• Twi
  • Fante
10:03:26
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Nsunsuanso bᴐne a anyinam nkanea mu twitwa ne n’adunnum adunnum (dumsᴐ) nya wᴐ awoᴐ, apᴐmuden, ne adwumayԑ so

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
05/23/2023
wɔ Adesua, Adwenkyerɛ
0 0
0
Nsunsuanso bᴐne a anyinam nkanea mu twitwa ne n’adunnum adunnum (dumsᴐ) nya wᴐ awoᴐ, apᴐmuden, ne adwumayԑ so
0
SHARES
188
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Anyinam nkanea mu twitwa ne dumsᴐ yԑ adeԑ a ԑha adwene yie pa ara. Ne kᴐfabaeԑ no gyina yԑn temammufoᴐ, aban ne Kanea adwumakuo no so. Sԑ nkanea taa dunnum a, ԑde adwuma sԑeԑ ba. Nnwuma pii na ԑde anyinam nkanea yԑ adwuma, ne saa nti ԑyԑ ԑntumi mma nnwumakuo ahodoᴐ no nyԑ nneԑma a ԑsԑ sԑ wᴐyԑ, ԑno akyi no, ԑtumi ma mfidie ne nneԑma sԑe sԑe, na ԑmma adwumakuo no ntumi nyԑ adetᴐfoᴐ anaa wᴐn a wᴐhwhwԑ wᴐn hᴐ mmoa no akoma so adeԑ mma wᴐn. Wei ma wᴐhwere sika ne adetᴐfoᴐ  pii. Wᴐn a wᴐtontᴐn ԑnam na wᴐ de firiigyi di dwuma no nso tumi bᴐ ka susoo.

Sԑ yԑte si afie mu nso a, ԑsiane sԑ ᴐhyew wᴐ wiase yie nnԑ mmerԑ mu nti, ԑma nna yԑ ya, na onipa ntumi nnye n’ahome, ԑno akyi, ԑsԑe amanfoᴐ nnuane sԑe, na ԑsiane sԑ yԑwᴐ abԑԑfo mmerԑ soᴐ na biribiara yԑ nkanea ne intanԑԑte nti, ԑmma nneԑma nkᴐ sԑdeԑ ԑsԑ sԑ ԑkᴐ. Ԑsiane ᴐhyew nti, nnipa pii firi wᴐn adan mu bԑdeda mmᴐntene, na wei ma akorᴐmfoᴐ kwan ma wᴐ tete sisi adan mu wia amanfoᴐ.

Deԑ ԑho yԑ ahomete yie yԑ ayarehwԑ mu adwuma ne awoᴐ mu nsԑm. Adeԑ baako a ԑhia wᴐ abrabᴐ mu ne sԑ, sԑ nkanea dunnum a, ԑde nnipa bebree nkwa to asiane mu. Nnipa a wᴐwᴐ nyarewa binom a wᴐhia mframa, afidie a ԑde nkanea ԑyԑ adwuma ne wᴐn a wᴐntumi nnyԑ biribiara, agye wᴐ de mfidie a ԑde nkanea yԑ adwuma na ԑyԑ no ho kyere wᴐn yie, na wᴐn nkwa kᴐtᴐ asianeԑ mu. Ne papa mu ampa a, anka ԑsԑ sԑ ayaresabea no nya mfidie foforᴐ a ԑbԑtumi ama wᴐn nkanea ama wᴐde adi wᴐn dwuma, nanso me ne wonim sԑ, sԑ ԑba Ghana a, ԑnyԑ ayaresabea no nyinaa na ԑbԑtumi atᴐ anaa anya saa mfidie no bi. Wei yԑ adeԑ a ԑha adwene yie.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Deԑ ԑtwa nsono mu koraa ne awoᴐ mu nsԑnsԑm. Awogyeԑ yԑ adeԑ a ԑhia hann anaa nkanea sԑdeԑ ԑbԑyԑ a wᴐbԑhunu deԑ ԑrekᴐ soᴐ no yie. Nhwehwԑmu kyerԑ sԑ mmerԑ bi a atwan wᴐ afe 2015 mu no, na anԑԑsefoᴐ a wᴐgye awoᴐ de wᴐn mobaa foonu mu nkanea anaa tᴐᴐkye na ԑgye awoᴐ wᴐ Kaneshie Nkran. Wei nyinaa si sԑ ayaresabea no nni sika a wᴐde bԑpԑ mfidie a ԑbԑboa wᴐn awogyeԑ mu a.

