• Twi
  • Fante
20:05:25
Akan kaseɛbɔ
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ͻbotan a εte sε abibiman asase ho mfoni no – Bunkpurugu kuro so

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Ghanani aberanteε bi, Israel Acheampong de afidie so dwumadie foforɔ bi a yεfrε no “Stayplain App” aba abɔntene.

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Mfasoɔ a ɛwɔ berɛ nhyehyɛeɛ so ne ɔhaw a obi tumi nya berɛ a wamfa anni dwuma no

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Tumi a nnwom tumi nya wɔ yɛn atenka ne yɛn nsusuiɛ so

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Amantam ahodoɔ a wɔdi ohia pa ara wɔ Ghana- sɛdeɛ nhwehwɛmu ada no adi

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Nsunsuansoɔ pa a nnwom wɔ no wɔ yɛn apɔmuden so.

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    Ↄhaw a aninntᴐnnwi ntoasoᴐ de ba aniwa no so

    W’apɔmuden ho hia wo?

    W’apɔmuden ho hia wo?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

    Wobɛyɛ dɛn ahunu sɛ obi reyɛ anya adwenemuhaw?

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua
No Result
View All Result

Mfiase Adesua

Nsakraeɛ a aba nsɛnkyerɛnne a ɛkasa mu, deɛ abɛkeka ho ne ne sintɔ

Missaah Belinda Tuffour Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
12/19/2022
wɔ Adesua, Amammerɛ
0 0
0
Nsakraeɛ a aba nsɛnkyerɛnne a ɛkasa mu, deɛ abɛkeka ho ne ne sintɔ
0
SHARES
130
Nnipa a wɔahunu
Fa kɔto FacebookFa kɔto Twitter

Nsɛnkyerɛnne a ɛkasa a anka yɛde di dwuma kane no nhyɛ da nni hɔ bio nanso ɛnkyerɛ sɛ wɔmfa nni dwuma koraa bio. Yɛreka wei ɛsiane sɛ nsɛnkyerɛnne no bi reyɛ ayera ara ne sa ɛfiri sɛ, adeɛ rekye a adeɛ resa nyinaa na nneɛma foforɔ nso reyiyi wɔn ho adi. Nsakraeɛ a aba nsɛnkyerɛnne a ɛkasa ahodoɔ bi mu na ɛdidi soɔ no:

  1. ƐHYEƐTOƆ

Ɛwom sɛ ntɔmmɛ, abrɔbɛ ne deɛ ɛkeka ho a wɔde to hyeɛ wɔ mfuom no da so gyina brane nanso ebi abɛkeka ho. Nneɛma ahodoɔ a na yɛde to hyeɛ no mu asesa kakra afiri kane deɛ no ho.

Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ Adwadie nkratoɔ
Adwadie nkratoɔ

Ɛnnɛ yi, sɛ obi tɔ asase na ɔpɛ sɛ ɔto hyɛe a, ɔtumi de nkantankantan di saa dwuma yi de kyerɛ ɔmanfoɔ sɛ beaeɛ hɔ yɛ ne dea. Bio, ɔtumi de pono bi a wɔatwerɛ nsɛm a ɔpɛ sɛ ɔde to dwa no agu so si asase no so de kyerɛ sɛ beaeɛ hɔ yɛ ne dea. Ɔbɛtumi nso ato fasuo atwa n’asase no ho ahyia. Weinom akyi no wɔtumi de sɛmɛnte yɛ pila de sisi asase no ahyeɛ so.

  1. MERƐKƐSONO

Ɛnnɛ yi, sɛ obi sum fidie bi anaa ɔde biribi a ɛbɛtumi adi onipa awu si beaeɛ bi a, wɔmfa merɛkɛnsono nsi hɔ bio na mmom wɔtumi de koogyan kyekyere dua bi ho de si hɔ de kyerɛ sɛ biribi wɔ hɔ nti mma obiara nkɔ hɔ. Bio, wɔtumi de ahyɛnsodeɛ bi si hɔ de bɔ amanfoɔ kɔkɔ sɛdeɛ ɛnha obiara. Kwan korɔ no ara som no, sɛ amena kɛseɛ bi da baabi a, wɔtumi de deɛ yɛabobɔ so wɔ soro hɔ yi di dwuma ma nnipa twe wɔn ho firi beaeɛ hɔ.

  1. BƆƆLA A WƆDE TO PAMPIN WƆ KUROTIA

Ɛnnɛ yi, ɛnam abɔdeɛ mu nyansapɛ mu nkankɔ nti, kuro bi mu nsaeyareɛ no sa no mfa tete gyidie no so bio, na mmom wɔnam abɛɛfo ayaresa mu nimdeɛ te sɛ abota so sa saa nyarewa yi. Bio, nnɛ yi, apemfoɔ wuo wɔ awoeɛ no nkɔ so te sɛ kane no. Adɔkotafoɔ nimdeɛ a wɔanya wɔ awogyeɛ mu no ma mmaa dodoɔ no ara wo fa wɔn ho fa wɔn mma wɔ apirehyɛn kwan so.

