afa baabi a ɛnyɛ papa sɛ wode kaa no bɛfa nsuo no mu ɛfiri sɛ, ɛbɛyɛ den pa ara sɛ wobɛtumi ahunu nsuo mu tenten ne ano den. Nanso, sɛ ɛsɛ sɛ wofa nsuo no mu ansa na woatumi akɔ nso a, nneɛ, yɛ ahwɛyie pa ara na kɔ nkakrankakra. Mmom, sɛ wote si nsuo no mu na wohunu sɛ nsuo no deda kaa no pono so ase a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛtu wo ho fo atwɛn ama nsuo no atwe kakra ansa na woafa mu akɔ.

Tɔfabɔ

Wobɛtumi abɔ wo ho ban berɛ a woretwi kaa wɔ nsutɔ berɛm a, ɛho hia pa ara sɛ wode akwankyerɛ yinom yɛ adwuma na woyɛ ahwɛyie nso. Ɛyɛ papa sɛ worennuru fie ntɛm sene sɛ worennuru fie koraa. Wo nkwa ho hia nti, ma w’ani nna hɔ.

Tags: ahobammɔakwanhyia ho akwankyerɛkaakansutɔ berɛm kaaka
Deɛ atwam

Adanseε ahodoɔ a εtwa sε yεbɔ ho ban wɔ monaatoɔ akyi.

Deɛ ɛdi hɔ

Nnuane nnan binom a εde ayamtim ba pa ara

Joseph Aboagye

Joseph Aboagye

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nnuane nnan binom a εde ayamtim ba pa ara

Nnuane nnan binom a εde ayamtim ba pa ara

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?