Sԑ yԑba no nkanea a wᴐtwitwa mu ԑsiane ԑka a ԑwᴐ nkanea afidie no so no mu a, ԑyԑ adeԑ a nkanea adwumakuo no abᴐ wᴐn ho mmᴐden yie nnansa yi. Sԑ obi de kanea ne reyԑ adwuma gye sika na ᴐtua aban no ka a ԑyԑ asisie. Nnipa binom nso fa kwatikwan so de nkanea no di wᴐn dwuma wᴐ berԑ a nkanea adwumayԑkuo no nhunu ho hwee. Yԑrehwehwԑ sԑ wᴐbԑkᴐ so ara afeefee mu ahunu wᴐn to de wᴐn afa mmara kwan so. Wei nyinaa akyiri no, yԑresrԑ nkanea adwumakuo no sԑ sԑ ԑba no adwumakuo bi te sԑ ayareabea a, ԑsԑ sԑ wᴐnya ahummᴐborᴐ krakra ma wᴐn ԑsiane nnipa a wᴐn nkwa da nkanea soᴐ no nti, na wᴐde mpanimfoᴐ no fa mmara kwan so. Ԑnkyԑreeԑ biara na nsԑm bi bԑtᴐᴐ dwa sԑ ԑsiane sԑ wᴐtwaa ayaresabea bi a ԑwᴐ Damongo a wᴐfrԑ no St. Anne nkanea mu nti, mmᴐtᴐfoa mmienu bi a wᴐawo wᴐn amono ahwere wᴐn nkwa, ԑsiane sԑ wᴐanya nkanea antumi anhwehwԑ mogya mu amfa mogya a ԑne wᴐn deԑ kᴐ amma wᴐn nti. Wᴐkyerԑ sԑ wᴐatwe awogyeԑ nso asensԑn, ԑsiane nkanea awᴐatwa mu no nti. Wᴐkyerԑ sԑ mprԑnu nie a wᴐtwa wᴐn nkanea mu no na ama wᴐhwere mmᴐfra mmienu no, na baabi a koro nso da no nyԑ koraa.

Nhwehwԑmu kyerԑ sԑ kᴐkᴐbᴐ aba ayaresabea yi nkyԑn mpԑn bii, nanso ԑka no da so wᴐ hᴐ. Ԑsԑ sԑ ayaresabea no mpanimfoᴐ no nso hunu sԑ nnipa nkwa hyԑ wᴐn nsam, na anammᴐn biara a ԑsԑ sԑ wᴐtu fa wei ho no, wᴐayԑ no ntԑm. Sԑ wei yԑ aban no asԑdeԑ nso a, yԑbԑsrԑ sԑ ᴐbԑba mu. Saa mmᴐfra yi wuo no fa kԑseԑ no gyina ayaresabea no so, ԑsiane sԑ wᴐnim sԑ wᴐde amanfoᴐ nkwa reto kyakya, na wᴐnim deԑ ԑsԑ sԑ wᴐyԑ. Yԑmmmᴐ wᴐn soboᴐ pii, yԑbԑsrԑ obiara anaa adwumakuo biara a wᴐboa a ԑyԑ yie sԑ wᴐmmoa anim anim yi ara.

Tags: AdwumayɛAnyinam nkanea mu twitwaApᴐmudenAwoᴐdumsᴐ
Deɛ atwam

Kradin a ԑfiri Yawoada (Yaa ne Yaw) de kᴐsi Memeneda (Ama ne Kwame), wᴐn su ne wᴐn ho nsԑm

Deɛ ɛdi hɔ

Nneɛma ahodoɔ a ɛtumi sɛe awadeɛ anaa mpenatweɛ

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?
Adesua

Mmarima mmerεyε wɔ mpa mu – Nsεnkyerεnneε bεn na εda adi wɔ ho?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nneɛma ahodoɔ a ɛtumi sɛe awadeɛ anaa mpenatweɛ

Nneɛma ahodoɔ a ɛtumi sɛe awadeɛ anaa mpenatweɛ

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?