  1. NTADEƐ A WƆDE HYEHYƐ NNUA HO MA NO SƐ ONIPA DE SI AFUO BI MU

Seesei, wɔn a wɔdɔ mfuo no de nkatasoɔ bi te sɛ nɛɛte kata wɔn mfuo so sɛdeɛ ɛbɛyɛ na nnomaa ntumi mmɛdi. Wɔde nɛɛte korɔ yi ara gye wɔn mfuo no ho de si mmoa bi te sɛ nwansane ne nkranteɛ kwan sɛdeɛ ɛmma wɔntumi mma afuo no mu mmɛsɛe mfudeɛ no. Afei ebinom bɔ akuraa wɔ mfuo no mu ma nnipa kɔwɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a akorɔmfoɔ nwia nneɛma no.

  1. NKAMFOƆ A WƆDE TUA DUA SINI BI SO SISI AFUO BI ANO

Ɛnam Kristosom nti, nsakraeɛ aba saa nneyɛeɛ yi mu. Akuafoɔ binom kɔ asɔfoɔ anaa adiyifoɔ nkyɛn kɔgye nhyira nsuo ne ngosra bɛpetepete wɔn mfudeɛ so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ wɔkamfo no mmorosoɔ koraa a, mfudeɛ no bɛso aba pa.

  1. AHAHANGUO

Ɛnam nnɛɛmasɛm ne abɛɛfosɛm nti, saa nsɛnkyerɛnne wei atɔ nsuo mu koraa. Ɛnnɛ yi, obi tumi frɛ ne yɔnko a ɔne no rebɛkɔ baabi sɛ ɔpɛ sɛ ɔdi kan anaa wadi kan dada. Sɛ obi ne ne yɔnko kɔ afuom na ɔredi kan a, ɔtumi frɛ no wɔ foonu so ma no hunu sɛ wadi kan. Mmom, wɔde ahahanguo di dwuma wɔ ɔfa foforɔ bi: sɛ lɔre bi sɛe si akwantimfi a, dorɔbani no tumi gu ahahan de yi afoforɔ asotire. Ɛno mpo nsakraeɛ aba mu, ɛfiri sɛ wɔtumi de afidie bi si hɔ de di saa dwuma no.

  1. NSADWAASE

Kane no, na nsatɔnfoɔ anaa abɛtwafoɔ de nsa gu korafa anaa toa mu si beaeɛ bi de kyerɛ ɔmanfoɔ sɛ wɔtɔn nsa wɔ hɔ, nanso ɛnnɛ yi wɔtumi de biribi a yɛatwerɛ so si baabi a ɛbɛn beaeɛ a wɔyɛ adwuma no de kyerɛ sɛ nsa wɔ hɔ anaasɛ ɛbi nni hɔ. Afei wɔtumi kɔyɛ nkaebɔ wɔ radio ne dawubɔbea ahodoɔ so de bɔ wɔn adwuma no ho dawuro.

  1. ADURADEƐ (NTOMA) MU

Tete no, ansa na obi bɛfira ntoma tuntum anaa ntoma kɔkɔɔ no, gye sɛ nipa no wɔ awerɛhoɔ mu anaa n’ani abere, nanso ɛnnɛ yi biribiara asesa. Nnipa dodoɔ no ara tumi hyehyɛ ntadeɛ anaa firafira ntoma akɔkɔɔ ne atuntum wɔ berɛ a wɔn ani mmereeɛ anaa awerɛhoɔ biara nkaa wɔn, na wɔn ani na ɛgye ho. Wɔde siesie wɔn ho kɛkɛ. Afei sɛdeɛ na wɔde ntoma binom bu nnipa binom bɛ no so ate, obi de ntoma no fɛ na ɛfira, na mmom ɛnyɛ ne din. Wobɛbisa no no mpo na ɔnnim edin a ɛda ntoma no so.

Deɛ abɛka ho bio ne sɛ, ɛsiane abɛɛfosɛm korɔ yi ara ne akwantempɔn ahodoɔ a aba nti wɔde nsɛkyerɛnne sisi akwan ne akwantempɔn ahodoɔ so de kasa kyerɛ ahyɛnkafoɔ, ahyɛntuafoɔ ne wɔn a wɔfa kwan no so no. Sɛ obiara a ɔde kwan no di dwuma hunu saa nsɛnkyerɛnne yinom a, ɔte deɛ ɛreka ase wɔ berɛ a obiara nkyerɛkyerɛ mu.

Nsɛnkyerɛnne a ɛkasa ho mfasoɔ atitire wɔ Akanman mu ne sɛ; wɔde bɔ kɔkɔ, ɛboa ma wɔn a wɔntumi nkasa no te nkitahodie bi ase wɔ berɛ a wɔmmerɛ, ɛda Akanfoɔ amammerɛ adi, wɔde twa asɛm bi so tia, ɛbɔ nnipa ho ban, ɛnna ɛsi ntɔkwasɛm ne mansotwe kwan. Yɛtumi nso de ka asɛm sie ɔnanani. Pii ka weinom ho.

