VAT yɛ ↄkwan foforↄ a Adwumakuo a ɛhwɛ Ghana toↄ nsɛnsɛm so, GRA no de aba a wↄde hwɛ nnwumakuo ahodoↄ no nnwuma so de gye wↄn wↄn adwuma no so toↄ.
Wei na adwumakuo binom a ɛsɛ sɛ wↄde saa VAT yi yɛ adwuma wↄ wↄn nnwuma mu animu animu yi ara, sɛdeɛ ɛbɛboa GRA ama wↄatumi agye wↄn ɛtoↄ a ɛsɛ sɛ wↄgye wↄn no mpɛ sɛ wↄbɛyɛ sotie ama saa nhyehyɛeɛ foforↄ yi, ɛfiri berɛ a wↄde bɛtoo dwa sɛ ahyɛ aseɛ no.
GRA kyerɛ mu a, ɛsiane sɛ saa nnwumakuo yinom mu pii suro sɛ wↄn ho ntoma bɛpa ama wↄagye wↄn ɛtoↄ a ɛsɛ sɛ wↄgye wↄn nti na wↄmpɛ sɛ wↄbɛyɛ sotie wↄ asɛm yi ho no.
Ↄhwɛsofoↄ a ↄda wↄn a wↄhwɛ ma nnwumakuo ahodoↄ no tua wↄn toↄ wↄ Nkran a ne din de Joseph Annan ne Joy Business rekasa wↄ berɛ a wↄkↄtoo China Mall mu no akyiri no, ↄkaa sɛ, GRA renyi ↄtwe renyi adowa wↄ saa dwumadie yi mu, na wↄbɛyɛ deɛ ɛsɛ sɛ wↄyɛ biara sɛdeɛ VAT abɛɛfo mfidie no bɛtumi agyina.
“Ɛbɛyi wↄn so ahahan ɛfiri sɛ, ɛyɛ deɛn ara a, deɛ wotↄn no bɛba yɛn mfidie so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wote wo sotↄↄ reyɛ woadeɛ deɛ, nanso yɛn nso bɛtumi ama yɛn ani adi woakyi wↄ abɛɛfo kwan so. Na sɛdeɛ monim no, wↄn mu dodoↄ no ara mfa nneɛma a wↄtↄn no nto dwa, ɛno nti, abɛɛfo mfidie VAT yi bɛboa yɛn ama yɛagye ɛtoↄ a ɛsɛ sɛ yɛgyeɛ afiri wↄn hↄ.”
Ↄde kↄkↄbↄ too dwa sɛ; “Yɛnhome ara da, kↄsi sɛ yɛbɛyɛ deɛ ɛyɛ ɛfiri sɛ, sɛdeɛ daa meka no, ɛnyɛ yɛn ahomeka sɛ berɛ biara yɛnenam retoto sotↄↄ mu, na yɛreyɛ saa dwumadie yi nyinaa. Nanso ↄman mma no atua yɛn wei ho ka sɛ yɛnyɛ adwuma, enti yɛbɛhwɛ sɛ yɛbɛyɛ deɛ ɛyɛ.”
Saa VAT yi hyɛɛ aseɛ Ahinime da 1 wↄ afe 2022 mu sɛ ↄkwan foforↄ a ɛbɛboa wↄn a wↄhwɛ ɛtoↄ nsɛnsɛm so no ama wↄasisi abↄn ne ntokuro a ɛdeda adwumakuo no mu.
GRA de nnwumakuo mu mpanimfoↄ ne mmeaeɛ a wↄtontↄn nneɛma a wↄasa mu ayi wↄn mu nnipa bi a wↄn dodoↄ yɛ 50 ahyɛ dwumadie yi mu de wↄn rehyɛ aseɛ na wↄde wↄn ani adi wↄn akyi berɛ ano berɛ ano akↄsi sɛ wↄbɛma saa dwumadie yi ahyɛ aseɛ korakora wↄ afe yi awieeɛ.
Wei nyinaa mu no nso, wↄbɛkↄ so ara atoto China Mall ne mmeaeɛ binom a wↄdi dwa no apono mu akↄsi sɛ wↄbɛyɛ sotie, na wↄadi Adwumakuo a ɛhwɛ Ghana toↄ nsɛnsɛm so no akwankyerɛ so de wↄn mfidie a wↄde di wↄn dwuma no ama GRA VAT mfidie no.