Sɛdeɛ biribiara wɔ ne sintɔ no, saa ara nso na nsɛnkyerɛnne a ɛkasa teɛ. Sintɔ a ɛdidi soɔ yi ne pii a ɛkeka ho na ɛwɔ nsɛnkyerɛnne a ɛkasa ho; Sɛ obi nni nimdeɛ wɔ nsɛnkyerɛnne yinom ho a, asɛm tumi to no. Yɛntumi mfa nni nkɔmmɔ nkyerɛkyerɛ nsɛm mu te sɛ deɛ ano kasa bɛyɛ no, ɛnna Sɛ obi nte saa nsɛnkyerɛnne yi ase a ɛnkasa nkyerɛ no. Afei obi tumi fa nsɛnkyerɛnne yi bi so di obi atɛm wɔ berɛ a anka ɔntumi mfa n’ano nka. Deɛ ɛka ho ne sɛ, sɛ obi de nsɛnkyerɛnne yi bi di dwuma na sɛ biribi nti nsɛnkyerɛnne no firi hɔ a, nkɔmmɔdie no nwie pɛyɛ.

MMOA NWOMA

Adusi-Poku, Y. (1979). Nsɛnkyerɛnne a Ɛkasa (Unpublished).

Konadu, G. (2009). Akanfoɔ Ahemfie Nsɛmkyerɛnne Ho Nhwehwɛmu (Unpublished).

Agyekum, K. (2011). Akan Kasadwini. Madina-Accra: Dwumfour Publications.

Tags: NsakraeɛNsɛnkyerɛnne a ɛkasa
Deɛ atwam

Akanman mu nsɛnkyerɛnne a ɛkasa no binom-Ↄfa 2

Deɛ ɛdi hɔ

Nipadua akwaa binom ne nnuane a wɔhia

Missaah Belinda Tuffour

Missaah Belinda Tuffour

Nsɛm foforɔ a ɛfa yei ho

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ
Amammerɛ

Denkyira Akuropᴐn asi ᴐhene foforᴐ

Ɔtwerɛfoɔ Missaah Belinda Tuffour
09/27/2023
Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.
Adesua

Nsusuansoɔ a abaatwa asotweɛ a wɔyi firii sukuu mu no de aba.

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/19/2023
Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?
Adesua

Ɛfata sɛ wɔde adɔ yɛ asotweɛ wɔ sukuu ahodoɔ mu?

Ɔtwerɛfoɔ Joseph Aboagye
09/18/2023
Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.
Adesua

Awerεhoɔ mmorosoɔ, n’ahodoɔ ne deε εtumi kɔfa ba.

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?
Adesua

Deεn na εde mmarima mmerεyε wɔ mpam ba, na deεn na obi bεtumi ayε de asɔ ano?

Ɔtwerɛfoɔ Priscilla Akosua Konama Tawiah
08/31/2023
Bue bi ka ho
Deɛ ɛdi hɔ
Nipadua akwaa binom ne nnuane a wɔhia

Nipadua akwaa binom ne nnuane a wɔhia

Fa nkyekyɛmu ahodoɔ no hwehwɛ deɛ wopɛ

  • Adesua
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm
  • Awerɛhosɛm
  • Deɛ ɛnhyɛ nkyekyɛmu pɔtee bi ase
  • Nwoma

Fa nsɛm a wɔde abatabata ho no hwehwɛ deɛ wopɛ

Abakɔsɛm Abibiman ahobaa nsuo ahonidie Aisha Huang Akan Kaseɛbɔ Akan news Akoma Akuffo Addo Amammerɛ Apɔmuden apɔmuden pa apɔmutenetene Apᴐmuden Asantehene Asanteman asikyire yadeɛ Asɛnnibea atosodeɛ awadeɛ Awareɛ Ayaresabea Bolingo Bragorɔ Culture of Ashantis dɔkota Dɔmkuo ketewa Galamsey Ghana Joseph Aboagye Ken Ofori-Atta kuadwuma Kuayɔ Kumasi Manhyia Manhyia Palace Mogya mogyaborosoɔ Nigeria nkwammoa Nsanom nsuo nyinsɛn yadeɛ Ɔpemfoɔ
Akan kaseɛbɔ

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Agodie mu nsɛm
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Anigyesɛm

No Result
View All Result
  • Mfiase
  • Agodie mu nsɛm
  • Adwadie mu nsɛm
  • Adwenkyerɛ
  • Amammerɛ
  • Amanyɔsɛm
  • Pii
    • Anigyesɛm
    • Adesua

©Hokwan nyinaa yɛ yɛn dea, 2023 Bolingo Consult  |  Nhyehyɛeɛ a ɛfa kokoam nsɛm ho

Welcome Back!

OR

Login to your account below

Forgotten Password? Sign Up

Create New Account!

OR

Fill the forms bellow to register

All fields are required. Log In

Sane gye wo paswɛɛd

Yɛsrɛ wo, bɔ wo email anaa paswɛɛd hyɛ ha na sesa wo paswɛɛd no

Log In

Add New Playlist

Are you sure want to unlock this post?
Unlock left : 0
Are you sure want to cancel subscription?